Skip to main content

Scripture

Nnwom 119

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 119 Bible text

ASCB: 1ASCB

Nhyira nka wɔn a wɔn akwan yɛ pɛna wɔnante sɛdeɛ Awurade mmara kyerɛ.

ASCB: 2ASCB

Nhyira nka wɔn a wɔkora nʼahyɛdeɛ,na wɔfiri wɔn akoma nyinaa mu hwehwɛ no.

ASCB: 3ASCB

Wɔnnyɛ mfomsoɔ biara;na wɔnam nʼakwan so.

ASCB: 4ASCB

Woayɛ nkyerɛkyerɛ pa ato hɔa ɛsɛ sɛ wɔdi so pɛpɛɛpɛ.

ASCB: 5ASCB

Ao sɛ mʼakwan bɛyɛ teesɛdeɛ wo ɔhyɛ nsɛm no teɛ.

ASCB: 6ASCB

Sɛ mehwɛ wʼahyɛdeɛ no aɛnneɛ, anka mʼanim rengu ase.

ASCB: 7ASCB

Mede akoma a emu teɛ bɛkamfo woɛberɛ a meresua wo mmara a ɛtene no.

ASCB: 8ASCB

Mɛdi wo ɔhyɛ nsɛm so;na nnya me korakora.

ASCB: 9ASCB

Aberanteɛ bɛyɛ dɛn na nʼakwan ho ate?Ɛsɛ sɛ ɔdi wʼasɛm so.

ASCB: 10ASCB

Mede mʼakoma nyinaa hwehwɛ wo;mma me mmane mfiri wo mmaransɛm ho.

ASCB: 11ASCB

Mede wʼasɛm asie mʼakoma musɛdeɛ merenyɛ bɔne ntia wo.

ASCB: 12ASCB

Ao Awurade, nkamfo wɔ wo;kyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm.

ASCB: 13ASCB

Mede mʼano ka mmaraa ɛfiri wʼanomu nyinaa.

ASCB: 14ASCB

Mʼani gye sɛ medi wʼahyɛdeɛ sote sɛdeɛ obi anigye ahonya bebree ho no.

ASCB: 15ASCB

Medwendwene wo nkyerɛkyerɛ hona mehwehwɛ wʼakwan mu.

ASCB: 16ASCB

Mʼani gye wo ɔhyɛ nsɛm ho;na merentoto wʼasɛm ase.

ASCB: 17ASCB

Yɛ wo ɔsomfoɔ yie;na matena ase adi wʼasɛm so.

ASCB: 18ASCB

Bue mʼani na menhunu anwanwadeɛ aɛwɔ wo mmara no mu.

ASCB: 19ASCB

Meyɛ ɔnanani wɔ asase so;mfa wo mmaransɛm no nhinta me.

ASCB: 20ASCB

Me kra tɔ baha ɛberɛ biarawɔ wo mmara ho anigyina enti.

ASCB: 21ASCB

Woka ahantanfoɔ anim, wɔn a wɔadome wɔn,na wɔmane firi wo mmaransɛm ho no.

ASCB: 22ASCB

Yi kasatia ne animtiabuo firi me mu,ɛfiri sɛ medi wʼahyɛdeɛ so.

ASCB: 23ASCB

Ɛwom sɛ sodifoɔ hyia di me ho nsekuro,nanso wo ɔsomfoɔ bɛdwendwene wo ɔhyɛ nsɛm ho.

ASCB: 24ASCB

Wʼahyɛdeɛ yɛ mʼanigyedeɛna ɛyɛ me fotufoɔ.

ASCB: 25ASCB

Woabrɛ me ase ma meda mfuturo mu.Kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wʼasɛm no teɛ.

ASCB: 26ASCB

Mesesee mʼakwan na wogyee me so;kyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm.

ASCB: 27ASCB

Ma mente deɛ ɛwɔ wo nkyerɛkyerɛ mu ase;na mɛdwendwene wʼanwanwadeɛ ho.

ASCB: 28ASCB

Awerɛhoɔ ama me ɔkra atɔ baha;hyɛ me den sɛdeɛ wʼasɛm no kyerɛ.

ASCB: 29ASCB

Yi me firi nnaadaa akwan so;na fa wo mmara so dom me.

ASCB: 30ASCB

Mafa nokorɛ kwan no so;mede mʼakoma adi wo mmara akyi.

ASCB: 31ASCB

Ao Awurade, mekura wo nkyerɛkyerɛ mu dendenmma mʼanim ngu ase.

