Skip to main content

Scripture

Nnwom 144

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 144 Bible text

ASCB: 1ASCB

Nkamfoɔ nka Awurade, me Botan,deɛ ɔkyerɛkyerɛ me nsa akodie,na ɔkyerɛkyerɛ me nsateaa akodie.

ASCB: 2ASCB

Ɔyɛ mʼadɔeɛ Onyankopɔn ne mʼaban,mʼabandenden ne me ɔgyefoɔ,me kyɛm a mewɔ dwanekɔbea wɔ ne mu;ɔno na ɔka nnipa hyɛ mʼase.

ASCB: 3ASCB

Ao Awurade, hwan ne onipa, a wʼani ku ne ho?Hwan ne onipa ba, a wodwene ne ho yi?

ASCB: 4ASCB

Onipa te sɛ ahomeɛ;ne nna te sɛ sunsum a ɛretwam.

ASCB: 5ASCB

Ao Awurade, firi ɔsoro hɔ na siane bra fam;fa wo nsa ka mmepɔ, na ɛmfiri wisie.

ASCB: 6ASCB

Soma anyinam na bɔ atamfoɔ no hwete;to wo mmemma no ma wɔn nnwane.

ASCB: 7ASCB

Tene wo nsa firi soro bra fam;gye me na yi mefiri nsuo akɛseɛ ho,firi ananafoɔ nsam,

ASCB: 8ASCB

wɔn a atorɔ ayɛ wɔn anomu ma,na wɔn nsa nifa yɛ nnaadaa.

ASCB: 9ASCB

Ao Onyankopɔn, mɛto dwom foforɔ ama wo;mɛto dwom wɔ sankuo a nhoma edu gu soɔ so ama wo,

ASCB: 10ASCB

ama Ɔbaako a ɔde nkonimdie ma ahemfo,na ɔgye ne ɔsomfoɔ Dawid firi akofena kɔdiawuo ano.

ASCB: 11ASCB

Gye me na yi me firiananafoɔ nsam,wɔn a atorɔ ayɛ wɔn anomu mana wɔn nsa nifa yɛ nnaadaa.

ASCB: 12ASCB

Afei yɛn mmammarima mmeranteberɛbɛyɛ sɛ afifideɛ a wɔahwɛ so yie,na yɛn mmammaa bɛyɛ sɛ aduma wɔasene de asiesie ahemfie.

ASCB: 13ASCB

Yɛn asan bɛyɛ ma.Aduane ahodoɔ biara bɛba mu bi.Yɛn nnwan bɛdɔɔso ayɛ mpem mpem,ayɛ mpemdu du wɔ yɛn mfuo so;

ASCB: 14ASCB

yɛn anantwie bɛtwe nnuane a ɛdɔɔso na emu yɛ duru.Obiara rentumi nnwiri yɛn afasuo ngu;yɛrenkɔ nkoasom mu,na agyaadwotwa remma yɛn mmɔntene so.

ASCB: 15ASCB

Nhyira nka nnipa a ɛbɛba mu saa ama wɔn.Nhyira nka nnipa a wɔn Onyankopɔn ne Awurade.