Skip to main content

Scripture

Nnwom 118

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 118 Bible text

ASCB: 1ASCB

Monna Awurade ase ɛfiri sɛ ɔyɛ,na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

ASCB: 2ASCB

Momma Israel nka sɛ,“Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.”

ASCB: 3ASCB

Momma Aaron fie nka sɛ,“Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.”

ASCB: 4ASCB

Momma wɔn a wɔsuro Awurade nka sɛ,“Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.”

ASCB: 5ASCB

Mʼahohiahia mu, mesu frɛɛ Awurade;ɔgyee me so, na ɔma me dee me ho.

ASCB: 6ASCB

Awurade ne me ɔboafoɔ; enti merensuro.Ɛdeɛn na onipa bɛtumi ayɛ me?

ASCB: 7ASCB

Awurade ne me wɔ hɔ; ɔyɛ me ɔboafoɔ.Mede nkonimdie bɛhwɛ mʼatamfoɔ.

ASCB: 8ASCB

Ɛyɛ sɛ yɛbɛhinta wɔ Awurade musene sɛ yɛde yɛn ho bɛto onipa soɔ.

ASCB: 9ASCB

Ɛyɛ sɛ yɛbɛhinta Awurade musene sɛ yɛde yɛn ho bɛto mmapɔmma so.

ASCB: 10ASCB

Amanaman no nyinaa twaa me ho hyiaaɛ,nanso Awurade din mu metwitwaa wɔn guiɛ.

ASCB: 11ASCB

Wɔtwaa me ho hyiaeɛ wɔ baabiara,nanso Awurade din mu, metwitwaa wɔn guiɛ.

ASCB: 12ASCB

Wɔkyere guu me so sɛ nwowa,nanso wɔhyee ntɛm so sɛ nkasɛɛ a ogya atɔ mu; Awurade din mu metwitwaa wɔn guiɛ.

ASCB: 13ASCB

Wɔsum me kɔɔ mʼakyi a anka mereyɛ ahwe ase,nanso Awurade boaa me.

ASCB: 14ASCB

Awurade yɛ mʼahoɔden ne me dwom;wayɛ me nkwagyeɛ.

ASCB: 15ASCB

Osebɔ ne nkonimdiegyegye wɔ ateneneefoɔ ntomadan mu sɛ,“Awurade nsa nifa ayɛ nneɛma akɛseɛ!

ASCB: 16ASCB

Wɔapagya Awurade nsa nifa so; Awurade nsa nifa ayɛ nneɛma akɛseɛ!”

ASCB: 17ASCB

Merenwu, mmom mɛtena asena mapae mu aka deɛ Awurade ayɛ.

ASCB: 18ASCB

Awurade atwe mʼaso denden,nanso ɔnnyaa me mmaa owuo.

ASCB: 19ASCB

Bue tenenee apono ma me;na mɛhyɛne mu na mede aseda ama Awurade.

ASCB: 20ASCB

Awurade ɛpono nie;ɛhɔ na ateneneefoɔ bɛfa ahyɛne mu.

ASCB: 21ASCB

Mɛda wo ase ɛfiri sɛ wogyee me so;na woayɛ me nkwagyeɛ.

ASCB: 22ASCB

Ɔboɔ a adansifoɔ no poeɛ no,abɛyɛ tweatiboɔ.

ASCB: 23ASCB

Awurade na ayɛ yei,na ɛyɛ nwanwa wɔ yɛn ani so.

ASCB: 24ASCB

Ɛnnɛ yɛ ɛda a Awurade ayɛ.Momma yɛn ani nnye na yɛnni ahurisie.

ASCB: 25ASCB

Ao Awurade, gye yɛn nkwa;Ao Awurade, ma yɛn nkɔsoɔ.

ASCB: 26ASCB

Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba.Yɛhyira wo firi Awurade fie.

ASCB: 27ASCB

Awurade yɛ Onyankopɔn,na wama ne hann ahyerɛn yɛn so.Momfa nnua mman nkura na yɛnto afahyɛ santennkɔ afɔrebukyia no mmɛn ho.

ASCB: 28ASCB

Woyɛ me Onyankopɔn, na meda wo ase;wone me Onyankopɔn, na mɛma wo so.

ASCB: 29ASCB

Monna Awurade ase, ɛfiri sɛ ɔyɛ;na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.