Skip to main content

Scripture

Nnwom 39

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 39 Bible text

ASCB: 1ASCB

Mekaa sɛ, “Mɛhwɛ mʼakwan yiena mamfa me tɛkrɛma anyɛ bɔne;mɛto mʼano nnarekaɛberɛ a amumuyɛfoɔ bɛne me yi.

ASCB: 2ASCB

Nanso brɛ a meyɛɛ komma manka asɛm papa biara mpo nomʼapinisie mu yɛɛ den.

ASCB: 3ASCB

Mʼakoma ho dwanee no wɔ me muna metee nka sɛ ogya redɛre wɔ me muna afei mede me tɛkrɛma kasaeɛ sɛ:

ASCB: 4ASCB

“Ao Awurade, ma menhunu me nkwa awieeɛne me nna dodoɔ;ma menhunu sɛdeɛ me nkwa twa mu ntɛm so.

ASCB: 5ASCB

Woayɛ me nna sɛ nsateakwaa baako pɛ;na me mfeɛ dodoɔ nyɛ hwee wɔ wʼani so.Onipa nkwa yɛ ahomeɛ bi kɛkɛ.

ASCB: 6ASCB

Onipa redi akɔneaba nyinaa no, ɔte sɛ sunsum bi kwa;ɔha ne ho, nanso ɔyɛ kwa;ɔboa ahonya ano, na ɔnnim deɛ ɛbɛyɛ ne dea.

ASCB: 7ASCB

“Afei Awurade ɛdeɛn na merehwehwɛ?Mʼanidasoɔ wɔ wo mu.

ASCB: 8ASCB

Gye me firi me bɔne nyinaa mu;mma mennyɛ nkwaseafoɔ aseredeɛ.

ASCB: 9ASCB

Meyɛɛ komm, na mammue mʼanoɛfiri sɛ, wo na woayɛ yei.

ASCB: 10ASCB

Yi wʼasotwe firi me so;wo nsa ano amanehunu amene me.

ASCB: 11ASCB

Woka nnipa anim, na wotwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho;wosɛe wɔn ahonya te sɛ nweweboaonipa biara yɛ ahomeɛ kɛkɛ.

ASCB: 12ASCB

“Ao Awurade, tie me mpaeɛbɔ,tie me sufrɛ;nsi wʼaso wɔ me su hoMe ne wo te hɔ sɛ ɔhɔhoɔ,sɛdeɛ na mʼagyanom nyinaa teɛ no.

ASCB: 13ASCB

Yi wʼani firi me so na manya anigyeɛ bioansa na mafiri ha a mente ase bio.”Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.