Skip to main content

Scripture

Ɔsɛnkafo 9

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Ɔsɛnkafo 9 Bible text

AKCB: 1AKCB

Enti medwenee eyinom nyinaa ho na mihuu sɛ atreneefo, anyansafo ne nea wɔyɛ wɔ Onyankopɔn nsam; nanso obiara nnim sɛ ɔdɔ anaasɛ ɔtan retwɛn no.

AKCB: 2AKCB

Wɔn nyinaa nkrabea yɛ baako; atreneefo ne amumɔyɛfo, nnipa pa ne nnipa bɔne, wɔn a wɔn ho tew ne wɔn a wɔn ho ntew, wɔn a wɔbɔ afɔre ne wɔn a wɔmmɔ.Sɛnea ɛte ma onipa pa no,saa ara na ɛte ma ɔbɔnefo;sɛnea ɛte ma wɔn a wɔka ntam no,saa ara na ɛte ma wɔn a wosuro sɛ wɔbɛka ntam.

AKCB: 3AKCB

Eyi ne bɔne a ɛwɔ biribiara a esi wɔ owia yi ase mu. Nkrabeakoro ba yɛn nyinaa so. Nea ɛka ho ne sɛ, bɔne ahyɛ nnipa koma mu ma na adammɔ nsɛm wɔ wɔn koma mu, bere a wɔwɔ nkwa mu, na akyiri no wɔkɔka awufo ho.

AKCB: 4AKCB

Obiara a ɔka ateasefo ho no wɔ anidaso, mpo ɔkraman a ɔte ase ye sen gyata a wawu.

AKCB: 5AKCB

Na ateasefo nim sɛ wobewu,nanso awufo nnim hwee;wonni akatua biara bio,na wɔn ho nkae mpo ayera.

AKCB: 6AKCB

Wɔn dɔ, ɔtanne ninkunu atu ayera dedaw;wonni hwee yɛ wɔbiribiara a esi wɔ owia yi ase mu.

AKCB: 7AKCB

Enti kɔ, fa anigye di wʼaduan, na fa ahosɛpɛw koma nom wo nsa, efisɛ saa bere yi na Onyankopɔn pene nea woyɛ so.

AKCB: 8AKCB

Bere biara ma wʼadurade nyɛ fitaa na fa ngohuam sra wo tirim.

AKCB: 9AKCB

Wo ne wo yere, munnye mo ani, ɔbea a wodɔ no no, wɔ nna a ɛnka hwee a Onyankopɔn de ama mo wɔ owia yi ase, mo ahuhude nna no. Efisɛ ɛyɛ mo kyɛfa wɔ mo nkwanna mu, ne mo adwumaden wɔ owia yi ase.

AKCB: 10AKCB

Nea wo nsa bɛso so biara, fa wʼahoɔden nyinaa yɛ, efisɛ ɔda a wɔrekɔ mu no, adwumayɛ, adwennwene, nhumu ne nimdeɛ nni hɔ.

AKCB: 11AKCB

Mihuu biribi foforo wɔ owia yi ase:Mmirikakansi nni hɔ mma nea ne ho yɛ hareanaasɛ ɔko nni hɔ mma ɔhoɔdenfo,aduan mma onyansafo nkyɛnanaasɛ ahonya nnkɔ nhumufo hɔ,na adom nnkɔ nimdefo nkyɛn;nanso bere ne akwannya wɔ hɔ ma wɔn nyinaa.

AKCB: 12AKCB

Bio, onipa biara nnim dɔn ko a ne bere bɛso:Sɛnea asau buma mpataa,ne sɛnea afiri yi nnomaa nosaa ara na mmere bɔne to nnipawɔ bere a wɔn ani nni wɔn ho so.

AKCB: 13AKCB

Bio, mihuu saa nimdeɛ ho nhwɛso yi wɔ owia yi ase ma mʼani gyee ho yiye:

AKCB: 14AKCB

Bere bi na kuropɔn ketewa bi wɔ hɔ a mu nnipa yɛ kakraa bi. Ɔhene bi a ɔwɔ tumi tow hyɛɛ kuropɔn yi so, otwaa ho hyiae na osisii mpie akɛse tiaa no.

AKCB: 15AKCB

Na ohiani bi a onim nyansa wɔ kuropɔn no mu, na ɔnam ne nimdeɛ so gyee kuropɔn no sii hɔ. Nanso obiara ankae saa ohiani no.

AKCB: 16AKCB

Enti mekae se, “Nimdeɛ ye sen ahoɔden.” Nanso wobuu ohiani no nimdeɛ no animtiaa, na obiara ntie nʼasɛm bio.

AKCB: 17AKCB

Ɛsɛ sɛ wotie onyansafo nsɛm a ɔka no brɛoo nona ɛnyɛ nkwaseafo sodifo nteɛteɛmu.

AKCB: 18AKCB

Nimdeɛ ye sen akode,nanso ɔdebɔneyɛni baako sɛe nnepa bebree.