Skip to main content

Scripture

Odiyifo Hesekiel Nhoma 28

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Hesekiel Nhoma 28 Bible text

AKCB: 1AKCB

Awurade asɛm baa me nkyɛn se:

AKCB: 2AKCB

“Onipa ba, ka kyerɛ Tiro sodifo no se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se:“ ‘Wufi wʼahantan koma mu ka se,“Meyɛ onyame;mete onyame bi ahengua sowɔ po mfimfini.”Nanso woyɛ onipa, wonyɛ onyame,ɛwɔ mu, wudwen sɛ wunim nyansa sɛ onyame bi.

AKCB: 3AKCB

Wunim nyansa sen Daniel ana?Wunim kokoamsɛm biara ana?

AKCB: 4AKCB

Wonam wo nyansa ne nhumu soanya ahode ama wo ho,woapɛ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ bebreeagu wʼadekoradan mu.

AKCB: 5AKCB

Wonam wʼaguadi mu nyansa soama wʼahonya adɔɔso,na wʼahonya ntiwoahoran wɔ wo koma mu.

AKCB: 6AKCB

“ ‘Ɛno nti sɛɛ na Otumfo Awurade se:“ ‘Esiane sɛ wudwen sɛ wunim nyansate sɛ Onyame nti,

AKCB: 7AKCB

mede ananafo reba abetia wo,amanaman no mu ɔdesɛefo pa ara;wɔbɛtwetwe wɔn afoawɔ wʼahoɔfɛ ne wo nyansa sona wɔahwirew wʼanuonyam no.

AKCB: 8AKCB

Wɔde wo bɛto amoa no mu,na wubewu owu yaayawwɔ ɛpo mfimfini.

AKCB: 9AKCB

Afei wobɛka se, “Meyɛ onyame,”wɔ wɔn a wokum wo no anim ana?Wobɛyɛ onipa na ɛnyɛ onyame,wɔ wɔn a wokum wo no nsam.

AKCB: 10AKCB

Wubewu momonotofo wuwɔ ananafo nsam.Me na maka, Otumfo Awurade asɛm ni.’ ”

AKCB: 11AKCB

Awurade asɛm baa me nkyɛn se:

AKCB: 12AKCB

“Onipa ba, ma kwadwom a ɛfa Tirohene ho so na ka kyerɛ no se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se:“ ‘Na anka woyɛ pɛyɛ nhwɛso,na wowɔ nyansa na woyɛ ahoɔfɛdua.

AKCB: 13AKCB

Na anka wowɔ EdenOnyankopɔn turo no mu.Wɔde abohemaa nyinaa siesie wo:bogyanambo, akraatebo ne bɔwerɛbosikabereɛbo, apopobibiribo ne ahwehwɛbo,hoabo, nsrammabo ne ahabammono bo;wɔde sika kɔkɔɔ na ayɛ wʼahyehyɛde,wosiesiee ne nyinaa da a wɔbɔɔ wo.

AKCB: 14AKCB

Wɔsraa wo ngo sɛ ɔhwɛfo kerub,efisɛ saa na mehyɛɛ wo.Na wowɔ Onyankopɔn bepɔw kronkron no so;wonantew ogya abo mu.

AKCB: 15AKCB

Na anka wʼakwan ho nni asɛmefi da a wɔbɔɔ wo nokosii sɛ wohuu amumɔyɛ wɔ wo mu.

AKCB: 16AKCB

Wʼaguadi a mu trɛw no ntiwɔde akakabensɛm hyɛɛ wo mana woyɛɛ bɔne.Ɛno nti mepam wo fiiOnyankopɔn bepɔw no so wɔ animguase mu,na miyii wo adi, ɔhwɛfo kerub,fii ogya abo no mu.

AKCB: 17AKCB

Wohyerɛn wɔ wo koma muwʼahoɔfɛ ntina womaa wo nyansa porɔwee,wʼanuonyam no nti.Enti metow wo kyenee fam;na mede wo yɛɛ ahwɛde wɔ ahemfo anim.

AKCB: 18AKCB

Wode wo nnebɔne ne aguadi mu asisiagu wo kronkrommea ho fiɛno nti memaa ogya fii wo muna ɛhyew wo,na memaa wo dan nsõ wɔ famwɔ wɔn a na wɔrehwɛ no nyinaa anim.

AKCB: 19AKCB

Aman a na wonim wo nyinaaho adwiriw wɔn wɔ wo ho:wʼawiei ayɛ ahometewna wɔrenhu wo bio.’ ”

AKCB: 20AKCB

Awurade asɛm baa me nkyɛn se:

AKCB: 21AKCB

“Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Sidon na hyɛ nkɔm tia no

AKCB: 22AKCB

na ka se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se:“ ‘Me ne wo anya, Sidonna mɛda mʼanuonyam adi wɔ mo mu.Wubehu sɛ mene Awurade no,bere a mede asotwe aba ne sona mada me ho adi sɛ ɔkronkronni wɔ ne mu no.

AKCB: 23AKCB

Mɛma ɔyaredɔm aba ne sona mama mogya ateɛ wɔ ne mmɔnten so.Apirafo bɛtotɔ wɔ ne mu,bere a afoa redi ahim wɔ ne ho nyinaa.Afei na wobehu sɛ mene Awurade no.

AKCB: 24AKCB

“ ‘Na Israelfo rennya yɔnkonom a wɔwɔ adwemmɔne, wɔn a wɔwowɔ yayaayaw sɛ ohwirem ne nsɔe bio. Afei na wobehu sɛ mene Otumfo Awurade no.

AKCB: 25AKCB

“ ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Sɛ meboa Israelfo ano fi aman a wabɔ wɔn apete no so a, mɛda me kronkronyɛ adi wɔ wɔn mu, ama amanaman no ahu. Afei wɔbɛtena wɔn ankasa asase a mede maa me somfo Yakob no so.

AKCB: 26AKCB

Wɔbɛtena hɔ asomdwoe mu na wobesisi adan, ayeyɛ bobe nturo; Wɔbɛtena ase asomdwoe mu wɔ bere a matwe ne yɔnkonom a wɔkasa tiaa no no nyinaa aso. Afei wobehu sɛ mene Awurade, wɔn Nyankopɔn no.’ ”