Scripture
Ɔsɛnkafo 3
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Ɔsɛnkafo 3 Bible text
abo hwete wɔ ne bere na abo anoboa wɔ ne bere,atuuyɛ wɔ ne bere na ne ntetewmudi nso wɔ ne bere,
Wayɛ biribiara fɛfɛ wɔ ne bere mu. Ɔde nkwa a ɛnsa da ahyɛ nnipa koma mu, nanso wontumi nte nea Onyankopɔn ayɛ fi mfiase kosi awiei no ase.
Minim sɛ biribiara nni hɔ a eye ma nnipa kyɛn sɛ wobegye wɔn ani na wɔayɛ nea eye bere a wɔte ase.
Sɛ obiara bedidi na wanom na wanya anigye wɔ ne dwumadi nyinaa mu, eyi ne Onyankopɔn akyɛde.
Minim sɛ biribiara a Onyankopɔn yɛ no bɛtena hɔ daa, wɔrentumi mfa biribi nka ho na wɔrentumi nyi biribi mfi mu. Onyankopɔn yɛ eyi sɛnea nnipa de nidi bɛma no.
Biribiara a ɛwɔ hɔ nnɛ no, aba pɛn,na nea ɛbɛba no nso aba dedaw;na Onyankopɔn bɛfrɛ nea asi dedaw no ama akontaabu.
Na mihuu biribi foforo wɔ owia yi ase sɛ:Amumɔyɛsɛm wɔ nea atemmu wɔ,atɛntreneebea no, amumɔyɛsɛm wɔ hɔ.
Medwenee wɔ me koma mu se,“Onyankopɔn bebuatreneefo ne amumɔyɛfo nyinaa atɛn,efisɛ adwuma biara benya ne bere,nneyɛe biara ne ne bere.”
Onipa nkrabea te sɛ mmoa de na ɛda hɔ ma wɔn nyinaa. Sɛnea ɔbaako wu no, saa ara na ɔfoforo nso wu. Wɔn nyinaa wɔ ɔhome baako; onipa nni biribi a ɔde kyɛn aboa. Biribiara yɛ ahuhude.
Enti mihuu sɛ biribiara nni hɔ a eye ma onipa kyɛn sɛ nʼani bɛka nʼadwuma ho, efisɛ ɛno ne ne kyɛfa. Na hena na obetumi de no asan aba sɛ ɔmmɛhwɛ nea ebesi ne wu nʼakyi?