Skip to main content

Scripture

Nnwom 61

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 61 Bible text

ASCB: 1ASCB

Ao Onyankopɔn, tie me sufrɛ;tie me mpaeɛbɔ.

ASCB: 2ASCB

Mefiri asase ano frɛ wo,mefrɛ wo ɛfiri sɛ mʼakoma atɔ baha;fa me kɔ ɔbotan a ɛware sene me no so.

ASCB: 3ASCB

Woayɛ me dwanekɔbea,aban a ɛyɛ den ma ɔtamfoɔ no.

ASCB: 4ASCB

Me kɔn dɔ sɛ metena wo ntomadan no mu afebɔɔna manya hintabea wɔ wo ntaban nwunu ase.

ASCB: 5ASCB

Woate me bɔhyɛ, Ao Onyankopɔn;na wode wɔn a wɔsuro wo din no agyapadeɛ ama me.

ASCB: 6ASCB

To ɔhene nkwa nna mu bebree;na ne mfeɛ mfiri awoɔ ntoatoasoɔ nkɔduru awoɔ ntoatoasoɔ.

ASCB: 7ASCB

Ma ɔnni ɔhene wɔ Onyankopɔn anim daa.Fa wʼadɔeɛ ne wo nokorɛ bɔ ne ho ban.

ASCB: 8ASCB

Afei mɛto ayɛyie dwom ama wo din daana madi me bɔhyɛ so daa nyinaa.Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ Yedutun.