Skip to main content

Scripture

Ɔsɛnkafo 2

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Ɔsɛnkafo 2 Bible text

AKCB: 1AKCB

Mekaa wɔ me koma mu se, “Afei bra, mede anigye bɛsɔ wo ahwɛ na yɛahu nea eye.” Nanso ankosi hwee.

AKCB: 2AKCB

Mekae se, “Ɔserew yɛ nkwaseade. Na dɛn na anigye tumi yɛ?”

AKCB: 3AKCB

Mepɛɛ sɛ mihu nea eye pa ara ma yɛn wɔ bere tiaa a yɛwɔ wɔ asase yi so no. Enti meyɛɛ mʼadwene sɛ mede nsa bɛsɛpɛw me ho na mahwehwɛ, ahu nkwaseasɛm nkyerɛase, a na nyansa da so bɔ mʼankasa mʼadwene ho ban.

AKCB: 4AKCB

Mede me nsa hyɛɛ nnwuma akɛse ase; misisii adan yɛɛ bobe nturo.

AKCB: 5AKCB

Meyɛɛ nturo ne ahomegyebea na miduaduaa nnuaba ahorow bebree wɔ mu.

AKCB: 6AKCB

Misisii nsukorae a mɛtwe nsu afi mu, de agugu nnua a ɛrenyin no so.

AKCB: 7AKCB

Metɔɔ nkoa ne mfenaa, na minyaa ebinom nso a wɔwoo wɔn wɔ me fi. Afei nso, minyaa anantwi ne nguan bebree sen obiara a wadi mʼanim wɔ Yerusalem.

AKCB: 8AKCB

Mepɛɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, gyigyee ahemfo ne amantam no ademude kaa ho. Mefaa mmarima ne mmea nnwontofo, pɛɛ mmea atenae nso; nea ɛyɛ ɔbarima koma anigyede biara.

AKCB: 9AKCB

Migyee din sen obiara a wadi mʼanim wɔ Yerusalem. Eyinom nyinaa mu no me nimdeɛ kɔɔ so yɛɛ adwuma.

AKCB: 10AKCB

Nea mʼani hwehwɛe biara mamfa ankame no;mansiw me koma anigye ho kwan.Me koma ani gyee me nnwuma nyinaa ho,na eyi yɛ mʼadwumayɛ so akatua.

AKCB: 11AKCB

Nanso sɛ mehwɛ nea me nsa ayɛ nyinaane nea mabrɛ anya a,ne nyinaa nka hwee, ɛte sɛnea wotu mmirika taa mframamannya mfaso biara wɔ owia yi ase.

AKCB: 12AKCB

Mede mʼadwene kɔɔ nimdeɛ,adammɔsɛm ne nkwaseasɛm so.Dɛn bio na nea wadi ɔhene ade betumi ayɛasen nea wɔayɛ dedaw no?

AKCB: 13AKCB

Mihuu sɛ nimdeɛ ye sen nkwaseasɛm,sɛnea hann yɛ sen sum no.

AKCB: 14AKCB

Onyansafo ani wɔ ne tirim,na ɔkwasea de, ɔnantew sum mu;nanso mihuu sɛwɔn nyinaa nkrabea yɛ pɛ.

AKCB: 15AKCB

Afei misusuw wɔ me koma mu se,“Ɔkwasea nkrabea bɛto me nso.Enti sɛ mihu nyansa a mfaso bɛn na minya?”Mekaa wɔ me koma mu se,“Eyi nso nka hwee.”

AKCB: 16AKCB

Te sɛ ɔkwasea no, onyansafo nso, wɔrenkae no daa;nna a ɛreba no mu, wɔrenkae wɔn baanu no.Te sɛ ɔkwasea no, onyansafo nso bewu!

AKCB: 17AKCB

Ɛno nti asetena fonoo me, na adwuma a yɛyɛ wɔ owia yi ase no haw me. Ne nyinaa yɛ ahuhude, te sɛnea wotu mmirika taa mframa.

AKCB: 18AKCB

Mikyii nea mayɛ adwuma apɛ nyinaa wɔ owia yi ase, efisɛ ɛsɛ sɛ migyaw hɔ ma nea obedi mʼade.

AKCB: 19AKCB

Na hena na onim sɛ onipa ko no bɛyɛ onyansafo anaa ɔkwasea? Nanso nea mabiri me mogya ani apɛ wɔ owia yi ase nyinaa bɛkɔ ne nsam. Eyi nso yɛ ahuhude.

AKCB: 20AKCB

Enti mepaa abaw wɔ owia yi ase adwumaden ho.

AKCB: 21AKCB

Na onipa befi ne nimdeɛ, nyansa ne adwumayɛ ho nimdeɛ mu ayɛ nʼasɛde, na afei ɛsɛ sɛ ogyaw nʼadwumayɛ so aba ma obi a ɔnyɛɛ adwuma biara. Eyi nso yɛ ahuhude, na ɛhaw adwene.

AKCB: 22AKCB

Dɛn na onipa nya fi ne brɛ ne dadwen a ɔde yɛ adwuma wɔ owia yi ase mu?

AKCB: 23AKCB

Ne nkwanna nyinaa, nʼadwumayɛ yɛ ɔyaw ne ɔhaw; anadwo mpo nʼadwene yɛ adwuma. Eyi nso yɛ ahuhude.

AKCB: 24AKCB

Biribiara nsen sɛ onipa bedidi na wanom na wanya ahotɔ wɔ adwumayɛ mu. Eyi nso mihuu sɛ efi Onyankopɔn,

AKCB: 25AKCB

efisɛ ɛnyɛ ɔno a anka hena na obetumi adidi anaasɛ obenya ahotɔ?

AKCB: 26AKCB

Onipa a ɔsɔ Onyankopɔn ani no, ɔma no nimdeɛ, nyansa ne anigye, nanso omumɔyɛfo de, ɔma ɔboaboa ahonyade ano ma nea ɔsɔ Onyankopɔn ani. Eyi nso yɛ ahuhude, sɛnea wɔde mmirikatu taa mframa no.