Skip to main content

Scripture

Beresosɛm Nhoma A Edi Kan 6

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Beresosɛm Nhoma A Edi Kan 6 Bible text

AKCB: 1AKCB

Na Lewi mmabarima yɛ:Gerson, Kohat ne Merari.

AKCB: 2AKCB

Na Kohat asefo nso yɛ:Amram, Ishar, Hebron ne Usiel.

AKCB: 3AKCB

Na Amram mma yɛ:Aaron, Mose ne Miriam.Na Aaron mmabarima yɛ:Nadab, Abihu, Eleasar ne Itamar.

AKCB: 4AKCB

Eleasar woo Pinehas.Pinehas woo Abisua.

AKCB: 5AKCB

Abisua woo Buki,na Buki woo Usi.

AKCB: 6AKCB

Usi woo Serahia. Serahia woo Meraiot.

AKCB: 7AKCB

Meraiot woo Amaria,na Amaria woo Ahitub.

AKCB: 8AKCB

Ahitub woo Sadok,na Sadok woo Ahimaas.

AKCB: 9AKCB

Ahimaas woo Asaria.Asaria woo Yohanan.

AKCB: 10AKCB

Yohanan woo Asaria aɔno na na ɔyɛ ɔsɔfopanyin wɔ asɔredan a Salomo sii wɔ Yerusalem no mu.

AKCB: 11AKCB

Asaria woo Amaria.Amaria woo Ahitub.

AKCB: 12AKCB

Ahitub woo Sadok.Sadok woo Salum.

AKCB: 13AKCB

Salum woo Hilkia.Hilkia woo Asaria.

AKCB: 14AKCB

Asaria woo Seraia.Seraia woo Yehosadak.

AKCB: 15AKCB

Wotwaa Yehosadak asu bere a Awurade de Yudafo ne Yerusalemfo kɔɔ nnommum mu a na wɔhyɛ Nebukadnessar ase no.

AKCB: 16AKCB

Na Lewi mmabarima din deGersom, Kohat ne Merari.

AKCB: 17AKCB

Na Libni ne Simei ka Gersom asefo ho.

AKCB: 18AKCB

Na Amram, Ishar, Hebron ne Usielka Kohat asefo no ho.

AKCB: 19AKCB

Na Mahli ne Musika Merari asefo no ho.Eyinom ne Lewifo mmusua sɛnea wɔn mpanyimfo nnidiso te.

AKCB: 20AKCB

Na Gerson asefo yɛ:Libni, Yahat,Sima,

AKCB: 21AKCB

Yoa,Ido, Serahne Yeaterai.

AKCB: 22AKCB

Na Kohat asefo neAminadab, Kora,Asir,

AKCB: 23AKCB

Elkana,Ebiasaf, Asir,

AKCB: 24AKCB

Tahat, Uriel,Usia ne Saulo.

AKCB: 25AKCB

Na Elkana asefo ne:Amasai, Ahimot,

AKCB: 26AKCB

Sofai, Nahat,

AKCB: 27AKCB

Eliab,Yeroham, Elkana ne Samuel.

AKCB: 28AKCB

Na Samuel mmabarima din ne:Yoel a ɔyɛ ɔpanyinne Abiya a ɔto so abien no.

AKCB: 29AKCB

Na Merari mma ne:Mahli, Libni,Simei, Usa,

AKCB: 30AKCB

Simea, Hagiane Asaia.

AKCB: 31AKCB

Dawid maa saa nnipa a wɔn din didi so yi dii Awurade fi nnwom anim, bere a wɔde Apam Adaka no sii hɔ no.

AKCB: 32AKCB

Wɔde nnwom kaa wɔn som ho wɔ Ahyiae Ntamadan no mu hɔ kosii sɛ Salomo sii Awurade asɔredan no wɔ Yerusalem. Afei, wɔnam mmara a wɔde maa wɔn so dii wɔn dwuma wɔ hɔ.

AKCB: 33AKCB

Saa mmarima yi na wɔne wɔn mma som wɔ hɔ no.Heman, dwom ho nimdefo no, na ofi Kohat abusua mu.Wɔto nʼabusua ana fiYoel, Samuel,

AKCB: 34AKCB

Elkana, Yeroham,Eliel, Yoa,

AKCB: 35AKCB

Suf, Elkana,Mahat, Amasai

AKCB: 36AKCB

Elkana, Yoel,Asaria, Sefania,

AKCB: 37AKCB

Tahat, Asir,Ebiasaf, Kora,

AKCB: 38AKCB

Ishar, Kohat,Lewi ne Israel ase.

AKCB: 39AKCB

Herman abediakyiri a odi kan no din de Asaf, a na ofi Gerson abusua mu.Wɔto Asaf abusua ana fi Berekia, Simea,

AKCB: 40AKCB

Mikael, Baaseia,Malkia,

AKCB: 41AKCB

Etni,Serah, Adaia,

AKCB: 42AKCB

Etan, Sima,Simei,

AKCB: 43AKCB

Yahat, Gersom ne Lewi ase.

AKCB: 44AKCB

Herman abediakyiri a ɔto so abien no din de Etan, a na ofi Merari abusua mu.Wɔto Etan abusua ana fi Kisi, Abdi,Maluk,

AKCB: 45AKCB

Hasabia,Amasia, Hilkia,

AKCB: 46AKCB

Amsi, Bani, Semer,

AKCB: 47AKCB

Mahli,Musi, Merari ne Lewi ase.

