Skip to main content

Scripture

Odiyifo Amos Nhoma 6

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Amos Nhoma 6 Bible text

AKCB: 1AKCB

Nnome nka mo a mugye mo ho di wɔ Sion,ne mo a mo asom adwo mo wɔ Samaria bepɔw so,mo atitiriw a mowɔ ɔman a edi kan mu,a Israelfo ba mo nkyɛn!

AKCB: 2AKCB

Monkɔ Kalne nkɔhwɛ hɔ.Na mumfi hɔ nkɔ Hamat kɛse mu,munsian nkɔ Gat a ɛwɔ Filistia.Woye sen mo ahemman abien no?Wɔn asase no so sen mo de no ana?

AKCB: 3AKCB

Mutu da bɔne hyɛ dana motwe atemmuda bɛn.

AKCB: 4AKCB

Modeda asonse mpa somugye mo ahome wɔ mo nnae mu,na mowe nguantenmma nenantwimma a wɔadodɔ srade nam.

AKCB: 5AKCB

Mode mo sankuten to ahuhunnwom,na mobɔ mo tirim yɛ nnwom wɔmo nnwontode so te sɛ Dawid.

AKCB: 6AKCB

Monom nsa wɔ nkora muna mode sradehuam papa yɛ mo ho,na munni awerɛhow wɔ Yosef sɛe ho.

AKCB: 7AKCB

Ɛno nti, mobɛka wɔn a wodi kan twa wɔn asu no ho;na mo aponto ne mo ahomegye to betwa.

AKCB: 8AKCB

Otumfo Awurade aka ne ho ntamna nea Asafo Awurade Nyankopɔn se ni:“Mikyi Yakob ahomasona mempɛ nʼaban;mede kuropɔn no bɛmane nea ɛwɔ mu nyinaa.”

AKCB: 9AKCB

Sɛ wogyaw nnipa du wɔ ofi baako mu a, wɔn nso bewuwu.

AKCB: 10AKCB

Na sɛ obusuani a ɔrebɛhyew awufo no ba sɛ ɔrebɛfa wɔn afi fie hɔ na obisa obi a wakɔtɛw se, “Obi ka wo ho ana?” Na obua se, “Dabi” a, afei ɔbɛka se, “Mua wʼano!” Ɛnsɛ sɛ wɔbɔ Awurade din.

AKCB: 11AKCB

Na Awurade ahyɛ mmarana obebubu afi akɛse no mu asinasinne afi nketewa no nso mu nketenkete.

AKCB: 12AKCB

Apɔnkɔ tu mmirika wɔ abotan a apaapae so ana?Na obi de nantwi funtum hɔ ana?Nanso moadan atɛntrenee ayɛ no awuduru.Na trenee nso ayɛ nwenweenwen.

AKCB: 13AKCB

Mo a mo ani gye Lo-debar nkogu ho,na mubisa se, “Ɛnyɛ yɛn ahoɔden na yɛde dii Karnaim so ana?”

AKCB: 14AKCB

Nea Asafo Awurade Nyankopɔn se ni: “Mɛhwanyan ɔman bi abetia mo, Israelfo,nea ɔbɛhyɛ mo so afi Lebo Hamat akosi Araba bon mu.”