Skip to main content

Scripture

Nnwom 143

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 143 Bible text

ASCB: 1ASCB

Ao Awurade, tie me mpaeɛbɔ,tie me nkotosrɛ;wɔ wo nokorɛdie ne tenenee mubra bɛboa me.

ASCB: 2ASCB

Mfa wʼakoa nkɔ atemmuo mu,na ɔteasefoɔ biara ntene wɔ wʼanim.

ASCB: 3ASCB

Ɔtamfoɔ no taa me,ɔbɔ me hwe fam;ɔma me tena esum mute sɛ wɔn a wɔawuwu dadaada.

ASCB: 4ASCB

Ɛno enti me honhom atɔ piti wɔ me mu;na mʼakoma aba mu abu wɔ me mu.

ASCB: 5ASCB

Mekae tete nna no;medwendwene wo nnwumane deɛ wo nsa ayɛ nyinaa ho.

ASCB: 6ASCB

Mepagya me nsa kyerɛ wo;wo ho sukɔm de me kra sɛ asase wesee.

ASCB: 7ASCB

Ao Awurade, gye me so ntɛm;me honhom tɔ piti.Mfa wʼanim nhinta meanyɛ saa a, mɛyɛ sɛ wɔn a wɔkɔ amena mu no.

ASCB: 8ASCB

Ma mente wʼadɔeɛ a ɛnsa da no ho asɛm daa anɔpa,na mede me ho ato wo so.Kyerɛ me ɛkwan a memfa so,na wo na mema me kra so kyerɛ.

ASCB: 9ASCB

Ao Awurade gye me firi mʼatamfoɔ nsam,na wo mu na mede me ho hinta.

ASCB: 10ASCB

Kyerɛ me na menyɛ wʼapɛdeɛ,na wo ne me Onyankopɔn;ma wo honhom pa nonni me ɛkan wɔ asase tamaa so.

ASCB: 11ASCB

Ao Awurade, wo din enti, kyɛe me nkwa so;wo tenenee mu, yi me firi ɔhaw mu.

ASCB: 12ASCB

Wɔ wʼadɔeɛ a ɛnsa da no mu, yi mʼatamfoɔ hɔ;na sɛe wɔn a wɔkyiri me nyinaa,na meyɛ wo ɔsomfoɔ.