Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Sakaria Nwoma 5

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Sakaria Nwoma 5 Bible text

ASCB: 1ASCB

Mehwɛɛ bio, na mehunuu nwoma mmobɔeɛ a ɛretu wɔ ewiem wɔ mʼanim!

ASCB: 2ASCB

Ɔbisaa me sɛ, “Ɛdeɛn na wohunu yi?”Mebuaa sɛ, “Mehunu nwoma mmobɔeɛ a ɛnenam ewiem a ne tenten yɛ anammɔn aduasa, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn dunum.”

ASCB: 3ASCB

Na ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Yei ne nnome a ɛreba asase yi so nyinaa; sɛdeɛ ɛfa baako kyerɛ no, wɔbɛpam ɔkorɔmfoɔ biara, na ɛfa baako nso kyerɛ sɛ, obiara a ɔka ntanhunu no, wɔbɛpam no.

ASCB: 4ASCB

Asafo Awurade pae mu ka sɛ, ‘Meresoma nnome yi na ɛbɛhyɛn ɔkorɔmfoɔ ne obiara a ɔde me din ka ntanhunu no fie. Ɛbɛka efie hɔ na asɛe ne nnua ne aboɔ.’ ”

ASCB: 5ASCB

Afei, ɔbɔfoɔ a na ɔne me rekasa no baa nʼanim bɛka kyerɛɛ me sɛ, “Ma wʼani so na hwɛ yei, deɛ ɛreba yi.”

ASCB: 6ASCB

Mebisaa sɛ “Ɛyɛ ɛdeɛn?”Ɔbuaa sɛ, “Ɛyɛ kɛntɛn a wɔde susu nneɛma.” Ɔtoaa so sɛ, “nnipa a wɔwɔ ewiase yi mu bɔne ahyɛ no ma.”

ASCB: 7ASCB

Afei wɔyii kɛntɛn no so sumpii mmuasoɔ no, na emu na na ɔbaa bi hyɛ!

ASCB: 8ASCB

Ɔkaa sɛ, “Yei yɛ atirimuɔdensɛm,” afei ɔkaa ɔbaa no hyɛɛ kɛntɛn no mu na ɔde sumpii mmuasoɔ no kataa no so.

ASCB: 9ASCB

Afei, memaa me tiri so mehunuu mmaa mmienu a wɔwɔ ntaban te sɛ asukɔnkɔn de danedane wɔn ho wɔ ewiem. Wɔmaa kɛntɛn no so kɔɔ ewiem, ɔsoro ne asase ntam.

ASCB: 10ASCB

Mebisaa ɔbɔfoɔ a na ɔne me rekasa no sɛ, “Ɛhe na wɔde kɛntɛn no rekɔ?”

ASCB: 11ASCB

Ɔbuaa sɛ, “Wɔde rekɔ Babilonia asase so akɔsi fie ama no. Na sɛ, wɔwie a, wɔde kɛntɛn no bɛkɔ akɔsi nʼafa.”