Scripture
Odiyifo Habakuk Nhoma 2
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifo Habakuk Nhoma 2 Bible text
Megyina mʼahwɛe na mawɛn.Mɛbɔ nsrana mahwɛ nea ɔbɛka akyerɛ me,ne mʼanoyi a mede bɛma nkurobɔ yi.
Afei, Awurade buae se,“Kyerɛw adiyi yi wɔ ɔbopon soma mu nna hɔ pefeena ama ɔkenkanfo ate ase.
Adiyisɛm no retwɛn nkrabea bi;ɛka awiei ho asɛmna ɛbɛba mu.Ɛwɔ mu sɛ ɛrekyɛ de, nanso twɛn,ɛrenkyɛ, ɛbɛba mu.
Nokware, nsa yi no mawayɛ ahantan na onni ahotɔ.Esiane sɛ ɔyɛ adifudepɛ sɛ ɔdana ɔte sɛ owu a hwee mmee no ntiɔfom aman no nyinaana ɔfa nnipa no nyinaa nnommum.
“Nnommumfo yi nyinaa bedi ne ho fɛw aserew no aka se,“ ‘Nnome nka nea ɔboaboa akorɔnne ano,na ɔnam apoobɔ so nya ne ho!Eyi nkɔ so nkosi da bɛn?’
So wɔn a wode wɔn ka no rensɔre mpofirim ana?Wɔbɛsɔre ama wo ho apopo,na wobetwiw afa wo so.
Esiane sɛ woafow aman bebree nti,wɔn a wɔaka no bɛfow wo bi.Efisɛ woahwie nnipa mogya agu;woasɛe nsase, nkuropɔn ne wɔn a wɔtete mu.
“Nnome nka nea ɔde akorɔnne kyekyere ne man,a ɔyɛ ne berebuw wɔ sorɔnsorɔmmea,sɛnea obeyi ne ho afi ɔsɛe mu.
“Due! Wo a woma wo mfɛfo nsa,Wuhwie ma wɔnom kosi sɛ wɔbɛbow,na afei woahwɛ wɔn adagyaw.
Worennya anuonyam biara, wʼani bewu.Afei adu wo so! Nom na wʼadagyaw mu nna hɔ.Kuruwa a efi Awurade nsa nifa reba wo so,na aniwu bɛkata wʼanuonyam so.
Awurukasɛm a wode adi Lebanon no bɛmene wo,ɔsɛe a wosɛe mmoa nso bɛbɔ wo hu.Woaka nnipa mogya agu;woasɛe nsase, nkuropɔn ne nnipa a wɔwɔ mu.
“Mfaso bɛn na munya fi ahoni a nipa ayɛ mu?Anaa nsɛsode a ɛkyerɛkyerɛ atoro?Nea ɔyɛ ohoni no de ne ho to ɔno ankasa nsa ano adwuma so;na ɔyɛ anyame a wontumi nkasa.
Nnome nka nea ɔka kyerɛ dua se, ‘Nya nkwa!’Anaa ɔka kyerɛ ɔbo a enni nkwa se, ‘Nyan!’Ebetumi ama akwankyerɛ?Wɔde sika kɔkɔɔ ne dwetɛ adura ho;nanso ɔhome nni mu.”