Skip to main content

Scripture

Odiyifo Amos Nhoma 7

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Amos Nhoma 7 Bible text

AKCB: 1AKCB

Nea Otumfo Awurade yi kyerɛɛ me ni: na ɔreboaboa mmoadabi bebree ano. Eyi yɛ bere a wɔatwa ɔhene kyɛfa afi mfuw no so na akyiri nnɔbae no renyin no.

AKCB: 2AKCB

Bere a mmoadabi no awe asase no so nnɔbae nyinaa no, meteɛɛ mu se “Otumfo Awurade, mesrɛ wo, fa wo nkurɔfo bɔne kyɛ wɔn! Yakob bɛyɛ dɛn agyina? Ɔyɛ ɔman ketewa bi.”

AKCB: 3AKCB

Ɛno nti, Awurade bo dwoe.Na ogyaee nʼatirimpɔw no. Ɔkae se, “Merenyɛ.”

AKCB: 4AKCB

Nea Otumfo Awurade yi kyerɛɛ me ni: Otumfo Awurade de ogya rebebu atɛn; ɛyow bun kɛse no, na ɛsɛee asase no.

AKCB: 5AKCB

Na meteɛɛ mu se, “Otumfo Awurade, mesrɛ wo, gyae! Yakob rentumi nnyina! Ɔyɛ ɔman ketewa bi.”

AKCB: 6AKCB

Ɛno nti, Awurade bo dwoe na ɔkae se, “Megyae mʼatirimpɔw yi nso.”

AKCB: 7AKCB

Eyi ne nea oyi kyerɛɛ me: Na Awurade gyina ɔfasu a wɔato no kirebenn no ho, a okita kirebennyɛ susudua no.

AKCB: 8AKCB

Na Awurade bisaa me se, “Amos, dɛn na wuhu?”Mibuae se, “Kirebennyɛ susudua.”Na Awurade kae se, “Mede kirebennyɛ susudua yi reto me nkurɔfo Israelfo ho; meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn bio.

AKCB: 9AKCB

“Wɔbɛsɛe Isak sorɔnsorɔmmeana Israel kronkron tenabea nso wobebubu no;mede mʼafoa bɛsɔre atia Yeroboamfi.”

AKCB: 10AKCB

Amasia a ɔyɛ Bet-El sɔfo de nkra kɔmaa Israelhene Yeroboam se, “Amos rebɔ pɔw atia wo wɔ Israel ha yi ara! Nsɛm a ɔreka no nyɛ abodwosɛm.

AKCB: 11AKCB

Nea Amos reka ni:“ ‘Yeroboam bewu wɔ afoa ano,na ɔkwan biara so Israel bɛkɔ nnommum mu,wɔ akyirikyiri asase so.’ ”

AKCB: 12AKCB

Na Amasia ka kyerɛɛ Amos se, “Fi ha kɔ, wo ɔdehufo! San kɔ Yuda asase so na kɔtena hɔ hyɛ wo nkɔm.

AKCB: 13AKCB

Nhyɛ nkɔm bio wɔ Bet-El ha, efisɛ ha yɛ ɔhene tenabea kronkron ne ahemman no asɔredan.”

AKCB: 14AKCB

Amos buaa Amasia se, “Mennyɛ odiyifo anaa odiyifo bi ba, na na meyɛ oguanhwɛfo a na mehwɛ borɔdɔma nnua nso so.

AKCB: 15AKCB

Nanso Awurade frɛɛ me fii nguan sohwɛ so, ka kyerɛɛ me se, ‘Kɔhyɛ nkɔm kyerɛ me nkurɔfo Israelfo.’

AKCB: 16AKCB

Na afei, tie Awurade asɛm. Woka se,“ ‘Nhyɛ nkɔm ntia Israelfo,na gyae asɛnka a wode tia Isakfifo no.’

AKCB: 17AKCB

“Enti asɛm a Awurade ka ni:“ ‘Wo yere bɛbɔ aguaman wɔ kuropɔn yi mu,wo mmabarima ne wo mmabea bewuwu wɔ afoa ano.Wobesusuw wʼasase na wakyekyɛ mu,na wʼankasa nso, wubewu wɔ abosonsomman mu,na ɔkwan biara so Israel bɛkɔ nnommum mu,wɔ akyirikyiri asase so.’ ”