Skip to main content

Scripture

Hiob Nwoma 41

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Hiob Nwoma 41 Bible text

ASCB: 1ASCB

“Wobɛtumi de darewa atwe ɔdɛnkyɛmmirampɔnanaa wobɛtumi de ahoma akyekyere ne tɛkrɛma?

ASCB: 2ASCB

Wobɛtumi de ahoma afa ne hwenemu,anaasɛ wobɛtumi de darewa asɔ nʼapantan mu?

ASCB: 3ASCB

Ɔbɛkɔ so asrɛ wo sɛ hunu no mmɔbɔ anaa?Ɔne wo bɛkasa brɛoo?

ASCB: 4ASCB

Ɔbɛpene ne wo ayɛ apamama wode no ayɛ wʼakoa afebɔɔ anaa?

ASCB: 5ASCB

Wobɛtumi de no ayɛ ayɛmmoa te sɛ anomaaanaa wobɛtumi asa no ahoma de no ama wo mmammaa?

ASCB: 6ASCB

Adwadifoɔ bɛpɛ sɛ wobɛtɔ no de no adi dwa anaa?

ASCB: 7ASCB

Wobɛtumi de mpea awowɔ ne wedeɛ muanaasɛ wode mpataa pɛmɛ bɛwowɔ ne tiri ho?

ASCB: 8ASCB

Wode wo nsa ka no a,wobɛkae sɛdeɛ ɔbɛwoso ne ho, enti worenyɛ saa bio!

ASCB: 9ASCB

Ɛkwan biara nni hɔ a wobɛfa so akye no;ani a ɛbɔ ne so kɛkɛ no ma nnipa dwodwo.

ASCB: 10ASCB

Obiara ntumi nsi ne bo nhwanyane no.Afei hwan na ɔbɛtumi ne me adi asie?

ASCB: 11ASCB

Hwan na mede no ka a ɛsɛ sɛ metua?Biribiara a ɛhyɛ ɔsoro ase wɔ me.

ASCB: 12ASCB

“Me werɛ remfiri sɛ mɛka nʼakwaa,nʼahoɔden ne ne bɔberɛ fɛfɛ no ho asɛm.

ASCB: 13ASCB

Hwan na ɔbɛtumi aworɔ ne ho nwoma,na hwan na ɔde nnareka bɛkɔ ne ho?

ASCB: 14ASCB

Hwan na ɔbɛtumi abue nʼapantan,a ɛse a ɛyɛ hu ayɛ no ma no?

ASCB: 15ASCB

Nʼakyi wɔ abona a ɛsesa soɔ,ɛpipi so a ɛkwan nna mu koraa;

ASCB: 16ASCB

sɛdeɛ ɛpipi so fa no enti,mframa biara mfa ntam.

ASCB: 17ASCB

Ɛtoatoa mu dendeenden aemu ntumi ntete.

ASCB: 18ASCB

Sɛ ɔnwansi a, ɛtete ogya;nʼaniwa aba te sɛ ahemadakye hann.

ASCB: 19ASCB

Egyatɛn turi firi nʼanomna nsramma turituri firi mu.

ASCB: 20ASCB

Wisie tene firi ne hwene mute sɛ ɛsɛn a ɛsi ogya soɔ.

ASCB: 21ASCB

Nʼahomeɛ ma gyabidie ano sɔ,na egyadɛreɛ tu firi nʼanom.

ASCB: 22ASCB

Ne kɔn mu wɔ ahoɔden ankasa;wɔn a wɔhunu no no abasa mu tu.

ASCB: 23ASCB

Ne wedeɛ a abubu agu soɔ no yɛ peperee;ayɛ pemee a ɛnkeka ne ho.

ASCB: 24ASCB

Ne koko so yɛ dene sɛ ɔbotan;ɛyɛ dene sɛ ayuoyammoɔ.

ASCB: 25ASCB

Sɛ ɔsɔre a, ahoɔdenfoɔ bɔ huboa;sɛ ɔporo ne ho a, wɔdwane.

ASCB: 26ASCB

Akofena wɔ no a, ɛnka no,pea, pɛmɛ ne agyan nso saa ara.

ASCB: 27ASCB

Ɔfa dadeɛ sɛ wira bina kɔbere mfrafraeɛ te sɛ dua a awuo bi ma no.

ASCB: 28ASCB

Agyan mma no nnwane;ahwimmoɔ mu aboa yɛ ntɛtɛ ma no.

ASCB: 29ASCB

Aporibaa te sɛ ɛserɛ wɔ nʼani so;na ɔsere pɛmɛ nnyegyeɛ.

ASCB: 30ASCB

Abon a ano yɛ nnam tuatua ne yafunu so.Ɔtwe ne ho ase wɔ fam fa atɛkyɛ mu a, ɛyiyi akam.

ASCB: 31ASCB

Ɔma ebunu mu huru sɛ nsuo a ɛwɔ ɛsɛn muna ɔnunu ɛpo mu sɛ sradeɛ a ɛwɔ kukuo mu.

ASCB: 32ASCB

Deɛ ɔbɛfa no, ɛhɔ nsuo no pa yerɛyerɛ;na obi bɛsusu sɛ ɛpo bunu adane ayɛ dwono.

ASCB: 33ASCB

Biribiara a ɛwɔ asase so ne no nsɛ.Ɔyɛ abɔdeɛ a ɔnsuro hwee.

ASCB: 34ASCB

Ɔmmu wɔn a wɔyɛ ahantan no mu biara;ɔyɛ wɔn a wɔyɛ ahomasoɔ no nyinaa so ɔhene.”