Skip to main content

Scripture

Nnwom 22

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 22 Bible text

ASCB: 1ASCB

Me Onyankopɔn, me Onyankopɔn, adɛn enti na woagya me?Adɛn enti na me nkwagyeɛ ne wo ntam aware,adɛn na mʼapinisie nsɛm ne wo ntam aware?

ASCB: 2ASCB

Ao me Onyankopɔn, mesu frɛ wo awia, nanso wonnye me so,mefrɛ wo anadwo, nanso mennya ɔhome.

ASCB: 3ASCB

Nanso, wɔasi wo ɔhene sɛ Ɔkronkronni;wo na Israel kamfo woɔ.

ASCB: 4ASCB

Wo mu na yɛn agyanom de wɔn werɛ hyɛeɛ;wɔgyee wo diiɛ, na wogyee wɔn.

ASCB: 5ASCB

Wɔsu frɛɛ wo na wogyee wɔn,wɔde wɔn ho too wo so na woanni wɔn hwammɔ.

ASCB: 6ASCB

Nanso meyɛ ɔsonsono, na menyɛ onipannipa bɔ me ahohora na wɔbu me animtiaa.

ASCB: 7ASCB

Obiara a ɔhunu me di me ho fɛw;wɔtwa me adapaa, woso wɔn ti ka sɛ:

ASCB: 8ASCB

“Ɔde ne ho to Awurade so;ma Awurade mmɛgye no.Ma ɔmmɛboa no,ɛfiri sɛ ɔwɔ ne mu anigyeɛ.”

ASCB: 9ASCB

Wo na woyii me firii awotwaa mu baeɛna womaa mede me ho too wo soɛberɛ a metua me maame nufoɔ ano mpo.

ASCB: 10ASCB

Ɛfiri mʼawoɔ mu na wɔde me too wo soɔ;ɛfiri me maame yafunu mu, woayɛ me Onyankopɔn.

ASCB: 11ASCB

Ntwe wo ho mfiri me ho!Ɛfiri sɛ amaneɛ abɛnna ɔboafoɔ nni baabi.

ASCB: 12ASCB

Anantwinini bebree atwa me ho ahyia;Basan anantwinini a wɔn ho yɛ den atwa me ho ahyia.

ASCB: 13ASCB

Gyata a wɔbobom na wɔtete wɔn ahaboa muabuebue wɔn anom tɛtrɛɛ de kyerɛ me.

ASCB: 14ASCB

Wɔahwie me agu sɛ nsuo,na me nnompe nyinaa ahodwo.Mʼakoma adane ayɛ sɛ nku;anane afiri me mu.

ASCB: 15ASCB

Mʼahoɔden awe te sɛ kyɛmferɛ mu.Na me tɛkrɛma atare mʼanom.Wode me ato owuo mfuturo mu.

ASCB: 16ASCB

Nkraman atwa me ho ahyiannebɔneyɛfoɔ kuo atwa me ho ahyia,wɔahwire me nsa ne me nan mu.

ASCB: 17ASCB

Mɛtumi akan me nnompe nyinaa;Mʼatamfoɔ di me nhwɛhaa na wɔsere me.

ASCB: 18ASCB

Wɔkyɛ me atadeɛ mu fa,na wɔbɔ me ntoma so ntonto.

ASCB: 19ASCB

Na wo, Ao Awurade, ntwe wo ho.Ao mʼAhoɔden bra ntɛm bɛboa me.

ASCB: 20ASCB

Gye me kra firi akofena ano;gye me nkwa a ɛsom bo no firi nkraman tumi ase.

ASCB: 21ASCB

Gye me nkwa firi gyata anom;gye me firi ɛkoɔ mmɛn so.

ASCB: 22ASCB

Mɛbɔ wo din akyerɛ me nuanom;mɛkamfo wo wɔ wɔn a wɔahyia hɔ no nyinaa anim.

ASCB: 23ASCB

Monkamfo Awurade, mo a mosuro no no!Mo a moyɛ Yakob asefoɔ, monhyɛ no animuonyam!Mo Israel asefoɔ nyinaa, monni no ni!

ASCB: 24ASCB

Ɔmmuu nʼani nguuɔmanehunufoɔ ateetee so,ɔmfaa nʼanim nhintaa no;na mmom watie ne sufrɛ a ɔde repɛ mmoa.

ASCB: 25ASCB

Me botaeɛ a mede yi wo ayɛ wɔ badwa mu no firi wo;mɛdi me bɔhyɛ so wɔ wɔn a wɔsuro wo no anim.

ASCB: 26ASCB

Ahiafoɔ bɛdidi na wɔamee;wɔn a wɔhwehwɛ Awurade bɛyi no ayɛ.Mo akoma nnya nkwa daa.

ASCB: 27ASCB

Asase ano nyinaabɛkae akɔ Awurade nkyɛn,na amanaman no mmusua nyinaabɛkoto nʼanim,

ASCB: 28ASCB

ɛfiri sɛ ahennie wɔ Awuradena ɔdi amanaman so ɔhene.

ASCB: 29ASCB

Asase so adefoɔ nyinaa bɛdidi na wɔasɔre no;wɔn a wɔkɔ dɔteɛ mu nyinaa bɛbu nkotodwe nʼanim,wɔn a wɔrentumi mma nkwa mu.

ASCB: 30ASCB

Nkyirimma nyinaa bɛsom no;wɔbɛka Awurade ho asɛm akyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ.

ASCB: 31ASCB

Wɔbɛka ne tenenee akyerɛnnipa a wɔnnya nwoo wɔnɛfiri sɛ ɔno na wayɛ.