AKCB: 48AKCB

Wɔmaa wɔn abusuafo a wɔyɛ Lewifo no nso dwuma ahorow bi dii wɔ Ahyiae Ntamadan a ɛyɛ Onyankopɔn fi no mu.

AKCB: 49AKCB

Aaron ne nʼasefo nko na wɔsom sɛ asɔfo. Na wɔde afɔrebɔde gu ɔhyew afɔremuka ne ohuam afɔremuka so, na wodi dwuma biara a ɛfa kronkron mu kronkron hɔ ho. Wɔnam mmara a Onyankopɔn somfo Mose de maa wɔn no so, yɛɛ mpata maa Israel.

AKCB: 50AKCB

Na Aaron asefo yɛ:Eleasar, Pinehas, Abisua,

AKCB: 51AKCB

Buki, Usi, Serahia,

AKCB: 52AKCB

Meraiot, Amaria, Ahitub,

AKCB: 53AKCB

Sadok ne Ahimaas.

AKCB: 54AKCB

Eyi ne abakɔsɛm a ɛfa nkurow ne asase a wɔnam ntontobɔ kronkron so de maa Aaron ne nʼasefo a wofi Kohat abusua mu no.

AKCB: 55AKCB

Na Hebron ne mmoa adidibea nsase a atwa ho ahyia wɔ Yuda no ka ho.

AKCB: 56AKCB

Nanso mfuw ne nkuraa a atwa ho ahyia no de, wɔde maa Yefune babarima Kaleb.

AKCB: 57AKCB

Enti saa nkurow yi a mmoa adidibea atwa biara ho ahyia na wɔde maa Aaron asefo: Hebron, a ɛyɛ guankɔbea kurow, Libna, Yatir, Estemoa,

AKCB: 58AKCB

Hilen, Debir,

AKCB: 59AKCB

Asan, Yuta ne Bet-Semes.

AKCB: 60AKCB

Na wɔmaa wɔn Gibeon, Geba, Alemet ne Anatot fii Benyamin asase mu a mmoa adidibea ka emu biara ho.Enti nkurow dumiɛnsa na wɔde maa Aaron asefo.

AKCB: 61AKCB

Na Kohat asefo a wɔkae no nso, wonyaa nkurow du a wɔnam ntontobɔ kronkron so fii Manase abusua fa no asase so.

AKCB: 62AKCB

Gerson asefo nam ntontobɔ kronkron so nyaa nkurow dumiɛnsa fii Isakar, Aser ne Naftali nsase so. Wonyaa bi nso fii Basan pɔw mu a ɛyɛ Manase de, a ɛwɔ Yordan apuei fam no.

AKCB: 63AKCB

Merari asefo nam ntontobɔ kronkron so, nyaa nkurow dumien fii Ruben, Gad ne Sebulon nsase so.

AKCB: 64AKCB

Enti Israelfo de saa nkurow yi ne mmoa adidibea yi nyinaa maa Lewifo.

AKCB: 65AKCB

Wɔnam ntontobɔ kronkron so na wɔde nkurow a ɛwowɔ Yuda, Simeon ne Benyamin nsase so mae sɛnea wɔaka dedaw no.

AKCB: 66AKCB

Saa nkurow yi ne ɛho mmoa adidibea na Kohat asefo nya fii Efraim asase so:

AKCB: 67AKCB

Sekem (guankɔbea kurow) a ɛwɔ Efraim bepɔw asase no so, Geser,

AKCB: 68AKCB

Yokmeam, Bet-Horon,

AKCB: 69AKCB

Ayalon ne Gat-Rimon.

AKCB: 70AKCB

Kohat asefo nkae no, wɔde saa nkurow a efi Manase abusua fa no mu na ɛmaa wɔn: Aner ne Bileam a emu biara mmoa adidibea ka ho.

AKCB: 71AKCB

Gerson asefo nyaa kurow a wɔfrɛ no Golan a ɛwɔ Basan no fii Manase abusua fa asase so a Astarot ka ho, a ne nyinaa mmoa adidibea da ho.

AKCB: 72AKCB

Isakar asase so nso, wɔmaa wɔn Kedes, Daberat,

AKCB: 73AKCB

Ramot ne Anem a wɔn mmoa adidibea ka ho.

AKCB: 74AKCB

Aser asase so, wonyaa Masal, Abdon,

AKCB: 75AKCB

Hukok ne Rehob a na emu biara mmoa adidibea ka ho.

AKCB: 76AKCB

Naftali asase so, wɔde Kedes a ɛwɔ Galilea, Hamon ne Kiriataim maa wɔn, a na mmoa adidibea ka emu biara ho.

AKCB: 77AKCB

Merari asefo nkae no nyaa Yokneam, Karta, Rimon ne Tabor nkurow, fi Sebulon asase so, a na mmoa adidibea ka biara ho.

AKCB: 78AKCB

Ruben asase a ɛda Asubɔnten Yordan apuei fam a ɛne Yeriko di nhwɛanim no nso, wonyaa Beser a ɛyɛ nweatam kurow, Yahas,

AKCB: 79AKCB

Kedemot ne Mefaat a mmoa adidibea ka emu biara ho.

AKCB: 80AKCB

Na Gad asase so nso, wonyaa Ramot a ɛwɔ Gilead, Mahanaim,

AKCB: 81AKCB

Hesbon ne Yaser a mmoa adidibea ka biara ho.