Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Sakaria Nwoma 4

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Sakaria Nwoma 4 Bible text

ASCB: 1ASCB

Afei, ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no sanee nʼakyi bɛnyanee me, sɛdeɛ wɔnyane obi firi ne nna mu no.

ASCB: 2ASCB

Ɔbisaa me sɛ, “Ɛdeɛn na wohunu yi?”Mebuaa sɛ, “Mehunu kaneadua a wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ a kuruwa si so, na nkanea nson a ebiara wɔ ne dorobɛn sisi so.

ASCB: 3ASCB

Bio, ngo nnua mmienu sisi ho, baako wɔ kuruwa no nifa so, ɛna baako nso wɔ ne benkum so.”

ASCB: 4ASCB

Mebisaa ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no sɛ, “Yeinom yɛ ɛdeɛn, me wura?”

ASCB: 5ASCB

Ɔbuaa sɛ, “Wonnim deɛ yeinom yɛ anaa?”Mekaa sɛ, “Dabi, me wura.”

ASCB: 6ASCB

Enti ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Yei ne Awurade asɛm a ɔde rekɔma Serubabel: ‘Ɛnyɛ tumi so, na ɛnyɛ ahoɔden nso so, na mmom, ɛnam me Honhom so,’ sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.

ASCB: 7ASCB

“Woyɛ ɛdeɛn, Ao bepɔ kɛseɛ? Wobɛyɛ asase tamaa wɔ Serubabel anim. Afei ɔde aboɔ fɛfɛ no bɛba abɛhyia osebɔ sɛ, ‘Onyankopɔn nhyira so! Onyankopɔn nhyira so!’ ”

ASCB: 8ASCB

Na Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:

ASCB: 9ASCB

“Ɛnam Serubabel nsa so na wɔtoo asɔredan yi fapem, na ɛnam ne nsa so na wɔbɛwie. Na mobɛhunu sɛ, Asafo Awurade na wasoma me mo nkyɛn.

ASCB: 10ASCB

“Hwan na ɔbu nneɛma nketenkete mfiaseɛ ɛda animtiaa? Sɛ nnipa hunu sɛ Serubabel kura kyirebenn susu ahoma no a, wɔn ani bɛgye.“(Saa ani nson yi yɛ Awurade ani a ɛhwɛ ewiase afanan nyinaa.)”

ASCB: 11ASCB

Na mebisaa ɔbɔfoɔ no sɛ, “Saa ngo nnua mmienu no a ɛsisi kanea dua no nifa ne benkum no yɛ ɛdeɛn?”

ASCB: 12ASCB

Na mebisaa no bio sɛ, “Ngodua mman mmienu a ɛhwie ngo a ani yɛ akokɔsradeɛ fa sikakɔkɔɔ dorobɛn mmienu no mu no yɛ ɛdeɛn?”

ASCB: 13ASCB

Ɔbuaa sɛ, “Enti wonnim deɛ yeinom yɛ anaa?”Mebuaa sɛ, “Dabi, me wura.”

ASCB: 14ASCB

Nti ɔkaa sɛ, “Yeinom ne mmienu a wɔasra wɔn ngo sɛ wɔnsom Awurade a ɔdi ewiase nyinaa so.”