Skip to main content

Scripture

Ɔsɛnkafo 7

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Ɔsɛnkafo 7 Bible text

AKCB: 1AKCB

Din pa yɛ sen aduhuam papa,na owuda yɛ sen awoda.

AKCB: 2AKCB

Eye sɛ obi bɛkɔ ayi asesen sɛ ɔbɛkɔ aponto ase,efisɛ owu yɛ onipa biara nkrabeana ɛsɛ sɛ ateasefo hyɛ eyi nsow.

AKCB: 3AKCB

Awerɛhow ye sen ɔserew,efisɛ anim a ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ de koma mu nsiesie pa ba.

AKCB: 4AKCB

Onyansafo koma wɔ ayi ase,nanso nkwaseafo koma wɔ ahosɛpɛwfo fi.

AKCB: 5AKCB

Eye sɛ wobetie onyansafo animkasen sɛ wobetie nkwaseafo dwom.

AKCB: 6AKCB

Sɛnea nsɔe turuturuw wɔ ɔsɛn ase nosaa ara na nkwaseafo serew te.Eyi nso yɛ ahuhude.

AKCB: 7AKCB

Asisi ma onyansafo dan ɔkwasea,na kɛtɛasehyɛ sɛe koma.

AKCB: 8AKCB

Asɛm awiei ye sen ne mfiase,na ntoboase ye sen ahantan.

AKCB: 9AKCB

Mma wo koma nsɔre ntɛmntɛm,na abufuw da nkwaseafo srɛ so.

AKCB: 10AKCB

Nka se, “Adɛn nti na tete nna no ye sen nnɛ mmere yi?”Onyansafo mmisa nsɛm sɛɛ.

AKCB: 11AKCB

Nimdeɛ, ɛyɛ ade pa sɛ agyapade ara pɛ,so wɔ mfaso ma wɔn a wohu owia.

AKCB: 12AKCB

Sɛnea nimdeɛ yɛ bammɔ no,saa ara na sika nso te;nanso nhumu ho ade a eye ne sɛ:nea ɔwɔ nimdeɛ no bɔ ne nkwa ho ban.

AKCB: 13AKCB

Dwene nea Onyankopɔn ayɛ ho:Hena na obetumi ateɛnea wɔama akyea?

AKCB: 14AKCB

Mmere pa mu, ma wʼani nnye;nanso mmere bɔne mu, hu sɛOnyankopɔn na wayɛ ne nyinaa.Ɛno nti onipa rentumi nhunea ɛbɛto no daakye.

AKCB: 15AKCB

Me nkwanna a ɛyɛ ahuhude yi mu, mahu nneɛma abien:Ɔtreneeni a owu wɔ ne trenee mu,ne omumɔyɛfo a ɔtena ase kyɛ wɔ nʼamumɔyɛ mu.

AKCB: 16AKCB

Nyɛ wo ho ɔtreneeni ntra so,na nyɛ wo ho onyansafo mmoro so;adɛn nti na wosɛe wo ho?

AKCB: 17AKCB

Nyɛ omumɔyɛfo ntra so,na nyɛ ɔkwasea nso,adɛn nti na ɛsɛ sɛ wuwu ansa na wo bere aso.

AKCB: 18AKCB

Eye sɛ wubeso baako no mu dennanso nnyaa nea aka no mu.Onipa a osuro Onyankopɔn no besiw nneyɛe mmoroso nyinaa ano.

AKCB: 19AKCB

Nimdeɛ ma onyansafo baako tumi bebreesen kuropɔn mu asodifo du.

AKCB: 20AKCB

Onipa treneeni biara nni asase so aɔyɛ papa na ɔnyɛ bɔne da.

AKCB: 21AKCB

Mfa nea nnipa ka nyinaa nyɛ asɛm,anyɛ saa a wobɛte sɛ wo somfo redome wo,

AKCB: 22AKCB

na wunim wɔ wo koma sɛwo nso woadome nkurɔfo mpɛn bebree.

AKCB: 23AKCB

Mede nimdeɛ asɔ eyinom nyinaa ahwɛ, na mekae se,“Masi mʼadwene pi sɛ mɛyɛ onyansafo”nanso na eyi boro me so.

AKCB: 24AKCB

Sɛnea nimdeɛ te biara,ɛwɔ akyiri na emu dɔ,hena na obetumi ahwehwɛ ahu?

AKCB: 25AKCB

Afei meyɛɛ mʼadwene sɛ mɛte ase,ayɛ nhwehwɛmu na mapɛɛpɛɛ nimdeɛ ne sɛnea nneɛma nhyehyɛe tena mate amumɔyɛ mu agyimisɛm ase,ne nkwaseasɛm mu adammɔsɛm nso.

AKCB: 26AKCB

Mahu nea ɛyɛ nwene sen owu;ɔbea a ɔyɛ afiri;ne koma yɛ nnaadaana ne nsa yɛ mpokyerɛ.Onipa a ɔsɔ Onyankopɔn ani no renkɔ ne honanso ɔbɔnefo de ɔbɛtɔ nʼafiri mu.

AKCB: 27AKCB

Ɔsɛnkafo no se, “Hwɛ eyi ne nea mahwehwɛ ahu:“Mekekaa nneɛma bobɔɔ so pɛɛ sɛ mihu sɛnea nneɛma nhyehyɛe te,

AKCB: 28AKCB

mereyɛ nhwehwɛmu,na minhu hwee no,mihuu ɔbarima treneeni baako wɔ mmarima apem mu,nanso manhu ɔbea treneeni biara wɔ wɔn mu.

AKCB: 29AKCB

Eyi nko ara na mahu:Onyankopɔn yɛɛ adesamma atreneefo,nanso nnipa adan wɔn ho hwehwɛ nhyehyɛe foforo.”