Skip to main content

Scripture

Odiyifo Hosea Nhoma 12

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Hosea Nhoma 12 Bible text

AKCB: 1AKCB

Efraim de mframa ayɛ aduan;odi apuei mframa akyi daana odi atoro yɛ akakabensɛm bebree.Ɔne Asiria yɛ apamna ɔde ngo kɔ Misraim.

AKCB: 2AKCB

Awurade wɔ sobo de bɔ Yuda;ɔbɛtwe Yakob aso wɔ nʼakwan hona watua no ne nneyɛe so ka.

AKCB: 3AKCB

Ɔyafunu mu na osoo ne nua nantin;onyinii no, ɔne Onyankopɔn peperee so.

AKCB: 4AKCB

Ɔne ɔbɔfo tentam dii ne so nkonim;ɔde nusu srɛɛ ne nkyɛn adom.Ohuu no wɔ Bet-Elne no kasaa wɔ hɔ.

AKCB: 5AKCB

Asafo Awurade Nyankopɔn, Awurade ne ne din a ahyeta!

AKCB: 6AKCB

Ɛsɛ sɛ wosan kɔ wo Nyankopɔn nkyɛn.Tena ɔdɔ ne trenee mu,na twɛn wo Nyankopɔn daa.

AKCB: 7AKCB

Oguadini de asisi nsania yɛ nʼadwuma;nʼani gye asisi ho.

AKCB: 8AKCB

Efraim hoahoa ne ho sɛ,“Meyɛ ɔdefo; manya me ho.Mʼahonya nyinaa mu wɔrenhuamumɔyɛ biara wɔ me ho.”

AKCB: 9AKCB

“Mene Awurade wo Nyankopɔn,a miyii wo fii Misraim.Mɛma woakɔtena ntamadan mu biosɛnea na woyɛ wɔ wʼaponto afahyɛ nna mu no.

AKCB: 10AKCB

Mekasa kyerɛɛ adiyifo,memaa wɔn anisoadehu bebreena mefaa wɔn so kaa mmebusɛm.”

AKCB: 11AKCB

Gilead yɛ otirimɔdenfo ana?Emu nnipa no yɛ ahuhufo!Wɔde anantwi bɔ afɔre wɔ Gilgal ana?Wɔn afɔremuka bɛyɛ te sɛ aboa wɔahɔre no siw wɔ asase a wɔafuntum so.

AKCB: 12AKCB

Yakob guan kɔɔ Aramfo asase so;Israel som de nyaa ɔyere,ɔhwɛɛ nguan de tuaa ti nsa.

AKCB: 13AKCB

Awurade nam odiyifo soyii Israel fii Misraim,ɔnam odiyifo so hwɛɛ no.

AKCB: 14AKCB

Nanso Efraim ahyɛ no abufuw yayaayaw;nʼAwurade bɛma ne mogyahwiegu ho afɔdi ada no sona obetua nʼanimtiaabu no so ka.