Scripture
Ɔsɛnkafo 10
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Ɔsɛnkafo 10 Bible text
Sɛnea nwansena funu ma aduhuam yi nka bɔne no,saa ara na nkwaseasɛm kakraa bi boro nimdeɛ ne anuonyam so no.
Obiara a ɔpae abo no, abo no betumi apira no;na nea ɔpae nnua no betumi anya mu akwanhyia.
Sɛ abonnua ano kumna wɔansew ano aebehia ahoɔden bebree,nanso adwumayɛ ho nimdeɛ de nkonimdi bɛba.
na ɔkwasea woro nsɛm.Obiara nnim nea ɛreba,hena na obetumi aka nea ebesi wɔ obi akyi akyerɛ no?
Nhyira nka wo, asase a wo hene yɛ ɔdehyena wo mmapɔmma didi bere a ɛfatade pɛ ahoɔden na ɛnyɛ nsabow.
Wʼadwene mu mpo nkasa ntia ɔhene,na wo pia mu nso nnome ɔdefo,efisɛ anomaa a ɔnam wim de wʼasɛm bɛkɔ,na anomaa a otu bɛkɔ akɔka.