Scripture
Beresosɛm Nhoma A Edi Kan 8
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Beresosɛm Nhoma A Edi Kan 8 Bible text
Ehud mmabarima ne Naaman, Ahiya ne Gera. Gera a na ɔyɛ Usa ne Ahihud agya no na bere a wɔretu no odii wɔn anim.
Eyinom ne agyanom mmusua ntuanofo a wɔakyerɛw wɔn din wɔ wɔn mu biara anato nkrataa mu. Na wɔn nyinaa tenaa Yerusalem.
a na ne babarima abakan din de Abdon. Na Yeiel mmabarima a wɔaka no din de Sur, Kis, Baal, Ner, Nadab,
Ner na ɔwoo Kis. Kis na ɔwoo Saulo, Saulo na ɔwoo Yonatan, Malki-Sua, Abinadab ne Esbaal.
Asel woo mmabarima baasia a wɔne:Asrikam, Bokeru, Ismael, Searia, Obadia ne Hanan. Na eyinom yɛ Asel mma.
Na Asel nuabarima Esek wɔ mmabarima baasa a wɔneUlam a ɔyɛ abakan, Yeus a ɔto so abien ne Elifelet a ɔto so abiɛsa.
Ulam mmabarima nyinaa yɛ akofo a wɔakwadaw akodi mu, wɔyɛ agyantowfo antoamfom. Na wɔwɔ mma ne nananom bebree a na wɔn nyinaa dodow yɛ ɔha aduonum.Eyinom nyinaa yɛ Benyamin asefo.