Skip to main content

Scripture

Mose Nwoma A Ɛtɔ So Ɛnan (Numeri) 24

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mose Nwoma A Ɛtɔ So Ɛnan (Numeri) 24 Bible text

ASCB: 1ASCB

Afei, Balaam hunuu sɛ Awurade pɛ sɛ ɔhyira Israel. Yei enti, wankɔ abisa sɛdeɛ ɔtaa yɛ no. Na mmom, ɔtoo nʼani hwɛɛ ɛserɛ no so,

ASCB: 2ASCB

hunuu sɛ Israelfoɔ mmusuakuo no abobɔ wɔn atenaeɛ. Afei, Onyankopɔn honhom baa ne so,

ASCB: 3ASCB

na yei ne nkɔmhyɛ a ɔmaaeɛ:“Beor ba Balaam nkɔmhyɛ no nie;nkɔmhyɛ a ɛfiri ɔbarima a nʼani hunu adeɛ yie,

ASCB: 4ASCB

deɛ ɔte Onyankopɔn asɛm;deɛ ɔhunu anisoadeɛ a ɛfiri Otumfoɔ hɔ;na ɔda fam, a nʼani gu so:

ASCB: 5ASCB

“Ao Yakob, mo ntomadan yɛ fɛ,Ao Israel, mo afie yɛ ahomeka.

ASCB: 6ASCB

“Ɛsam mʼanim te sɛ mmɛfuo,te sɛ nturo frɔmfrɔm wɔ asubɔnten ho.Wɔte sɛ pɛperɛ a Awurade adua,te sɛ ntweneduro a ɛbɛn nsuo ho.

ASCB: 7ASCB

Wɔbɛnya nsuo bebree.Wɔn mma bɛnya deɛ ɛhia wɔn nyinaa.“Wɔn ɔhene bɛyɛ kɛse akyɛn Agag;wɔn ahennie bɛkorɔn.

ASCB: 8ASCB

“Onyankopɔn de wɔn firi Misraim aba;ɔtwee wɔn sɛ wiram nantwie.Ɔsɛe amanaman a wɔtia no nyinaa,ɔbubu wɔn nnompe mu asinasini,ɔto bɛmma wowɔ wɔn.

ASCB: 9ASCB

Israel butu hɔ sɛ gyata;ɔte sɛ gyataburu, na hwan na ɔbɛtumi anyane no?“Ao Israel, nhyira nka obiara a ɔhyira wo,na nnome nka obiara a ɔdome wo.”

ASCB: 10ASCB

Ɔhene Balak bo fuu Balaam. Ɔde Abufuo bɔɔ ne nsam guu ne so teaam sɛ, “Mefrɛɛ wo sɛ bɛdome, mʼatamfoɔ nanso woahyira wɔn mprɛnsa.

ASCB: 11ASCB

Firi me so kɔ! Sane kɔ wo nkyi! Meyɛɛ mʼadwene sɛ anka mɛhyɛ wo animuonyam, nanso, Awurade de akame wo!”

ASCB: 12ASCB

Balaam buaa no sɛ, “Wonkae asɛm a meka kyerɛɛ wʼasomafoɔ no? Mekaa sɛ,

ASCB: 13ASCB

‘Sɛ Balak ma me ahemfie a wɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahyɛ hɔ ma koraa a, menni tumi sɛ mɛyɛ biribi atia Awurade apɛdeɛ.’ Meka kyerɛɛ wo sɛ asɛm a Awurade aka no nko ara na mɛka.

ASCB: 14ASCB

Afei, meresane akɔ me nkurɔfoɔ nkyɛn. Nanso, deɛ ɛdi ɛkan no, ma menka deɛ Israelfoɔ no bɛyɛ wo nkurɔfoɔ daakye no nkyerɛ wo.”

ASCB: 15ASCB

Yei ne nkɔmhyɛ a Balaam de maeɛ:“Beor ba Balaam nkɔmhyɛ no nie;nkɔmhyɛ a ɛfiri ɔbarima a nʼani hunu adeɛ yie,

ASCB: 16ASCB

deɛ ɔte Onyankopɔn asɛm;deɛ ɔwɔ nyansa a ɛfiri Ɔsorosoroni nodeɛ ɔhunu anisoadeɛ a ɛfiri Otumfoɔ hɔ;na ɔda fam, a nʼani gu so:

ASCB: 17ASCB

“Mɛhunu no, nanso ɛnyɛ seesei;mehwɛ no wɔ daakye akyirikyiri.Nsoromma bɛpue afiri Yakob mu!Ahempoma bɛfiri Israel mu.Ɔbɛyam Moabfoɔ tiri,na wapaapae Moab mma tikwankora.

ASCB: 18ASCB

Wɔbɛfa Edom,na Seir a ɔyɛ ne ɔtamfoɔ no, wɔbɛdi ne so nkonim,na Israel bɛkɔ so adi nkonim.

ASCB: 19ASCB

Ɔhene bi bɛsɔre wɔ Yakob muɔno na ɔbɛsɛe Ir nkaeɛfoɔ.”

ASCB: 20ASCB

Afei, Balaam hwɛɛ Amalekfoɔ fie hyɛɛ nkɔm sɛ,“Amalek na na ɛyɛ aman nyinaa abakan,nanso ne hyɛberɛ ne ɔsɛeɛ!”

ASCB: 21ASCB

Afei, ɔhwɛɛ Kenifoɔ hyɛɛ nkɔm sɛ,“Mo atenaeɛ yɛ pa ara,wanwono mo pirebuo wɔ abotan mu.

ASCB: 22ASCB

Nanso, wɔbɛsɛe Kenifoɔɛberɛ a Asurhene afa mo nnomum.”

ASCB: 23ASCB

Nsɛm a ɔde wiee ne nkɔmhyɛ no ne sɛ:“Aa, sɛ Onyankopɔn yɛ sei a, hwan na ɔbɛtena nkwa mu?

ASCB: 24ASCB

Ahyɛn bɛfiri Kipro mpoano abaNa abɛka Eber ne Asur ahyɛ.Nanso wɔn nso, wɔbɛsɛe wɔn pasaa.”

ASCB: 25ASCB

Enti, Balaam ne Balak sane kɔɔ wɔn kurom.