Scripture
Odiyifo Amos Nhoma 5
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifo Amos Nhoma 5 Bible text
“Ɔbabun Israel ahwe asea ɔrensɔre bio,wɔapo no wɔ nʼankasa asase so,na onni obi a ɔbɛma no so.”
Nea Otumfo Awurade se ni:“Kuropɔn a ɔde mmarima ahoɔdenfo apem ko ma Israel no,mu ɔha pɛ na wɔbɛka;Kurow a ɔde ahoɔdenfo ɔha no,mu du pɛ na wɔbɛka.”
Monnhwehwɛ Bet-El,monnkɔ Gilgal,na munntu kwan nkɔ Beer-Seba nso.Ampa ara Gilgal bɛkɔ nnommum muna wɔbɛhwe Bet-El ase koraa.”
Monhwehwɛ Awurade na munnya nkwa,anyɛ saa a ɔbɛpra Yosef fi te sɛ ogya;ɛbɛhyew,na Bet-El rennya obi anum no.
Nea ɔbɔɔ nsoromma, Akokɔbeatan ne ne mma,nea ɔdan sum yɛ no adekyeena ɔma awia dan adesae.Nea ɔboaboa po mu nsu anona ohwie gu asase so,ne din ne Awurade.
Mutiatia ohiani sona mohyɛ no gye aduan fi ne nkyɛn.Enti ɛwɔ mu sɛ mode abo a wɔatwa asisi afi akɛse de,nanso morentena mu;ɛwɔ mu sɛ moayɛ bobe nturo a ɛyɛ fɛ denanso morennom mu nsa.
Na minim mo mmarato dodowne mo bɔne akɛse no.Mohyɛ atreneefo so na mugye adanmudemubu ahiafo ntɛnkyew wɔ asennii.
Monhwehwɛ papa, na moanya nkwana ɛnyɛ bɔne.Na Asafo Awurade Nyankopɔn bɛka wo ho,sɛnea moka sɛ ɔyɛ no.
Munkyi bɔne, na monnɔ papa;Mummu atɛntrenee wɔ asennii.Ebia, Asafo Awurade Nyankopɔnbenya ahummɔbɔ amaYosef nkae no.
Enti nea Awurade, Asafo Awurade Nyankopɔn se ni:“Adwotwa bɛba mmorɔn nyinaa sona ɔyaw ne apinisi bɛba mmɔnten so.Wɔbɛfrɛ akuafo ama wɔabesuna agyamfo abetwa adwo.
Nnome nka wɔn awɔpɛ sɛ Awurade da no ba!Dɛn nti na mopɛ sɛ Awurade da no ba?Saa da no bɛyɛ sum, na ɛnyɛ hann.
Ɛbɛyɛ te sɛ onipa a oguan fi gyata animna okohyia sisi,sɛnea owura ne fide ne nsa to ɔfasu so,na ɔwɔ ka no.
Ɛwɔ mu sɛ mode ɔhyew afɔre ne aduan afɔre brɛ me de,nanso merennye.Mode asomdwoe afɔre brɛ menanso mʼani rensɔ.
Mode mo ho nyinaa ato Molok nyame,ne mo honi Rɛfan so;wɔyɛ ahoni a moayɛ sɛ mobɛsom wɔn.
Ɛno nti, metwa mo asu akɔ Damasko nohɔ,”sɛnea Awurade a ne din ne Asafo Onyankopɔn se ni.