ASCB: 32ASCB

Metu mmirika wɔ wo mmaransɛm kwan no so,ɛfiri sɛ wama mʼakoma atɔ me yam.

ASCB: 33ASCB

Kyerɛkyerɛ me, Ao Awurade, na menni wo ɔhyɛ nsɛm so,na mɛdi so akɔsi awieeɛ.

ASCB: 34ASCB

Ma me nteaseɛ, na mɛdi wo mmara so,na mede mʼakoma nyinaa bɛdi so.

ASCB: 35ASCB

Kyerɛ me wo mmaransɛm kwan nona ɛhɔ na menya anigyeɛ.

ASCB: 36ASCB

Dane mʼakoma kɔ wʼahyɛdeɛ hona ɛmfiri pɛsɛmenkomenya ho.

ASCB: 37ASCB

Yi mʼani firi nneɛma hunu so;na kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wʼasɛm teɛ.

ASCB: 38ASCB

Di ɛbɔ a woahyɛ wo ɔsomfoɔ no so,na wasuro wo.

ASCB: 39ASCB

Yi animguaseɛ a ɛbɔ me hu no firi hɔ,ɛfiri sɛ wo mmara yɛ papa.

ASCB: 40ASCB

Mʼani agyina wo nkyerɛkyerɛ no!Kyɛe me nkwa so wɔ wo tenenee mu.

ASCB: 41ASCB

Ao Awurade, ma wo dɔ a ɛnsa da no mmra me so,wo nkwagyeɛ no sɛdeɛ wo bɔhyɛ no teɛ.

ASCB: 42ASCB

Afei, mɛbua deɛ ɔyi me ahi no,ɛfiri sɛ mewɔ wʼasɛm mu ahotosoɔ.

ASCB: 43ASCB

Nyi nokwasɛm no mfiri mʼanom,ɛfiri sɛ mʼanidasoɔ wɔ wo mmara mu.

ASCB: 44ASCB

Mɛdi wo mmara so ɛberɛ biaraakɔsi daa apem.

ASCB: 45ASCB

Mede ahofadie bɛnanteɛfiri sɛ mahwehwɛ wo nkyerɛkyerɛ.

ASCB: 46ASCB

Mɛka wʼahyɛdeɛ ho asɛm wɔ ahemfo animna mʼanim rengu ase,

ASCB: 47ASCB

ɛfiri sɛ mʼani gye wo mmaransɛm hona medɔ no.

ASCB: 48ASCB

Mede anidie ma wo mmaransɛm a medɔ no,na medwendwene wo ɔhyɛ nsɛm ho.

ASCB: 49ASCB

Kae asɛm a woaka akyerɛ wo ɔsomfoɔ,ɛfiri sɛ woama me anidasoɔ.

ASCB: 50ASCB

Mʼawerɛkyekyerɛ wɔ mʼamanehunu mu ne sɛ:Wo bɔhyɛ kyɛe me nkwa so.

ASCB: 51ASCB

Ahantanfoɔ bu me animtia bebree,nanso mennane mfiri wo mmara ho.

ASCB: 52ASCB

Ao Awurade mekae wo tete mmara no,na menya awerɛkyekyerɛ wɔ mu.

ASCB: 53ASCB

Abufuo hyɛ me ma, ɛsiane amumuyɛfoɔa wɔapo wo mmara enti.

ASCB: 54ASCB

Wo ɔhyɛ nsɛm yɛ me dwom tibanwɔ baabiara a mesoɛ.

ASCB: 55ASCB

Ao Awurade, anadwo mekae wo din,na mɛdi wo mmara so.

ASCB: 56ASCB

Yei ne adeɛ a meyɛ da biara,medi wo nkyerɛkyerɛ so.

ASCB: 57ASCB

Ao Awurade, wone me kyɛfa;mahyɛ bɔ sɛ mɛdi wo nsɛm so.

ASCB: 58ASCB

Mede mʼakoma nyinaa ahwehwɛ wo;hunu me mmɔbɔ sɛdeɛ wo bɔhyɛ no teɛ.

ASCB: 59ASCB

Madwene mʼakwan hona madane mʼanammɔntuo akyerɛ wʼahyɛdeɛ.

ASCB: 60ASCB

Mɛyɛ ntɛm, merentwentwɛnsɛ mɛdi wo mmaransɛm soɔ.

ASCB: 61ASCB

Ɛwom sɛ amumuyɛfoɔ de ahoma kyekyere menanso me werɛ remfiri wo mmara.

