Skip to main content

Scripture

Odiyifo Hosea Nhoma 11

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Hosea Nhoma 11 Bible text

AKCB: 1AKCB

“Bere a Israel yɛ abofra no, na medɔ no,na Misraim na mefrɛɛ me babarima fii.

AKCB: 2AKCB

Nanso mpɛn dodow a mefrɛɛ Israel no,saa ara na woguan fii me nkyɛn.Wɔbɔɔ afɔre maa Baal ahoni,na wɔhyew nnuhuam maa nsɛsode.

AKCB: 3AKCB

Me na migyigyee Efraim taataa,turuu wɔn wɔ me basa so;nanso wɔnkae sɛme na mesaa wɔn yare.

AKCB: 4AKCB

Me de ayamye hamane ɔdɔ dii wɔn anim;miyii konnua no fii wɔn kɔn muna mekotow maa wɔn aduan dii.

AKCB: 5AKCB

“Wɔbɛsan akɔ Misraim,na Asiria adi wɔn so,esiane sɛ wɔannu wɔn ho nti.

AKCB: 6AKCB

Afoa bedi ahim wɔ wɔn kuropɔn muna ɛbɛsɛe wɔn apon akyi adabanna wɔn nhyehyɛe to betwa.

AKCB: 7AKCB

Me nkurɔfo asi no pi sɛ wɔbɛtwe wɔn ho afi me nkyɛn.Sɛ mpo wosu frɛ me Onyankopɔn Ɔsorosoroni no mpo ameremma wɔn so ɔkwan biara so.

AKCB: 8AKCB

“Ɛbɛyɛ dɛn na meyi wo ama, Efraim?Ɛbɛyɛ dɛn ma meyi wo ama, Israel?Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyɛ wo sɛ Adma?Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyɛ wo sɛ Seboim?Me koma asakra wɔ me mu;na mʼahummɔbɔ ahwanyan.

AKCB: 9AKCB

Merenyɛ mʼabufuwhyew so ade,na merennan me ho nsɛe Efraim bio.Meyɛ Onyankopɔn na menyɛ onipa.Meyɛ Ɔkronkronni a ɔwɔ mo mu.Meremma wɔ abufuw mu.

AKCB: 10AKCB

Wobedi Awurade akyi.Ɔbɛbobɔ mu te sɛ gyata.Na sɛ ɔbobɔ mu a,ne mma de ahopopo befi atɔe aba.

AKCB: 11AKCB

Wɔde ahopopo bɛbate sɛ nnomaa a wofi Misraim,te sɛ mmorɔnoma a wofi Asiria.Mɛbɔ wɔn atenase wɔ wɔn afi mu,”sɛnea Awurade se ni.

AKCB: 12AKCB

Efraim de atoro atwa me ho ahyia,Israelfi nso wɔde nnaadaa.Yuda abɔ Onyankopɔn so kompo ɔde tia Ɔkronkronni nokwafo no.