Skip to main content

Scripture

Odiyifo Hesekiel Nhoma 27

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Hesekiel Nhoma 27 Bible text

AKCB: 1AKCB

Awurade asɛm baa me nkyɛn se:

AKCB: 2AKCB

“Onipa ba, ma kwadwom a ɛfa Tiro ho so.

AKCB: 3AKCB

Ka kyerɛ Tiro a ɔda po abobow ano, na ɔne aguadifo bebree a wɔwɔ mpoano nkurow so di gua se, eyi ne asɛm a Otumfo Awurade ka:“ ‘Woka se, Tiro,“Me ho yɛ fɛ yiye.”

AKCB: 4AKCB

Wo tumidi wɔ po so akyirikyiri;wʼadansifo maa wʼahoɔfɛ wiee pɛyɛ.

AKCB: 5AKCB

Wo nnua a wɔpaee nyinaayɛ ɔpepaw a efi Senir.Wɔde Lebanon sidana ɛyɛɛ ahyɛn so nnua maa wo.

AKCB: 6AKCB

Odum nnua a efi Basanna wɔde yɛɛ wʼatabon;Kwabɔhɔre nnua a efi Kipro mpoanona wɔde yɛɛ wʼahyɛn abrannaa, a wɔde asonse asɛw so.

AKCB: 7AKCB

Misraim nwera papa bi a wɔadi mu adwinina wɔde yɛɛ wʼahyɛn so mframatama ɛyɛɛ wo frankaa nso;wʼapon ne mfɛnsere ano ntama yɛ abibitam ne beredum ntamaa efi Elisa mpoano.

AKCB: 8AKCB

Sidonfo ne Arwadfo na wɔhare wʼahyɛn;wo mmarima anyansafo. Tiro,na wɔyɛ adwumayɛfo wɔ wʼahyɛn mu.

AKCB: 9AKCB

Gebal adwumfo adedaw tenaa wʼahyɛn musɛ dua dwumfo a wotuatua ahyɛn no mu ntokuru.Po so ahyɛn ne wɔn hyɛnmufo nyinaabaa wo nkyɛn ne wo bedii nsesagua.

AKCB: 10AKCB

“ ‘Persia, Lidia ne Put mmarimasomee sɛ asraafo wɔ wo nsraadɔm mu.Wɔde wɔn nkatabo ne dade kyɛwsensɛn wʼafasu ho,de hyɛɛ wo anuonyam.

AKCB: 11AKCB

Arwad ne Helek mmarimawɛn wʼafasu ho nyinaaGammad mmarimatenaa wʼabantenten mu.Wɔde wɔn nkatabo sensɛn wʼafasu homaa wʼahoɔfɛ dii mu.

AKCB: 12AKCB

“ ‘Wʼaguade a ɛma wonyaa wo ho bebree nti, Tarsis ne wo dii gua, wɔde dwetɛ, dade, sanyaa ne sumpii sesaa wʼaguade.

AKCB: 13AKCB

“ ‘Helafo, Tubalfo ne Mesekfo ne wo dii gua, wɔde nkoa ne kɔbere nneɛma sesaa wʼaguade.

AKCB: 14AKCB

“ ‘Bet Togarma mmarima de adwumayɛ apɔnkɔ, ɔsa apɔnkɔ ne mfurum mma bɛsesaa wʼaguade.

AKCB: 15AKCB

“ ‘Roda mmarima ne wo dii gua, na mpoano nkurow bebree yɛɛ wʼadetɔfo a wɔde asonse ne duabo nnua tuaa wo ka.

AKCB: 16AKCB

“ ‘Aram ne wo dii gua esiane wo nneɛma bebrebe a woyɛ nti; wɔde nsrammabo, ntama a ɛberedum, nea wɔadi mu adwinni, nwera pa, nnɛnkyerema ne bota bɛsesaa wʼaguade.

AKCB: 17AKCB

“ ‘Yuda ne Israel ne wo dii gua; wɔde awi a efi Minit ne brodo, ɛwo, ngo ne ahyehyesrade sesaa wʼaguade.