ASCB: 62ASCB

Ɔdasuom, mesɔre de wʼaseda ma wowo mmara a ɛtene enti.

ASCB: 63ASCB

Meyɛ wɔn a wɔsuro woɔ nyinaa adamfo,wɔn a wɔdi wo nkyerɛkyerɛ soɔ nyinaa.

ASCB: 64ASCB

Ao Awurade, wʼadɔeɛ ahyɛ asase so ma;kyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm.

ASCB: 65ASCB

Wo ne wo ɔsomfoɔ nni no yiesɛdeɛ wʼasɛm teɛ, Ao Awurade.

ASCB: 66ASCB

Kyerɛkyerɛ me nimdeɛ ne atemmuo pa,ɛfiri sɛ megye wo mmaransɛm no di.

ASCB: 67ASCB

Ansa na merebɛhunu amane no, mefomm ɛkwan,na seesei deɛ, medi wʼasɛm so.

ASCB: 68ASCB

Woyɛ, na deɛ woyɛ nso yɛ;kyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm.

ASCB: 69ASCB

Ahantanfoɔ de atorɔ afɔre me ho,nanso mede mʼakoma nyinaa di wo nkyerɛkyerɛ so.

ASCB: 70ASCB

Wɔn akoma yɛ den na wɔnni tema,nanso mʼani gye wo mmara ho.

ASCB: 71ASCB

Ɛyɛ sɛ mehunuu amanesɛdeɛ mɛsua wo ɔhyɛ nsɛm.

ASCB: 72ASCB

Mmara a ɛfiri wʼanomu no som bo ma mesene dwetɛ ne sikakɔkɔɔ mpempem.

ASCB: 73ASCB

Wo nsa na ɛbɔɔ me na ɛnwonoo me;ma me nteaseɛ a mede bɛsua wo mmaransɛm.

ASCB: 74ASCB

Sɛ wɔn a wɔsuro wo no hunu me a, ma wɔn ani nnye,ɛfiri sɛ mede mʼanidasoɔ ahyɛ wʼasɛm mu.

ASCB: 75ASCB

Ao Awurade, menim sɛ wo mmara tene,na nokorɛdie mu na woatwe mʼaso.

ASCB: 76ASCB

Ma wʼadɔeɛ a ɛnsa da nkyekyere me werɛsɛdeɛ ɛbɔ a woahyɛ wo ɔsomfoɔ no teɛ.

ASCB: 77ASCB

Ma wʼayamhyehyeɛ mmra me so, na mennya nkwa,ɛfiri sɛ mʼani ka wo mmara ho.

ASCB: 78ASCB

Ma ahantanfoɔ ani nwu wɔ bɔne a wɔyɛɛ me,nanso, mɛdwendwene wo nkyerɛkyerɛ ho.

ASCB: 79ASCB

Ma wɔn a wɔsuro wo no mmra me nkyɛn,wɔn a wɔte wo mmara ase no.

ASCB: 80ASCB

Ma mʼakoma nnya bembuo wɔ wo ɔhyɛ nsɛm ho,na mʼanim angu ase.

ASCB: 81ASCB

Wo nkwagyeɛ ho anigyina ama me ɔkra atɔ baha,nanso mede mʼanidasoɔ ahyɛ wʼasɛm mu.

ASCB: 82ASCB

Mahwɛ wo bɔhyɛ anim ama mʼani abu;meka sɛ, “Da bɛn na wobɛkyekyere me werɛ?”

ASCB: 83ASCB

Ɛwom sɛ mete sɛ nsã kotokuo a ɛsɛn wisie ano deɛ,nanso me werɛ remfiri wo ɔhyɛ nsɛm.

ASCB: 84ASCB

Wo ɔsomfoɔ ntwɛn nkɔsi da bɛn?Da bɛn na wobɛtwe wɔn a wɔtaa me no aso?

ASCB: 85ASCB

Ahantanfoɔ atu amena de asum me afidie,a ɛne wo mmara bɔ abira.

ASCB: 86ASCB

Wo mmaransɛm nyinaa mu wɔ ahotosoɔ;boa me ɛfiri sɛ nnipa teetee me kwa.

ASCB: 87ASCB

Ɛkaa kakra bi na wɔyi me firi asase so,nanso mennyaa wo nkyerɛkyerɛ so die.

ASCB: 88ASCB

Kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wʼadɔeɛ teɛ,na mɛdi nkyerɛkyerɛ a ɛfiri wʼanomu no so.

