Skip to main content

Scripture

Odiyifo Hesekiel Nhoma 29

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Hesekiel Nhoma 29 Bible text

AKCB: 1AKCB

Mfe du so ɔsram a ɛto so du no da a ɛto so dumien no, Awurade asɛm baa me nkyɛn se:

AKCB: 2AKCB

“Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Misraimhene Farao so na hyɛ nkɔm tia no ne Misraim nyinaa.

AKCB: 3AKCB

Kasa kyerɛ no na ka se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se.“ ‘Me ne wo anya, Misraimhene Faraoasuboa kɛse a woda wo nsuwansuwa mu.’ ”Woka se, “Nil yɛ mede;meyɛ maa me ho.”

AKCB: 4AKCB

Na mede nnarewa besuso wʼabogye muna mama mpataa a wɔwɔ wo nsuwansuwa mu noatetare wʼabon ho.Mɛtwe wo afi wo nsuwansuwa no mu,a mpataa no nyinaa tetare wo ho.

AKCB: 5AKCB

Megyaw wo hɔ wɔ sare no so,wo ne mpataa a wɔwɔ wo nsuwansuwa mu no nyinaa.Mobɛhwe ase wɔ asase petee mua wɔremma mo so bio.Mede wo bɛma asase so mmoane wim nnomaa sɛ wɔn aduan.

AKCB: 6AKCB

Afei wɔn a wɔte Misraim nyinaa behu sɛ mene Awurade no.“ ‘Woayɛ sɛ demmire pema ama Israelfi.

AKCB: 7AKCB

Wɔde wɔn nsa soo wo mu no, wo mu bukaw ma wuhuruwii, wotwerii wo no, wo mu bu ma wobɔɔ pemmɔ.

AKCB: 8AKCB

“ ‘Ɛno nti sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mede afoa bɛba abɛko atia wo na makunkum wo mmarima ne wɔn mmoa.

AKCB: 9AKCB

Misraim bɛda mpan na asɛe. Ɛno na wobehu sɛ mene Awurade.“ ‘Efisɛ wokae se, “Nil yɛ me de; me na meyɛe,” enti

AKCB: 10AKCB

me ne wo ne wo nsuwansuwa na anya, na mɛma Misraim asase asɛe na ada mpan, efi Migdol kosi Aswan twa mu de kɔka Kus hye so.

AKCB: 11AKCB

Onipa anaa aboa biara nan rensi so, obiara rentena so mfe aduanan.

AKCB: 12AKCB

Mɛma Misraim asase no ada mpan wɔ nsase a asɛe mu na ne nkuropɔn bɛda mpan mfe aduanan wɔ wɔn nkuropɔn a asɛe no mu. Na mɛbɔ Misraimfo apete wɔ amanaman mu, na mahwete wɔn wɔ nsase so.

AKCB: 13AKCB

“ ‘Nanso sɛɛ ne nea Otumfo Awurade se: Mfe aduanan akyi no, mɛboaboa Misraimfo ano afi aman a mebɔɔ wɔn petee so no so.

AKCB: 14AKCB

Mede wɔn befi nnommumfa mu aba na mede wɔn akɔ Misraim Atifi, wɔn nenanom asase. Ɛhɔ na wɔbɛyɛ ahenni mu kumaa bi.

AKCB: 15AKCB

Ɛbɛyɛ ahenni a ɛnyɛ den na ɛrentumi mma ne ho so wɔ aman a aka no mu. Mɛyɛ no ahenni a ɛrentumi nni aman afoforo so.

AKCB: 16AKCB

Misraim renyɛ ɔman a Israelfo de wɔn ho bɛto no so bio, mmom ɛbɛkae wɔn bɔne a wɔyɛɛ sɛ wɔde wɔn ho kɔdan no de pɛɛ mmoa. Afei, wobehu sɛ mene Otumfo Awurade no.’ ”

AKCB: 17AKCB

Mfe aduonu ason so, ɔsram a edi kan no da a edi kan no, Awurade asɛm baa me nkyɛn se:

AKCB: 18AKCB

“Onipa ba, Babiloniahene Nebukadnessar ne nʼasraafo tuu Tiro so sa abran so, eti biara so pepae, na ɔbati nso so popɔree. Nanso ɔne nʼasraafo no annya hwee amfi adwumaden a wɔyɛ de tiaa Tiro no mu.

AKCB: 19AKCB

Ɛno nti, sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mede Misraim rebɛhyɛ Babiloniahene Nebukadnessar nsa na ɔbɛsoa nʼahode akɔ. Ɔbɛfom asase no de ayɛ akatua ama nʼasraafo.

AKCB: 20AKCB

Mede Misraim ama no sɛ nʼadwumayɛ so akatua, efisɛ ɔne nʼakofo yɛ maa me, Otumfo Awurade asɛm ni.

AKCB: 21AKCB

“Saa da no mɛma abɛn bi afifi ama Israelfi, na mebue wʼano wɔ wɔn mu. Afei wobehu sɛ mene Awurade no.”