Skip to main content

Scripture

Nnwom 40

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 40 Bible text

ASCB: 1ASCB

Mede boasetɔ twɛnee Awurade;na ɔhwɛɛ me, na ɔtee me sufrɛ.

ASCB: 2ASCB

Ɔyii me firii amena a emu yɛ toro mu,firii dɔteɛ ne atɛkyɛ mu;ɔde me nan sii ɔbotan sona ɔmaa me baabi pa gyinaeɛ.

ASCB: 3ASCB

Ɔde dwom foforɔ hyɛɛ mʼanom,ayɛyi dwom a yɛde ma yɛn Onyankopɔn.Bebree bɛhunu na wɔasurona wɔde wɔn werɛ ahyɛ Awurade mu.

ASCB: 4ASCB

Nhyira ne onipa aɔde Awurade yɛ nʼahotɔsoɔ,deɛ ɔmfa nʼani nto ahomasoɔ so,ne wɔn a wɔmane di anyame huhuo akyi.

ASCB: 5ASCB

Ao Awurade me Onyankopɔnwoayɛ anwanwadeɛ bebree.Nneɛma a wohyehyɛ maa yɛn noobiara ntumi nka ne nyinaa nkyerɛ wo;sɛ meka sɛ mereka ne nyinaa ho asɛm aɛbɛdɔɔso dodo.

ASCB: 6ASCB

Wompɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛdeɛ,woabue mʼaso ama mahunu;woampɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne bɔne afɔdeɛ.

ASCB: 7ASCB

Na mekaa sɛ “Mewɔ ha,merebɛyɛ deɛ wopɛ sɛ meyɛ, sɛdeɛ wɔatwerɛ afa me ho wɔ Mmara nwoma no mu no.

ASCB: 8ASCB

Ao me Onyankopɔn, mepɛ sɛ meyɛ wʼapɛdeɛ;mede wo mmara ahyɛ mʼakoma mu.”

ASCB: 9ASCB

Meka wo tenenee ho asɛm wɔ dwabɔ kɛseɛ ase;meremmua mʼano,Ao Awurade, sɛdeɛ wonim no.

ASCB: 10ASCB

Meremfa wo tenenee ho asɛm nsie mʼakoma mu;meka wo nokorɛ ne wo nkwagyeɛ ho asɛm.Mankata wʼadɔeɛ ne wo nokorɛ sowɔ dwabɔ kɛseɛ no ase.

ASCB: 11ASCB

Ao Awurade, nyi wʼahummɔborɔ mfiri me so;ma wʼadɔeɛ ne wo nokorɛ mmɔ me ho ban daa.

ASCB: 12ASCB

Ɔhaw bebree atwa me ho ahyia;mʼamumuyɛ abu afa me so enti menhunu adeɛ bio.Ɛdɔɔso sene me tiri so nwi,na mʼakoma aboto wɔ me mu.

ASCB: 13ASCB

Ao Awurade, ma ɛnsɔ wʼani sɛ wobɛboa me;Ao Awurade, bra ntɛm bɛboa me.

ASCB: 14ASCB

Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkum me no nyinaa,ma wɔn anim ngu ase na wɔnyɛ basaa;ma wɔn a wɔpɛ sɛ mesɛeɛ no,wɔmfa aniwuo nsane wɔn akyi.

ASCB: 15ASCB

Wɔn a wɔka “Ɔtwea! Ɔtwea!” kyerɛ me no,ma wɔn ho nnwiri wɔn wɔ wɔn ankasa animguaseɛ ho.

ASCB: 16ASCB

Nanso ma wɔn a wɔhwehwɛ wo nyinaaani nnye na wɔnni ahurisie wɔ wo mu;ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagyeɛ no nka daa sɛ,“Momma Awurade so!”

ASCB: 17ASCB

Nanso meyɛ ohiani ne mmɔborɔni;ma Awurade nnwene me ho.Wone me ɔboafoɔ ne me gyefoɔ;Ao me Onyankopɔn, bra ntɛm.Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.