Scripture
Odiyifoɔ Sakaria Nwoma 10
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifoɔ Sakaria Nwoma 10 Bible text
Mommisa Awurade hɔ nsuo osutɔberɛ mu;ɛyɛ Awurade na ɔyɛ osutɔ mframa.Ɔma osuo tɔ ma nnipa nyinaa,ne mfudeɛ nso ma obiara.
Ahoni no ka nnaadaasɛm,nkɔmhyɛfoɔ nya anisoadehunu a ɛyɛ atorɔ;wɔde nkontomposɛm kyerɛ daeɛ ase,wɔma awerɛkyekyerɛ kwa.Enti nnipa no nenam te sɛ nnwana wɔnni ɔhwɛfoɔ na wɔhyɛ wɔn so.
“Mebo afu nnwanhwɛfoɔ no yie,na mɛtwe ntuanofoɔ no aso.Na Asafo Awurade bɛhwɛne nnwankuo a wɔyɛ Yuda fie no,na wayɛ wɔn sɛ animuonyam pɔnkɔ wɔ ɔsa mu.
Tweatiboɔ bɛfiri Yuda mu,na ntomadan pɛɛwa bɛfiri hɔ,ɔsa mu tadua bɛfiri Yuda mu,na sodifoɔ nyinaa nso saa ara.
Wɔbɛbɔ mu ayɛ sɛ nnɔmmarimaa wɔtiatia mmorɔno so atakyɛ mu wɔ ɔko mu.Esiane sɛ Awurade ka wɔn ho no enti,wɔbɛko na wɔadi apɔnkɔsotefoɔ no so.
“Mɛhyɛ Yuda fie denna magye Yosef fie no nkwa.Mede wɔn bɛsi wɔn dada muɛfiri sɛ me yam hyehye me wɔ wɔn ho.Wɔbɛyɛ te sɛ deɛmempoo wɔn mpo,na me ne Awurade wɔn Onyankopɔnna mɛgye wɔn so.
Efraimfoɔ bɛyɛ sɛ nnɔmmarima,wɔn ani bɛgye te sɛ deɛ wɔanom nsã.Wɔn mma bɛhunu na wɔn ani bɛgye;wɔbɛdi ahurisi wɔ wɔn akoma mu wɔ Awurade mu.
Ɛwom sɛ mɛhwete wɔn mu akɔ aman so,nanso wɔbɛkae me wɔ akyirikyiri nsase so.Wɔne wɔn mma bɛtena nkwa mu,na wɔbɛsane aba.
Mede wɔn bɛfiri Misraim abamɛboa wɔn ano afiri Asiria.Mede wɔn bɛba Gilead ne Lebanon,na wɔrensene hɔ.
Wɔbɛfa ɛpo mu ɔhaw ne abɛbrɛsɛ mu,nanso wɔbɛma ɛpo asorɔkye no atae dinn.Nil mu nsuo nyinaa bɛweAsiria ahomasoɔ nso wɔbɛbrɛ no asena Misraim ahempoma bɛtwam.