Skip to main content

Scripture

Ɔsɛnkafo 5

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Ɔsɛnkafo 5 Bible text

AKCB: 1AKCB

Sɛ wokɔ Onyankopɔn fi a, hwɛ wʼanammɔntu yiye. Bɛn no na tie no sen sɛ wobɛbɔ nkwaseafo afɔre, wɔn a wonnim mfomso a wɔyɛ no.

AKCB: 2AKCB

Mpɛ ntɛm nkasa.Mpere wo ho wɔ wo koma musɛ wobɛka asɛm bi wɔ Onyankopɔn anim.Onyankopɔn te ɔsorona wo de, wowɔ asase so,enti ma wo nsɛm nyɛ kakraa bi.

AKCB: 3AKCB

Adaeso fi adwennwen bebree mu ba,na nsɛm dodow da adi wɔ ɔkwasea kasa mu.

AKCB: 4AKCB

Sɛ wohyɛ Onyankopɔn bɔ a, ntwentwɛn wo nan ase wɔ ho. Onni anigye wɔ nkwaseafo mu; enti di wo bɔhyɛ so.

AKCB: 5AKCB

Sɛ woanhyɛ bɔ koraa a eye sen sɛ wobɛhyɛ bɔ na wunni so.

AKCB: 6AKCB

Mma wʼano mfa wo nkɔ bɔne mu. Nyi wʼano nkyerɛ asɔredan mu somfo se, “Me bɔhyɛ no yɛ mfomso.” Adɛn nti na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn bo fuw nea woka na ɔsɛe wo nsa ano adwuma?

AKCB: 7AKCB

Adaeso ne nsɛnkeka bebree nka hwee. Enti suro Onyankopɔn.

AKCB: 8AKCB

Sɛ wuhu ohiani a wɔhyɛ ne so wɔ ɔmansin bi mu, na atɛntrenee ne ahofadi abɔ no a, mma eyinom nyɛ wo nwonwa, efisɛ nea ɔso sen no hwɛ no so, na nea ɔso sen wɔn baanu no nso hwɛ wɔn so.

AKCB: 9AKCB

Wɔn nyinaa fa asase no so siade; na ɔhene no ankasa nya mfuw no so mfaso.

AKCB: 10AKCB

Nea nʼani bere sika no nnya nea ɛdɔɔso da;na nea ɔpɛ ahonyade dodow no ani nsɔ nea onya.Eyi nso yɛ ahuhude.

AKCB: 11AKCB

Adetɔnnne bu so a,saa ara na atɔfo no nso dɔɔso.Na mfaso bɛn na nea ɛwɔ no no nyasen sɛ ɔde nʼani bɛhwɛ?

AKCB: 12AKCB

Ɔpaani da ma nʼani kum,sɛ wadidi amee, anaasɛ wammee,nanso ɔdefo ahonya dodow ntiontumi nna.

AKCB: 13AKCB

Mahu bɔne kɛse wɔ owia yi ase:wɔde ahode sie de haw ne wuranom,

AKCB: 14AKCB

anaasɛ ahode fa atoyerɛnkyɛm bi so hweresɛ ɛbɛyɛ na wonya mma awɔremmɛto hwee mfa.

AKCB: 15AKCB

Adagyaw na onipa de fi ne na yafunu mu bae,na sɛnea ɔbae no, saa ara na ɔbɛkɔ.Ɔremfa nʼadwumayɛ so mfaso biara aobetumi akita wɔ ne nsa mu no nkɔ.

AKCB: 16AKCB

Eyi nso yɛ ɔhaw kɛse:Sɛnea onipa ba no, saa ara na ɔkɔ,na mfaso bɛn na onyawɔ bere a ɔyɛ adwuma ma mframa?

AKCB: 17AKCB

Ne nna nyinaa mu no, odidi a nʼanom nyɛ no dɛ,efisɛ abawpa, ateetee ne abufuw wɔ no so.

AKCB: 18AKCB

Afei mihuu sɛ eye ma onipa sɛ obedidi na wanom na wama nʼani agye nʼadwumaden ho wɔ owia yi ase, wɔ mmere kakra a Onyankopɔn de ama no yi mu, efisɛ eyi ne ne kyɛfa.

AKCB: 19AKCB

Nea ɛka ho ne sɛ, sɛ Onyankopɔn ma onipa bi ahonyade ne adenya, na onya ahotɔ, de anigye yɛ nʼadwuma, na ohu sɛ ne kyɛfa ne no a, ɔnkae sɛ ɛyɛ Onyankopɔn akyɛde.

AKCB: 20AKCB

Ɔntaa ntena ase nnwen ne nkwanna ho, efisɛ Onyankopɔn de koma mu anigye ama no.