Skip to main content

Scripture

Hiob Nwoma 42

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Hiob Nwoma 42 Bible text

ASCB: 1ASCB

Na Hiob buaa Awurade sɛ,

ASCB: 2ASCB

“Menim sɛ wotumi yɛ nneɛma nyinaa;obiara rentumi nsɛe wo nhyehyɛeɛ.

ASCB: 3ASCB

Wobisa sɛ, ‘Hwan ni a ɔnni nimdeɛ nso ɔsi mʼafotuo ho ɛkwan?’Ampa ara mekaa nneɛma a mente aseɛ ho nsɛm,nneɛma a ɛyɛ nwanwa ma me.

ASCB: 4ASCB

“Wokaa sɛ, ‘Tie na menkasa;mɛbisa wo nsɛmna ɛsɛ sɛ woma me mmuaeɛ.’

ASCB: 5ASCB

Mate wo nka pɛn,na seesei deɛ, mʼani ahunu wo.

ASCB: 6ASCB

Ɛno enti mebu me ho animtiaana mete mfuturo ne nsõ mu de kyerɛ mʼahonu.”

ASCB: 7ASCB

Na Awurade kaa nsɛm yi kyerɛɛ Hiob wieeɛ no, Awurade ka kyerɛɛ Temanni Elifas sɛ, “Me bo afu wo ne wo nnamfonom baanu no, ɛfiri sɛ, moanka me ho asɛm a ɛyɛ nokorɛ sɛdeɛ me ɔsomfoɔ Hiob kaeɛ no.

ASCB: 8ASCB

Afei, momfa anantwie nson ne nnwennini nson, na monkɔ me ɔsomfoɔ Hiob nkyɛn, na monkɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma mo ho. Me ɔsomfoɔ Hiob bɛbɔ mpaeɛ ama mo, na mɛtie ne mpaeɛbɔ no na merenyɛ mo sɛdeɛ ɛfata mo nkwaseasɛm no. Nsɛm a moka faa me ho no nyɛ nokorɛ sɛdeɛ me ɔsomfoɔ Hiob yɛeɛ no.”

ASCB: 9ASCB

Enti, Temanni Elifas ne Suhini Bildad ne Naamani Sofar yɛɛ sɛdeɛ Awurade hyɛɛ wɔn no, na Awurade tiee Hiob mpaeɛbɔ.

ASCB: 10ASCB

Hiob bɔɔ mpaeɛ maa ne nnamfonom akyi no, Awurade sane yɛɛ no ɔdefoɔ bio na ɔde nʼahodeɛ a na ɔwɔ kane no mmɔho mmienu maa no.

ASCB: 11ASCB

Afei, ne nuammarima, ne nuammaa nyinaa ne obiara a na ɔnim no dada no baa ne fie ne no bɛdidiiɛ. Wɔkyekyeree ne werɛ wɔ amanehunu a Awurade ma ɔkɔɔ mu no ho, na wɔn mu biara brɛɛ no dwetɛ ne sikakɔkɔɔ kawa.

ASCB: 12ASCB

Awurade hyiraa Hiob nkwa awieeɛ senee ne ahyɛaseɛ. Ɔnyaa nnwan ɔpedunan, nyoma mpem nsia, anantwinini mpamho apem ne mfunumu abereɛ apem.

ASCB: 13ASCB

Bio ɔnyaa mmammarima baason ne mmammaa baasa.

ASCB: 14ASCB

Ɔtoo ne babaa piesie no edin Yemima, na deɛ ɔdi soɔ no Kesia na deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no de Keren-Hapuk.

ASCB: 15ASCB

Asase no so nyinaa, na mmaa biara nni hɔ a wɔn ho yɛ fɛ sɛ Hiob mmammaa no, na wɔn agya de wɔn kaa wɔn nuammarima no ho maa wɔn agyapadeɛ.

ASCB: 16ASCB

Yei akyiri no, Hiob dii mfirinhyia ɔha aduanan; ɔhunuu ne mma ne ne mmanana awoɔ ntoatoasoɔ ɛnan.

ASCB: 17ASCB

Afei ɔwuiɛ a na wayɛ akora pa ara.