Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Sakaria Nwoma 11

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Sakaria Nwoma 11 Bible text

ASCB: 1ASCB

Buebue wʼapono, Ao Lebanon,na ogya mmɛhye wo ntweneduro!

ASCB: 2ASCB

Twa adwo wo pepeaa, na ntweneduro ahwe ase;wɔasɛe nnua a ɛwɔ animuonyam no!Twa adwo Basan adum;wɔabubu kwaeɛbirentuo no mu nnua no!

ASCB: 3ASCB

Tie nnwanhwɛfoɔ agyaadwoɔ;wɔasɛe wɔn adidibea frɔmfrɔm no!Tie agyata no mmobom;Yordan ho nkyɛkyerɛ fɛfɛ no asɛe!

ASCB: 4ASCB

Yei ne deɛ Awurade me Onyankopɔn seɛ: “Fa nnwankuo a wɔrebɛku wɔn no kɔ adidibea.

ASCB: 5ASCB

Atɔfoɔ no kunkumm nnwan no na wɔntwe wɔn aso. Wɔn a wɔtɔn nnwan no ka sɛ, ‘Monkamfo Awurade, mayɛ ɔdefoɔ!’ Na nnwan no ahwɛfoɔ no mpo nnya ahummɔborɔ mma wɔn.

ASCB: 6ASCB

Merenhunu asase no so nnipa mmɔbɔ bio,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “Mede obiara bɛhyɛ ne yɔnko ne ɔhene nsa. Wɔbɛhyɛ asase no so, na merennye obiara mfiri wɔn nsa mu.”

ASCB: 7ASCB

Enti mede nnwankuo a wɔrekɔkum wɔn no kɔɔ adidibea, ne titire ne wɔn a wɔayɛ mmɔbɔ no. Afei, mefaa poma mmienu, na mefrɛɛ baako Adɔeɛ ɛnna baako nso Nkabom na mede wɔn kɔɔ adidie.

ASCB: 8ASCB

Ɔbosome baako mu, mepamoo nnwanhwɛfoɔ mmiɛnsa no.Nnwankuo no ampɛ me, na wɔmaa me brɛeɛ

ASCB: 9ASCB

na mekaa sɛ, “Merenyɛ mo hwɛfoɔ bio. Wɔn a wɔrewu nwu, na wɔn a wɔreyera nso nyera. Na ma wɔn a aka no nso nkyekye wɔn ho wɔn ho nwe.”

ASCB: 10ASCB

Afei, mefaa me poma a mefrɛ no Adɔeɛ no bubuu mu de sɛee apam a me ne aman no nyinaa ayɛ no.

ASCB: 11ASCB

Wɔsɛee no ɛda no ara, na wɔn a wɔrehunu amane wɔ nnwankuo no mu a na wɔrehwɛ me no hunuu sɛ, ɛyɛ Awurade asɛm.

ASCB: 12ASCB

Na meka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ ɛbɛyɛ yie a, montua me ka, na sɛ ɛnte saa nso a, momma ɛntena hɔ.” Enti, wɔtuaa dwetɛ mpɔ aduasa maa me.

ASCB: 13ASCB

Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “To ma ɔnwomfoɔ no,” ɛboɔ a ɛsɔ ani a wɔatwa ama me no. Enti, mefaa dwetɛ mpɔ aduasa no, na meto maa ɔnwomfoɔ a ɔwɔ Awurade fie mu no.

ASCB: 14ASCB

Afei, mebuu me poma a ɛtɔ so mmienu a wɔfrɛ no Nkabom no mu, de sɛee onuayɛ a ɛda Yuda ne Israel ntam no.

ASCB: 15ASCB

Afei, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Fa odwanhwɛfoɔ kwasea no nneɛma no bio.

ASCB: 16ASCB

Na merebɛma odwanhwɛfoɔ bi asɔre asase no so a ɔrenhwehwɛ deɛ wayera. Ɔrempɛ nnwammaa akyiri ɛkwan, ɔrensa deɛ wapira yadeɛ, ɔremma deɛ ɔwɔ ahoɔden aduane, na mmom, ɔbɛwe nnwan a wadɔre no nam, na watwitwa wɔn tɔte.

ASCB: 17ASCB

“Nnome nka odwanhwɛfoɔ a ne ho nni mfasoɔ,na ɔdwane gya nnwankuo no!Akofena ntwa nʼabasa, ne nʼani nifa.Nʼabasa no nwu koraa,na nʼani nifa no mfira koraa!”