Skip to main content

Scripture

Nnwom 62

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 62 Bible text

ASCB: 1ASCB

Me ɔkra wɔ ahomegyeɛ wɔ Onyankopɔn nko ara mu;me nkwagyeɛ firi ne nkyɛn.

ASCB: 2ASCB

Ɔno nko ara ne me botan ne me nkwagyeɛ;ɔyɛ mʼaban, na merenhinhim da.

ASCB: 3ASCB

Mobɛkɔ so ahyɛ onipa baako so akɔsi da bɛn?Mo nyinaa mobɛsum no ahwe fam anaa?Mayɛ ɔfasuo a akyea, ɛban a ɛrebuo wɔ wɔn ani so.

ASCB: 4ASCB

Wɔayɛ adwene sɛ wɔbɛtu meafiri me diberɛ a ɛkorɔn no so;wɔn ani gye atorɔ die ho.Wɔde wɔn ano hyirana wɔn akoma mu deɛ, wɔdome.

ASCB: 5ASCB

Ao me kra, gye wʼahome wɔ Onyankopɔn nko ara mu;na ne mu na mʼanidasoɔ wɔ.

ASCB: 6ASCB

Ɔno nko ara ne me botan ne me nkwagyeɛ;ɔyɛ mʼaban, na merenhinhim.

ASCB: 7ASCB

Me nkwagyeɛ ne mʼanimuonyam gyina Onyankopɔn so;ɔyɛ me botan a ɛkorɔn, ne me dwanekɔbea.

ASCB: 8ASCB

Ao me nkurɔfoɔ, momfa mo ho nto ne so daa;monka mo akoma mu nsɛm nyinaa nkyerɛ no,ɛfiri sɛ Onyankopɔn ne yɛn dwanekɔbea.

ASCB: 9ASCB

Nnipa nyinaa te sɛ home;akɛseɛ ne nkumaa nyinaa nka hwee;sɛ wɔkari wɔn wɔ nsania so a, wɔnka hwee;wɔn nyinaa bɔ mu a, wɔyɛ home mu tutuo.

ASCB: 10ASCB

Mommfa mo ho nto nsisie sona monnhoahoa mo ho korɔnodeɛ ho;ɛwom sɛ mo ahonya dɔɔso deɛ,nanso mommfa mo akoma nto so.

ASCB: 11ASCB

Asɛm baako na Onyankopɔn aka,nsɛm mmienu na mateɛ sɛ,wo, Onyankopɔn, wo na wowɔ ahoɔden,

ASCB: 12ASCB

na wo, Awurade, wo na woyɛ adɔeɛ.Ampa ara, wobɛtua obiara kasɛdeɛ nʼadwuma teɛ.