AKCB: 18AKCB

“ ‘Damasko ne wo dii gua wɔ nsa a efi Helbon ne nguan ho nwi a efi Sahar mu, esiane nneɛma a woyɛ ne wʼaguade a ama woanya wo ho bebree no nti.

AKCB: 19AKCB

Danfo ne Helafo a wofi Usal tɔɔ wʼaguade na wɔde dade a wɔaboro, sesadua ne ahunuanyankwa sesaa wʼaguade.

AKCB: 20AKCB

“ ‘Dedan de apɔnkɔnguasotam ne wo dii gua.

AKCB: 21AKCB

“ ‘Arabfo ne Kedar mmapɔmma nyinaa yɛɛ wʼaguadifo a wɔde nguantenmma, adwennini ne mpapo ne wo dii gua.

AKCB: 22AKCB

“ ‘Seba ne Raama aguadifo ne wo dii gua; wɔde nnuhuam ahorow a ɛte apɔw, aboɔden abo ne sikakɔkɔɔ ne wo bedii nsesagua.

AKCB: 23AKCB

“ ‘Haran, Kan ne Eden, aguadifo a wofi Seba, Asur ne Kilmad ne wo dii gua.

AKCB: 24AKCB

Wo gua so hɔ, wɔde ntama a ɛyɛ fɛ, nnɛmmatam a ɛyɛ tuntum, adwinne ahorow ne ntama fɛfɛ a ɛwɔ ahosu ahorow a wɔde nhoma a wɔakyinkyim abobɔ no apɔwapɔw na ayɛ ne wo bedii gua.

AKCB: 25AKCB

“ ‘Tarsis ahyɛn yɛ adwumasɛ asoafo ma wʼaguade.Adesoa duruduru ayɛ wo mawɔ po no mfimfini.

AKCB: 26AKCB

Wʼaharefo no fa wode wo kɔ po so akyirikyirinanso apuei ahum bebubu wo mu nketenketewɔ po no mfimfini.

AKCB: 27AKCB

Wʼahonya, aguade ne adetɔnnnewʼahyɛn akwankyerɛfo, wʼahyɛn mufo newɔn a wotuatua wʼahyɛn mu ntokuru,wʼaguadifo ne wʼasraafo nyinaa,ne obiara a ɔwɔ hyɛn no mubɛmem akɔ po ase tɔnn,da a wo hyɛn no bɛbɔ.

AKCB: 28AKCB

Mpoano asase bɛwosowbere a wo hyɛn mufo no reteɛteɛ mu.

AKCB: 29AKCB

Wɔn a wokurakura atabon no nyinaabegyaw wɔn ahyɛn hɔ;hyɛn akwankyerɛfo ne hyɛn mufo nyinaabegyinagyina mpoano.

AKCB: 30AKCB

Wɔbɛma wɔn nne soasu osu yaayaw ama wo;wɔbɛpete mfutuma agu wɔn ti sona wɔayantayantam nsõ mu.

AKCB: 31AKCB

Wo nti wɔbɛbobɔ tikwawna wɔafurafura atweaatam.Wɔde ɔkra mu ahoyerawne awerɛhow a mu yɛ denbegyam wo.

AKCB: 32AKCB

Bere a wɔretwa adwo redi awerɛhow nowɔbɛma kwadwom bi a ɛfa wo ho so se:“Hena na wama no atɔ mumte sɛ Tiro a po atwa ne ho ahyia yi?”

AKCB: 33AKCB

Bere a wʼaguade kɔɔ po ahorow so nowoboaa aman bebree;Wʼahonyade ne wʼaguademaa asase so ahemfo nyaa wɔn ho.

AKCB: 34AKCB

Afei po abubu wo mu nketenketewɔ asu no bun muwʼaguade ne wʼadwumayɛfo nyinaane wo amem kɔ asu ase.

AKCB: 35AKCB

Wɔn a wɔtete mpoano nyinaaho adwiriw wɔn wɔ wo ho;ehu ma wɔn ahemfo ho popona wɔn anim sinsiam.

AKCB: 36AKCB

Aman no mu aguadifo bɔ ntwɔm gu wo sowoaba awiei a ɛyɛ huna wɔrenhu wo bio.’ ”