Scripture
Ɔsɛnkafo 11
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Ɔsɛnkafo 11 Bible text
Fa hyɛ aguadi ason mu, yiw, nea ɛto so awotwe mu,wunnim atoyerɛnkyɛm a ɛbɛba asase no so.
Sɛ nsu ayɛ omununkum mu ma a,ɛtɔ osu gu asase so.Sɛ dua bi bu hwe anafo fam anaa atifi fam a,nea ɛhwee no, ɛhɔ ara na ɛbɛda.
Sɛnea wunnim ɔkwan a mframa nam so,anaa sɛnea wɔnwen nipadua wɔ ɔyafunu mu no,saa ara na worentumi nte Onyankopɔn nnwuma ase,ade nyinaa Yɛfo no.
Dua wʼaba anɔpa,na anwummere nso ma wo nsa nna ho,na wunnim nea ɛbɛyɛ yiye,sɛ eyi anaa eyi,anaasɛ ebia abien no nyinaa bɛyɛ yie.
Mfe dodow a onipa bɛtena nkwa yi mu nyinaaɛsɛ sɛ onya ahotɔ.Nanso ɛsɛ sɛ ɔkae nnabɔnena ɛbɛdɔɔso.Biribiara a ɛbɛba no yɛ ahuhude.
Ma wʼani nnye, aberante, bere a woyɛ ɔbabun,ma wo koma mma wo anigye wɔ wo mmerantebere mu.Di nea wo koma pɛne nea wʼaniwa hu akyi,nanso hu sɛ eyinom nyinaa hoOnyankopɔn de wo bɛba atemmu mu.
Enti yi adwennwen biara fi wo koma muna tow ɔhaw biara a ɛwɔ wo mu no gu,efisɛ mmeranteyɛ ne ahoɔden yɛ ahuhude.