Scripture
Mose Nwoma A Ɛtɔ So Ɛnan (Numeri) 23
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Mose Nwoma A Ɛtɔ So Ɛnan (Numeri) 23 Bible text
Balaam ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Si afɔrebukyia nson wɔ ha, na siesie anantwie mma nson ne nnwennini nson fa wɔn bɔ afɔdeɛ.”
Balak tiee Balaam asɛm no, enti ɔde nantwie ba ne odwennini ba bɔɔ afɔrebukyia nson no biara so afɔdeɛ.
Afei Balaam ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Sɔre gyina wo ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho na mɛhwɛ sɛ Awurade bɛhyia me, na asɛm a ɔbɛka akyerɛ me no nso, mɛka akyerɛ wo.” Enti, ɔforo kɔɔ apampam baabi.
Ɛhɔ na Onyankopɔn hyiaa no. Balaam ka kyerɛɛ Awurade sɛ, “Masiesie afɔrebukyia nson. Mabɔ afɔrebukyia no biara so nantwie ba ne odwennini ba afɔdeɛ.”
Ɛberɛ a Balaam sane baeɛ no, na ɔhene no ne ahenemma a wɔfiri Moab no gyina ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho.
Nkɔmhyɛ a Balaam de maaeɛ no nie:“Ɔhene Balak soma bɛfrɛɛ me firii Aram.Moabhene frɛɛ me firii apueeɛ fam nkokoɔ so.Ɔkaa sɛ, ‘Bra bɛdome Yakob ma me!Bra bɛka mmusuo a ɛbɛba Israelfoɔ so.’
Ɛbɛyɛ dɛn na matumi madomewɔn a Onyankopɔn nnomee wɔn?Ɛbɛyɛ dɛn na matumi abu wɔn fɔ,nnipa a Awurade mmuu wɔn fɔ?
Mehunu wɔn firi abotan atifi;mehwɛ wɔn firi nkokoɔ so.Mehunu nnipa a wɔte wɔn ho ase,a wɔayi wɔn afiri amanaman mu.
Hwan na ɔbɛtumi akan Yakob asefoɔ, wɔdɔɔso sɛ mfuturo?Hwan na ɔbɛtumi akan Israelfoɔ nkyɛmu ɛnan mu baako?Ma menwu sɛ ɔteneneeni;na mawieɛ nyɛ sɛ wɔn deɛ.”
Ɔhene Balak bisaa Balaam sɛ, “Ɛdeɛn na woayɛ me yi? Mede wo baa sɛ bɛdome mʼatamfoɔ, nanso woahyira wɔn!”
Afei, Balak ka kyerɛɛ no sɛ, “Bra na yɛnkɔ baabi foforɔ. Yɛduru hɔ a, wobɛhunu ɔman Israel fa bi wɔ hɔ. Dome wɔn a wobɛhu wɔn wɔ hɔ no nyinaa.”
Ɔhene Balak faa Balaam de no kɔɔ Sofim bepɔ Pisga atifi. Ɔsii afɔrebukyia nson wɔ hɔ. Ɛnna ɔde nantwie ba ne odwennini bɔɔ afɔrebukyia biara so afɔdeɛ.
Afei, Balaam ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Gyina wo ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho wɔ ha na me nso merekɔhyia Awurade.”
Enti, ɔsane baa baabi a ɔhene no ne Moab ahenemma no wɔ a wɔgyina wɔn ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho. Ɔhene no de ahopere bisaa sɛ, “Awurade aka sɛn?”
Onyankopɔn nnyɛ onipa na wadi atorɔ;Ɔnyɛ onipa na wasesa nʼadwene.Wakasa a wanyɛ anaa?Wahyɛ bɔ bi pɛn a wanni so anaa?
“Menhunu amanehunu bi a ɛbɛba Yakob so.Ɔhaw biara nni hɔ mma Israel! Awurade, wɔn Onyankopɔn ka wɔn ho.Ɔne wɔn ɔhene!
Nnome biara renka Yakob,abayisɛm biara nni tumi wɔ Israel so.Na wɔbɛka wɔ Yakob ho sɛ,‘Hwɛ anwanwadeɛ a Onyankopɔn ayɛ ama Israel!’
Saa nnipa yi sɔre sɛ gyataburu.Wɔgyina hɔ sɛ gyata hoɔdenfoɔ.Ɔnnye nʼahome kɔsi sɛ ɔbɛwe nʼahaboa awiena wanom ne mogya nyinaa!”
Nanso Balaam buaa no sɛ, “Manka ankyerɛ wo sɛ asɛm a Awurade bɛka akyerɛ me sɛ menka no na mɛka?”
Afei, ɔhene no ka kyerɛɛ Balaam sɛ, “Mede wo bɛkɔ baabi foforɔ. Ebia, ɛhɔ bɛyɛ anisɔ ama Onyankopɔn sɛ wobɛgyina hɔ adome wɔn.”
Bio, Balaam ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ ɔnsi afɔrebukyia nson na ɔnsiesie nantwie mma nson ne nnwennini mma nson mma afɔrebɔ.
Ɔhene no yɛɛ deɛ Balaam kaeɛ no, enti ɔde nantwie ba ne odwennini ba bɔɔ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia nson no biara so.