Skip to main content

Scripture

Ɔsɛnkafo 8

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Ɔsɛnkafo 8 Bible text

AKCB: 1AKCB

Hena na ɔte sɛ onyansafo?Hena na onim sɛnea nneɛma te?Nimdeɛ te nnipa anim,na ɛbrɛ ne denyɛ ase.

AKCB: 2AKCB

Mise: Di ɔhene mmaransɛm so, efisɛ wokaa ntam wɔ Onyankopɔn anim.

AKCB: 3AKCB

Mpɛ ntɛm mfi ɔhene anim. Nnyina mu mma obi asɛm a ɛnyɛ dɛ na onii no anyɛ nea ɔpɛ biara.

AKCB: 4AKCB

Esiane sɛ ɔhene asɛm boro obiara de so nti, hena na obetumi aka akyerɛ no se: “Dɛn na woreyɛ yi?”

AKCB: 5AKCB

Nea odi ne mmaransɛm so no renkɔ ɔhaw biara mu,na nyansa koma behu bere a ɛsɛ, ne ne kwan.

AKCB: 6AKCB

Nneyɛe biara wɔ ne bere a ɛfata ne kwan a wɔfa so yɛ,nanso onipa haw hyɛ no so bebree.

AKCB: 7AKCB

Esiane sɛ obiara nnim daakye asɛm nti,hena na obetumi akyerɛ ɔfoforo nea ɛreba?

AKCB: 8AKCB

Obiara nni mframa so tumi na waboa ano;saa ara na obiara nni ne wuda so tumi.Sɛ wonnyaa obiara wɔ ɔko bere mu no,saa ara na amumɔyɛ rennyaa wɔn a wodi amumɔyɛsɛm no.

AKCB: 9AKCB

Mihuu eyinom nyinaa bere a medwenee nneɛma a wɔyɛ wɔ owia yi ase no ho. Bere bi wɔ hɔ a onipa hyɛ afoforo so ma ɛdan ɔhaw ma no.

AKCB: 10AKCB

Bio, mihuu sɛ wɔasie amumɔyɛfo, wɔn a anka wodi akɔneaba wɔ kronkronbea hɔ de gye nkamfo wɔ kuropɔn a wɔyɛɛ saa no mu. Eyi nso yɛ ahuhude.

AKCB: 11AKCB

Sɛ bɔne bi ho asotwe amma ntɛm a, nnipa dwene nhyehyɛe a wɔde yɛ bɔne ho.

AKCB: 12AKCB

Ɛwɔ mu sɛ omumɔyɛfo bi yɛ bɔne mpɛn ɔha nanso ɔtena ase kyɛ, nanso minim sɛ ebesi wɔn a wosuro Onyankopɔn no yiye, wɔn a wodi Onyankopɔn ni no.

AKCB: 13AKCB

Nanso esiane sɛ amumɔyɛfo nsuro Onyankopɔn nti, ɛrensi wɔn yiye na wɔn nna renware sɛ sunsuma.

AKCB: 14AKCB

Ade bi nso a ɛyɛ ahuhude a esi wɔ asase so, ɛne sɛ, atreneefo bi nya akatua a ɛfata amumɔyɛfo, na amumɔyɛfo bi nya akatua a ɛfata atreneefo. Eyi nso, mise ɛyɛ ahuhude.

AKCB: 15AKCB

Enti mekamfo wiase mu anigye, efisɛ biribiara nni owia yi ase a eye ma onipa sen sɛ obedidi, anom ama nʼani agye. Na afei obenya anigye wɔ nʼadwumayɛ mu wɔ nna a Onyankopɔn ama no wɔ owia yi ase nyinaa.

AKCB: 16AKCB

Bere a mepɛ sɛ mɛte nimdeɛ ase ne ɔbrɛ adwuma a onipa yɛ wɔ asase so a ɔnna awia anaa anadwo no,

AKCB: 17AKCB

mihuu nea Onyankopɔn ayɛ nyinaa. Obiara rentumi nte nea ɛkɔ so wɔ owia yi ase no ase. Ne mmɔdemmɔ nyinaa akyi, onipa rentumi nhu nkyerɛase da. Sɛ mpo onyansafo bi ka se onim a, ɔrentumi nte ase yiye da.