ASCB: 89ASCB

Ao Awurade, wʼasɛm no tim hɔ daa;ɛgyina hɔ pintinn wɔ ɔsorosoro.

ASCB: 90ASCB

Wo nokorɛdie kɔ so wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu;wode asase sii hɔ, na ɛtim hɔ.

ASCB: 91ASCB

Wo mmara wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ,na nneɛma nyinaa som wo.

ASCB: 92ASCB

Sɛ mʼani anka wo mmara no ho a,anka mʼamanehunu akum me.

ASCB: 93ASCB

Me werɛ remfiri wo nkyerɛkyerɛ no,ɛfiri sɛ ɛno so na wonam akyɛe me nkwa so.

ASCB: 94ASCB

Gye me nkwa, na meyɛ wo dea;na mahwehwɛ wo nkyerɛkyerɛ no.

ASCB: 95ASCB

Amumuyɛfoɔ retwɛn sɛ wɔbɛsɛe me,nanso, mɛdwendwene wʼahyɛdeɛ ho.

ASCB: 96ASCB

Mahunu sɛ pɛyɛ nyinaa wɔ deɛ ɛkɔpem;nanso wo mmaransɛm no nni hyeɛ.

ASCB: 97ASCB

Ao medɔ wo mmara no!Medwendwene ho ɛda mu nyinaa.

ASCB: 98ASCB

Wo mmaransɛm ma me hunu nyansa sene mʼatamfoɔ,ɛfiri sɛ ɛwɔ me nkyɛn daa.

ASCB: 99ASCB

Mewɔ nhunumu sene mʼakyerɛkyerɛfoɔ nyinaa,ɛfiri sɛ medwendwene wʼahyɛdeɛ ho.

ASCB: 100ASCB

Mewɔ nteaseɛ sene mpanimfoɔ,ɛfiri sɛ medi wo nkyerɛkyerɛ so.

ASCB: 101ASCB

Memfaa me nan nsii ɛkwan bɔne biara sosɛdeɛ mɛtumi ayɛ ɔsetie ama wʼasɛm.

ASCB: 102ASCB

Memmane memfirii wo mmara ho,ɛfiri sɛ wʼankasa na woakyerɛkyerɛ me.

ASCB: 103ASCB

Wo nsɛm yɛ me dɛ,ɛyɛ dɛ sene ɛwoɔ wɔ mʼanom.

ASCB: 104ASCB

Menya nteaseɛ firi wo nkyerɛkyerɛ mu;enti mekyiri ɛkwan bɔne biara.

ASCB: 105ASCB

Wʼasɛm yɛ me nan ase kaneane mʼakwan so hann.

ASCB: 106ASCB

Maka ntam ahyɛ mu kena sɛmɛdi wo tenenee mmara no so.

ASCB: 107ASCB

Mahunu amane bebree;kyɛe me nkwa so, Ao Awurade, sɛdeɛ wʼasɛm teɛ.

ASCB: 108ASCB

Ao Awurade, ma wʼani nsɔ mʼanom nkamfo a ɛfiri me pɛ mu,na kyerɛkyerɛ me wo mmara.

ASCB: 109ASCB

Ɛwom sɛ daa metoto me nkwa ase,nanso me werɛ remfiri wo mmara.

ASCB: 110ASCB

Amumuyɛfoɔ asum me afidienanso memfom memfirii wo nkyerɛkyerɛ ho.

ASCB: 111ASCB

Wʼahyɛdeɛ yɛ mʼagyapadeɛ afebɔɔ;ɛma mʼakoma ani gye.

ASCB: 112ASCB

Mʼakoma ayɛ krado sɛ ɛbɛhwɛ wo ɔhyɛ nsɛm soakɔsi awieeɛ.

ASCB: 113ASCB

Mekyiri nnipa a wɔn adwene yɛ wɔn ntanta,na medɔ wo mmara.

ASCB: 114ASCB

Wone me dwanekɔbea ne me kyɛm;mede mʼanidasoɔ ahyɛ wʼasɛm mu.

ASCB: 115ASCB

Momfiri me so nkɔ, mo nnebɔneyɛfoɔ,na menni me Onyankopɔn mmaransɛm so!

ASCB: 116ASCB

Wowa me sɛdeɛ wo bɔhyɛ no teɛ, na mɛtena nkwa mu;mma mʼanidasoɔ nyɛ kwa.

ASCB: 117ASCB

Sɔ me mu, na menya nkwagyeɛ;na ɛberɛ biara mɛhwɛ wo ɔhyɛ nsɛm no.

