Skip to main content

Scripture

Nnwom 21

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 21 Bible text

ASCB: 1ASCB

Ao Awurade, ɔhene no anigye wɔ wʼahoɔden mu.Nʼani gye mmorosoɔ wɔ nkonimdie a wo ma no nti!

ASCB: 2ASCB

Woama no deɛ nʼakoma pɛ;woamfa nʼabisadeɛ ankame no.

ASCB: 3ASCB

Wode nhyira a ɛdi mu hyiaa nona wode sikakɔkɔɔ amapa ahenkyɛ hyɛɛ no.

ASCB: 4ASCB

Ɔbisaa wo hɔ nkwa, na wode maa no,nna tentene a ɛnni awieeɛ.

ASCB: 5ASCB

Nkonimdie a woma no enti, nʼanimuonyam so;wode kɛseyɛ ne anidie adom no.

ASCB: 6ASCB

Ampa ara, woama no nhyira a ɛnsa dana wo nsrahwɛ ama me ho ahosɛpɛ me.

ASCB: 7ASCB

Ɔhene no de ne ho to Awurade so;Ɔsorosoroni no nokorɛ dɔ no enti,Ɔhene renhinhim.

ASCB: 8ASCB

Wo nsa bɛka wʼatamfoɔ nyinaa;wo nsa nifa bɛsɔ wɔn a wɔkyiri woɔ mu.

ASCB: 9ASCB

Ɛberɛ a wobɛyi wo ho adi nowobɛyɛ wɔn sɛ fononoo a emu adɔ. Awurade firi nʼabufuhyeɛ mu bɛmene wɔn,na ne ogya no ahye wɔn.

ASCB: 10ASCB

Wobɛtɔre wɔn ase wɔ asase so,na wɔn asefoɔ afiri adasamma mu.

ASCB: 11ASCB

Ɛwom sɛ wɔbɔ pɔ tia wona wɔyɛ nhyehyɛeɛ bɔne, nanso wɔrenni nkonim;

ASCB: 12ASCB

ɛfiri sɛ wobɛma wɔasane wɔn akyiɛberɛ a woatwe bɛmma akyerɛ wɔn so.

ASCB: 13ASCB

Yɛma wo so, Ao Awurade, wɔ wʼahoɔden mu;yɛbɛto nnwom na yɛakamfo wo kɛseyɛ.Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Adekyeeɛ foroteɛ” dwom.