Scripture
Ɔsɛnkafo 4
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Ɔsɛnkafo 4 Bible text
Bio, mehwɛ mihuu nhyɛso a ɛrekɔ so wɔ owia yi ase:Mihuu wɔn a wɔredi wɔn nya no nusuna wonni ɔwerɛkyekyefo biara;tumi no wɔ wɔn nhyɛsofo no nsamna wonni ɔwerɛkyekyefo biara.
Na mihuu sɛ adwumayɛ mu ɔbrɛ ne nea onipa tumi yɛ nyinaa nnyinaso ne sɛ nʼani bere ne yɔnko. Eyi nso yɛ ahuhude, mmirika a wotu taa mframa.
Nsammua baako a asomdwoe wɔ muye sen nsammua abien a ɔbrɛ bata ho;ɛte sɛ nea wotaa mframa.
Na ɔbarima bi wɔ hɔ a ɔyɛ ankonam;onni ɔbabarima anaa onuabarima.Nʼadwumaden amma nʼawie da,nanso nʼani ansɔ nʼahonya.Obisaa ne ho se, “Na hena na merebrɛ ama no,na adɛn nti na mede anigye kame me kra?”Eyi nso yɛ ahuhude,ɛyɛ ɔhaw kwa.
Sɛ ɔbaako hwe ase ane yɔnko betumi aboa no.Nanso onipa a ɔhwe ase aonni ɔboafo no, yɛ mmɔbɔ.
Ɔbaakofo de, wobetumi aka no ahyɛnanso baanu tumi pere wɔn ti.Hama a wɔawɔ no mmɛsa no, wontumi ntetew mu ntɛm.
Ebia na ɔbabun no fi afiase na obedii ade anaasɛ wɔwoo no too ohia mu wɔ adehye abusua mu.
Mihuu sɛ wɔn a wɔtenaa ase na wɔnantew owia yi ase nyinaa dii ɔbabun no akyi, nea odii ɔhene no ade no.
Nnipadɔm a wontumi nkan wɔn dii nʼakyi. Nanso nkyirimma no ani annye ne ho. Eyi nso yɛ ahuhude, ɛte sɛ wotaa mframa.