ASCB: 118ASCB

Wopo wɔn a wɔfom wo ɔhyɛ nsɛm nyinaa,na wɔn nnaadaa no yɛ ɔkwa.

ASCB: 119ASCB

Woyi amumuyɛfoɔ nyinaa si nkyɛn sɛ dadeben;enti medɔ wʼahyɛdeɛ.

ASCB: 120ASCB

Wo ho suro ma me ho popo;wo mmara abɔ me hu.

ASCB: 121ASCB

Mayɛ deɛ ɛtene na ɛyɛ pɛ.Nnyaa me mma wɔn a wɔhyɛ me soɔ!

ASCB: 122ASCB

Hwɛ ma wo ɔsomfoɔ nni yie;mma ahantanfoɔ nhyɛ me so.

ASCB: 123ASCB

Mahwɛ wo nkwagyeɛ anim ama mʼani abu,ɛrehwehwɛ wo bɔhyɛ a ɛtene no.

ASCB: 124ASCB

Wo ne wo ɔsomfoɔ nni no sɛdeɛ wʼadɔeɛ teɛna kyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm.

ASCB: 125ASCB

Meyɛ wo ɔsomfoɔ; ma me nhunumuna mate wʼahyɛdeɛ ase.

ASCB: 126ASCB

Ao Awurade, ɛberɛ aso sɛ woyɛ biribi;wɔrebu wo mmara so.

ASCB: 127ASCB

Esiane sɛ medɔ wo mmaransɛmsene sikakɔkɔɔ, anaa sikakɔkɔɔ amapa,

ASCB: 128ASCB

na medwene sɛ wo nkyerɛkyerɛ nyinaa yɛ entimekyiri ɛkwan bɔne biara.

ASCB: 129ASCB

Wʼahyɛdeɛ yɛ nwanwa;enti medi so.

ASCB: 130ASCB

Wo nsɛm ase teɛ ma hann;na ɛma ntetekwaa nya nteaseɛ.

ASCB: 131ASCB

Mebue mʼanom na megu ahome,na mʼani gyina wo mmaransɛm.

ASCB: 132ASCB

Dane wʼani hwɛ me na hunu me mmɔbɔsɛdeɛ woyɛ daa ma wɔn a wɔdɔ wo din no.

ASCB: 133ASCB

Tutu mʼanammɔn sɛdeɛ wʼasɛm no teɛ.Mma bɔne biara nni me so.

ASCB: 134ASCB

Gye me firi nnipa nhyɛsoɔ mu,na madi wo nkyerɛkyerɛ so.

ASCB: 135ASCB

Ma wʼanim nhyerɛn wo ɔsomfoɔ sona kyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm.

ASCB: 136ASCB

Nisuo adware me sɛ asuteneɛfiri sɛ nnipa nni wo mmara so.

ASCB: 137ASCB

Ɔteneneeni ne wo, Ao Awurade,na wo mmara nso yɛ pɛ.

ASCB: 138ASCB

Ahyɛdeɛ a woayɛ no tene;ɛyɛ deɛ wɔnya mu ahotosoɔ pa ara.

ASCB: 139ASCB

Abufuo ahyɛ me ma,ɛfiri sɛ mʼatamfoɔ bu wɔn ani gu wo nsɛm no.

ASCB: 140ASCB

Wɔasɔ wo bɔhyɛ ahodoɔ no ahwɛ pa ara,na wo ɔsomfoɔ dɔ wɔn.

ASCB: 141ASCB

Ɛwom sɛ mennka hwee na memfra deɛ,nanso me werɛ mfiri wo nkyerɛkyerɛ.

ASCB: 142ASCB

Wo tenenee wɔ hɔ daana wo mmara no yɛ nokorɛ.

ASCB: 143ASCB

Ɔhaw ne ahohiahia aduru me,nanso wo mmaransɛm ma me ahosɛpɛ.

ASCB: 144ASCB

Wʼahyɛdeɛ yɛ nokorɛ daa;ma me nteaseɛ na manya nkwa.

ASCB: 145ASCB

Ao Awurade, mede mʼakoma nyinaa mefrɛ wo, gye me so,na mɛdi wo ɔhyɛ nsɛm no so.

ASCB: 146ASCB

Mesu mefrɛ wo, gye me nkwana medi wʼahyɛdeɛ so.

ASCB: 147ASCB

Mesɔre anɔpahema, na mesu pɛ mmoa;mede me werɛ ahyɛ wo nsɛm mu.

