Skip to main content

Scripture

Beresosɛm Nhoma A Edi Kan 7

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Beresosɛm Nhoma A Edi Kan 7 Bible text

AKCB: 1AKCB

Na Isakar mmabarima baanan no din deTola, Pua, Yasub ne Simron.

AKCB: 2AKCB

Tola mmabarima no ne:Usi, Refaia, Yeriel, Yahmai, Yibsam ne Samuel. Na wɔn mu biara yɛ wɔn agyanom mmusua ntuanofo. Ɔhene Dawid bere so no, na mmarima dodow a wɔwɔ saa mmusua yi mu a wɔyɛ asraafo no dodow yɛ mpem aduonu abien ne ahansia (22,600).

AKCB: 3AKCB

Na Usi babarima din de:Yisrahia.Na Yisrahia mmabarima din de:Mikael, Obadia, Yoel ne Yisia a na wɔn baanum tuatua mmusua ano.

AKCB: 4AKCB

Mmarima dodow a na wɔwɔ hɔ a wɔyɛ asraafo no dodow yɛ mpem aduasa asia. Na wɔn baanum no nyinaa yerenom ne wɔn mmabarima yɛ bebree.

AKCB: 5AKCB

Mmarima a na wɔwɔ hɔ a wofi Isakar mmusua no nyinaa mu a wɔyɛ asraafo no dodow yɛ mpem aduɔwɔtwe ason (87,000). Wɔkyerɛw wɔn nyinaa din nnidiso nnidiso guu wɔn anato krataa mu.

AKCB: 6AKCB

Na Benyamin mmabarima baasa no din de:Bela. Beker ne Yediael.

AKCB: 7AKCB

Na Bela mmabarima yɛ:Esbon, Usi, Usiel, Yerimot ne Iri. Na saa akofo baanum yi yɛ mmusua ntuanofo. Nnipa a wofi wɔn asefo mu yɛɛ asraafo no dodow yɛ mpem aduonu abien ne aduasa anan (22,034). Wɔkyerɛw wɔn nyinaa din guu wɔn anato krataa mu.

AKCB: 8AKCB

Na Beker mmabarima din de:Semira, Yoas, Elieser, Elioenai, Omri, Yeremot, Abia, Anatot ne Alemet.

AKCB: 9AKCB

Sɛnea na wɔn anato kyerɛ no, na wɔn abusua ntuanofo akyi no, wɔn asefo mpem aduonu ne ahannu (20,200) wɔ hɔ a wotumi yɛ asraafo.

AKCB: 10AKCB

Na Yediael babarima ne:Bilhan.Na Bilhan mmabarima ne:Yeus, Benyamin, Ehud, Kenaana, Setan, Tarsis ne Ahisahar.

AKCB: 11AKCB

Na wɔyɛ Yediael mmusua no mu ntuanofo a wɔn asefo a na wɔka wɔn ho a wotumi yɛ asraafo no dodow yɛ mpem dunson ne ahannu (17,200).

AKCB: 12AKCB

Na Ir mmabarima ne Supim, ne Hupim. Aher na ɔwoo Husim.

AKCB: 13AKCB

Na Naftali mmabarima yɛ:Yahsiel, Guni, Yeser ne Silum. Na wɔn nyinaa yɛ Yakob yere Bilha asefo.

AKCB: 14AKCB

Manase mmabarima a ɔne ne mpena Aramni wowoo wɔn ne Asriel ne Makir. Makir na ɔwoo Gilead.

AKCB: 15AKCB

Makir pɛɛ ɔyerenom maa Hupim ne Supim. Na wɔfrɛ Makir nuabea se Maaka. Na Makir asefo no mu baako a wɔfrɛ no Selofehad wowoo mmabea nko ara.

AKCB: 16AKCB

Makir yere Maaka woo ɔbabarima a ɔtoo no din Peres. Na ne nuabarima din de Seres. Peres mmabarima din de Ulam ne Rekem.

