Scripture
Ɔsɛnkafo 6
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Ɔsɛnkafo 6 Bible text
Onyankopɔn ma onipa ahonyade, adenya ne anuonyam sɛnea biribiara a ne koma pɛ no ɛremmɔ no, nanso Onyankopɔn amma no kwan sɛ ɔmfa nnye nʼani, na ɔhɔho mmom na ɔde gye nʼani. Eyi yɛ ahuhude, ɔhaw a ɛyɛ yaw.
Onipa betumi anya mma ɔha na wanyin akyɛ; nanso ne mfe dodow yi akyi no, nʼahonya no amma nʼani annye na ne sie nso anyɛ fɛ a, ɔpɔn ba so wɔ mfaso sen no.
Ɛwɔ mu sɛ wanhu owia na onnim hwee de, nanso obenya ahomegye bebree sen nea saa ɔbarima no benya,
mpo sɛ ɔtena ase mfe apem mmɔho na wamfa nʼahonyade annye nʼani a, wɔn nyinaa nkɔ faako ana?
Na dɛn na onyansafo wɔ de sen ɔkwasea?Sɛ ohiani yɛ nʼakwan yiye wɔ afoforo anim amfaso bɛn na obenya?
Nea ɛwɔ hɔ biara, wɔato din dedaw,na sɛnea onipa te nso, wonim dedaw;onipa biara rentumi ne nea ɔwɔ ahoɔdensen no nnye eyi ho akyinnye.
Na hena na onim nea eye ma onipa wɔ ne nkwanna kakraa bi a ɛyɛ ahuhude na ɔfa mu kɔ sɛ sunsuma no mu? Hena na obetumi aka nea ebesi wɔ owia yi ase akyerɛ no bere a ɔkɔ no?