ASCB: 148ASCB

Mʼani gu so anadwo nyinaa,na mɛdwendwene wo bɔhyɛ ho.

ASCB: 149ASCB

Tie me nne sɛdeɛ wʼadɔeɛ no teɛ;Ao Awurade, kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wo mmara teɛ.

ASCB: 150ASCB

Wɔn a wɔhyehyɛ atirimuɔdensɛm no abɛn,nanso wɔne wo mmara ntam ware.

ASCB: 151ASCB

Ao Awurade, wo deɛ, wobɛn me,na wo mmaransɛm nyinaa yɛ nokorɛ.

ASCB: 152ASCB

Mmerɛ bi a atwam no, mesuaa wʼahyɛdeɛa wode timiiɛ hɔ sɛ ɛntena hɔ daa no.

ASCB: 153ASCB

Hwɛ mʼamanehunu na gye me nkwaɛfiri sɛ me werɛ mfirii wo mmara no.

ASCB: 154ASCB

Di mʼasɛm ma me na gye me.Kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wo bɔhyɛ no teɛ.

ASCB: 155ASCB

Nkwagyeɛ ne atirimuɔdenfoɔ ntam kwan ware,ɛfiri sɛ wɔnhwehwɛ wo ɔhyɛ nsɛm no.

ASCB: 156ASCB

Ao Awurade, wʼayamhyehyeɛ yɛ kɛseɛ;kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wo mmara no teɛ.

ASCB: 157ASCB

Atamfoɔ a wɔteetee me dɔɔso,nanso memmane memfirii wo nhyehyɛeɛ ho.

ASCB: 158ASCB

Mehwɛ wɔn a wɔnni gyidie no a, wɔn ho yɛ me nwunu,ɛfiri sɛ wɔnni wʼasɛm so.

ASCB: 159ASCB

Hwɛ sɛdeɛ mʼani gye wo nkyerɛkyerɛ ho;Ao Awurade, kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wʼadɔeɛ teɛ.

ASCB: 160ASCB

Wo nsɛm nyinaa yɛ nokorɛ;na wo mmara a ɛtene no to rentwa da.

ASCB: 161ASCB

Sodifoɔ taataa me kwa,nanso ɛyɛ wʼasɛm nko ara na mesuro.

ASCB: 162ASCB

Mʼani gye wo bɔhyɛ hote sɛ obi a wanya asadeɛ kɛseɛ.

ASCB: 163ASCB

Mekyiri nkontompona medɔ wo mmara.

ASCB: 164ASCB

Mekamfo wo mprɛnson da biarawo mmara a ɛtene no enti.

ASCB: 165ASCB

Wɔn a wɔdɔ wo mmara no wɔ asomdwoeɛ mmoroso,na biribiara rentumi mma wɔnsunti.

ASCB: 166ASCB

Ao Awurade, metwɛn wo nkwagyeɛ,na medi wo mmaransɛm so.

ASCB: 167ASCB

Medi wʼahyɛdeɛ sona medɔ no yie.

ASCB: 168ASCB

Medi wo nkyerɛkyerɛ ne wʼahyɛdeɛ so,na wonim mʼakwan nyinaa.

ASCB: 169ASCB

Ao Awurade, ma me sufrɛ nnuru wʼanim;ma me nteaseɛ sɛdeɛ wʼasɛm no teɛ.

ASCB: 170ASCB

Ma me nkotosrɛ nnuru wʼanim;na gye me sɛdeɛ wo bɔhyɛ no teɛ.

ASCB: 171ASCB

Ma nkamfo nhyɛ mʼanom ma;ɛfiri sɛ wokyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm.

ASCB: 172ASCB

Ma me tɛkrɛma nto wʼasɛm ho dwom,ɛfiri sɛ wo mmaransɛm nyinaa tene.

ASCB: 173ASCB

Yɛ ahoboa bɛboa me,ɛfiri sɛ masɔ wo nkyerɛkyerɛ no mu.

ASCB: 174ASCB

Ao Awurade, mʼani agyina wo nkwagyeɛ,na wo mmara yɛ mʼanigyedeɛ.

ASCB: 175ASCB

Ma me ntena nkwa mu na matumi akamfo wo,na wo mmara nso awowa me.

ASCB: 176ASCB

Mafom ɛkwan sɛ odwan a wayera.Hwehwɛ wo ɔsomfoɔ,ɛfiri sɛ me werɛ mfirii wo mmaransɛm no.