AKCB: 17AKCB

Na Ulam babarima din de:Bedan.Na wɔn nyinaa yɛ Gileadfo a wɔyɛ Manase babarima Makir asefo.

AKCB: 18AKCB

Makir nuabea Moleket woo Is-Hod, Abieser ne Mahla.

AKCB: 19AKCB

Na Semida mmabarima yɛ:Ahian, Sekem, Likhi ne Aniam.

AKCB: 20AKCB

Efraim asefo ne:Sutela, Bered, Tahat, Elada,Tahat,

AKCB: 21AKCB

Sabad ne Sutela.Wokunkum Efraim mmabarima Eser ne Elad wɔ Gat, efisɛ wɔpɛe sɛ wowia nyɛmmoa fi akuafo a wɔbɛn hɔ no.

AKCB: 22AKCB

Wɔn agya Efraim suu wɔn kyɛe yiye, na nʼabusuafo bɛkyekyee ne werɛ.

AKCB: 23AKCB

Ɛno akyi no, Efraim kɔɔ ne yere ho, na onyinsɛn woo ɔbabarima. Efraim too no din Beria esiane abɛbrɛsɛ a nʼabusuafo faa mu no nti.

AKCB: 24AKCB

Efraim woo ɔbabea too no din Seer. Ɔno na ɔkyekyeree nkurow Bet-Horon Anafo, Atifi ne Usen-Seera.

AKCB: 25AKCB

Efraim asefo nnidiso ne Refa, Resef, Tela, Tahan,

AKCB: 26AKCB

Ladan, Amihud, Elisama,

AKCB: 27AKCB

Nun ne Yosua.

AKCB: 28AKCB

Efraim asefo no tenaa asase Bet-El ne ne nkurow a atwa afa anafo fam, Naaran a ɛda apuei fam, Geser ne ne nkuraa a ɛda atɔe fam ne Sekem ne ne nkuraa a atwa ho ahyia, kɔfa atifi fam, de kosi Aya a nkuraa ka ho no so.

AKCB: 29AKCB

Manase hye so no, na nkurow a ɛdeda hɔ yɛ Bet-Sean, Taanak, Megido, Dor ne wɔn nkuraa a atwa ho ahyia no. Israel ba Yosef asefo tenaa saa nkurow yi so.

AKCB: 30AKCB

Na Aser mmabarima yɛ:Yimna, Yiswa, Yiswi ne Beria. Na wɔwɔ onuabea a ne din de Sera.

AKCB: 31AKCB

Na Beria mmabarima din de:Heber ne Malkiel a ɔwoo Birsait no.

AKCB: 32AKCB

Na Heber mmabarima din de Yaflet, Somer ne Hotam. Na wɔwɔ onuabea a ne din de Sua.

AKCB: 33AKCB

Na Yaflet mmabarima din de:Pasak, Bimhal ne Aswat.

AKCB: 34AKCB

Na Semer mmabarima din de:Ahi, Rohga, Hubah ne Aram.

AKCB: 35AKCB

Na ne nuabarima Helem mmabarima din de:Sofa, Yimna, Seles ne Amal.

AKCB: 36AKCB

Na Sofa mmabarima din de:Suah, Harnefer, Sual, Beri, Yimra,

AKCB: 37AKCB

Beser, Hod, Sama, Silsa, Yitran ne Beera.

AKCB: 38AKCB

Na Yeter mmabarima din de:Yefune, Pispa ne Ara.

AKCB: 39AKCB

Na Ula mmabarima din de:Arah, Haniel ne Risia.

AKCB: 40AKCB

Na Aser asefo no mu biara yɛ wɔn agyanom abusua panyin. Na wɔn nyinaa yɛ akofo pa ne ntuanofo a wodi mu. Na mmarima mpem aduonu asia (26,000) na wɔwɔ hɔ a wɔakyerɛw wɔn din agu wɔn anato nhoma mu a wotumi yɛ asraafo.