Skip to main content

Scripture

Odiyifo Amos Nhoma 8

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Amos Nhoma 8 Bible text

AKCB: 1AKCB

Afei nea Otumfo Awurade yi kyerɛɛ me ni: kɛntɛn a aduaba a abere wɔ mu.

AKCB: 2AKCB

Obisae se, “Dɛn na wuhu, Amos?”Mibuae se, “Kɛntɛn a wɔde nnuaba a abere ahyɛ no ma.”Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Me nkurɔfo Israelfo bere no aso; meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn bio.”

AKCB: 3AKCB

Sɛnea Otumfo Awurade se ni, “Saa da no, hyiadan nnwonto bɛdan agyaadwotwa. Wɔbɛbɔ afunu bebree apete baabiara! Enti yɛ komm!”

AKCB: 4AKCB

Muntie saa asɛm yi, mo a mutiatia mmɔborɔfo so,na mopam ahiafo fi wɔn asase so,

AKCB: 5AKCB

na moka se,“Bere bɛn na ɔsram foforo betwa muama yɛatɔn aduan,na Homeda bɛba awieiama yɛadi awi gua?”Sɛ mobɛhyɛ susukoraa muna moatoto ɔbo sona mode nsania a wɔamia mu asisi atɔfo,

AKCB: 6AKCB

na mode dwetɛ atɔ ahiafona mmɔborɔfo nso moatɔn wɔn agye mpaboa,na moapra awi ase afra awi mu atɔn.

AKCB: 7AKCB

Awurade de Yakob ahohoahoa aka ntam se: “Me werɛ remfi biribiara a wɔayɛ da.

AKCB: 8AKCB

“Asase renwosow wɔ nea asi yi ho ana,na wɔn a wɔte mu nyinaa rentwa adwo ana?Asase no nyinaa bɛma ne ho so te sɛ Nilebubu afa so, na asan atwe biote sɛ Misraim asubɔnten.”

AKCB: 9AKCB

Sɛnea Otumfo Awurade se ni,“Saa da no, mɛma owia atɔ owigyinae,na mama sum aduru asase so awia ketee.

AKCB: 10AKCB

Mɛdan mo nyamesom aponto ama ayɛ awerɛhowdina mo nnwonto nyinaa adan osu.Mɛma mo nyinaa afura atweaatamna mayi mo tinwi.Mɛyɛ saa da no te sɛ ɔba koro ho awerɛhowdidana awiei no ayɛ sɛ da a ɛyɛ nwen.

AKCB: 11AKCB

“Nna no reba” sɛnea Otumfo Awurade se ni,“Mɛma ɔkɔm aba asase no so,ɛnyɛ aduankɔm anaa osukɔm,na mmom, Awurade asɛm ho kɔm.

AKCB: 12AKCB

Nnipa bɛtɔ ntintan akyinkyin afi po so akɔ po so,na wɔakyinkyin afi atifi fam akɔ apuei fam,sɛ wɔrekɔhwehwɛ Awurade asɛm,nanso wɔrenhu.

AKCB: 13AKCB

“Na saa da no“mmabaa ahoɔfɛfo ne mmarimaa ahoɔdenfobɛtotɔ beraw esiane osukɔm nti.

AKCB: 14AKCB

Wɔn a wɔde Samaria aniwu abosom ka ntam,anaa wɔde Dan ne Beer-Seba abosom ka ntam no,wɔbɛhwehwe ase na wɔrensɔre bio.”