Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Yeremia Nwoma 31

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Yeremia Nwoma 31 Bible text

ASCB: 1ASCB

“Saa ɛberɛ no,” Awurade na ɔseɛ, “Mɛyɛ Israel mmusuakuo no nyinaa Onyankopɔn, na wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ.”

ASCB: 2ASCB

Deɛ Awurade seɛ nie:“Nnipa a wɔntotɔ wɔ akofena ano nobɛnya adom wɔ anweatam so;mede ahomegyeɛ bɛbrɛ Israel.”

ASCB: 3ASCB

Awurade daa ne ho adi kyerɛɛ yɛn kane no na ɔkaa sɛ,“Mede ɔdɔ a ɛnsa da adɔ momede adɔeɛ atwe mo.

ASCB: 4ASCB

Mede wo bɛsi hɔ biona wɔbɛsane de wo asi hɔ, Ao Israel babunu.Wobɛfa wʼakasaeɛ biona wafiri adi ne anigyefoɔ akɔsa.

ASCB: 5ASCB

Bio, mobɛyɛ bobe nturowɔ Samaria nkokoɔ so;akuafoɔ no bɛduana wɔadi so aba.

ASCB: 6ASCB

Ɛda bi bɛba a, awɛmfoɔ bɛteamwɔ Efraim nkokoɔ so sɛ,‘Mommra momma yɛnforo nkɔ Sionnkɔ Awurade yɛn Onyankopɔn nkyɛn.’ ”

ASCB: 7ASCB

Deɛ Awurade seɛ nie:“Momfa ahosɛpɛ nto nnwom mma Yakob;Monteam mma amanaman mu dikanfoɔ.Momma wɔnte mo ayɛyie na monka sɛ,‘Ao Awurade gye wo nkurɔfoɔ,Israel nkaeɛfoɔ no.’

ASCB: 8ASCB

Hwɛ, mede wɔn bɛfiri atifi fam asase so abana maboa wɔn ano afiri nsase ano.Wɔn mu bi bɛyɛ anifirafoɔ, mpakye,apemfoɔ ne mmaa a wɔwɔ awokoɔ mu.Ɛdɔm kɛseɛ bɛsane aba.

ASCB: 9ASCB

Wɔde esu na ɛbɛba;wɔbɛbɔ mpaeɛ ɛberɛ a mede wɔn resane aba.Mede wɔn bɛfa nsuwa ho,ɛkwan tamaa a wɔrensunti wɔ so,ɛfiri sɛ mɛyɛ Israel agya,na Efraim yɛ me babarima piesie.

ASCB: 10ASCB

“Montie Awurade asɛm, Ao amanaman;mommɔ no dawuro wɔ mpoano nsase a ɛwɔ akyirikyiri so sɛ,‘Deɛ ɔbɔɔ Israel peteeɛ no bɛboaboa wɔn anona wahwɛ ne nnwankuo so sɛ odwanhwɛfoɔ.’

ASCB: 11ASCB

Na Awurade bɛgyina mu ama Yakobna wagye wɔn afiri wɔn awɔwɔ ahoɔden sene wɔn no nsam.

ASCB: 12ASCB

Wɔbɛba na wɔde ahurisie ateam wɔ Sion sorɔnsorɔmmea;wɔbɛsɛpɛ wɔn ho wɔ akyɛdeɛ bebrebe aɛfiri Awurade hɔ mu,atokoɔ, nsã foforɔ ne ngo,nnwammaa ne anantwie.Wɔbɛyɛ sɛ turo a wɔagugu so nsuo yie,na wɔrenni awerɛhoɔ bio.

ASCB: 13ASCB

Afei, mmabaawa bɛsa na wɔn ani agye,mmeranteɛ ne nkɔkoraa nso.Mɛma wɔn awerɛhoɔ adane anigyeɛ;mɛma wɔn ahotɔ ne ahosɛpɛ asi awerɛhoɔ anan mu.

ASCB: 14ASCB

Mɛma asɔfoɔ no deɛ ɛhia wɔn ama abu so,na mama mʼakyɛdeɛ bebrebe amee me nkurɔfoɔ,” Awurade, na ɔseɛ.

ASCB: 15ASCB

Yei ne deɛ Awurade seɛ:“Wɔte nne bi wɔ Rama,awerɛhoɔ ne agyaadwotwa bebree,Rahel resu ne mmana ɔmpɛ sɛ wɔkyekyere ne werɛ,ɛfiri sɛ, ne mma nni hɔ bio.”

ASCB: 16ASCB

Yei ne deɛ Awurade seɛ:“Hyɛ wo ho so na woansumia wʼani na woante nisuo,ɛfiri sɛ wɔbɛtua wʼadwumayɛ so ka,” Awurade na ɔseɛ.“Wɔbɛsane afiri atamfoɔ no asase so aba.

ASCB: 17ASCB

Enti anidasoɔ wɔ hɔ ma wo daakye.” Awurade na ɔseɛ.Wo mma bɛsane aba wɔn ankasa asase so.

ASCB: 18ASCB

“Ampa ara mate sɛ Efraim resu sɛ,‘Wotenetenee me so sɛ nantwie ba a nʼani yɛ den,na woatwe me mʼaso.Gye me bio, na mɛsane aba,ɛfiri sɛ wo ne Awurade, me Onyankopɔn.

ASCB: 19ASCB

Memaneeɛ akyi no,menyaa adwensakyera;na akyire a menyaa nteaseɛ no,mede awerɛhoɔ boroo me koko so.Mʼanim guu ase na mefɛreeɛɛfiri sɛ me mmabunu mu animguaseɛ da so so me.’

ASCB: 20ASCB

Efraim nyɛ me babarima dɔfoɔ anaa?Efraim nyɛ ɔba a ɔsɔ mʼani anaa?Ɛwom sɛ metaa kasa tia no deɛ,nanso meda so kae no.Enti mʼakoma pere hwehwɛ no;mewɔ ayamhyehyeɛ ma no,”sei na Awurade seɛ.

ASCB: 21ASCB

“Momfa ahyɛnsodeɛ nsisi ɛkwan ho;monsisi akwankyerɛ afadum.Monhyɛ ɛkwantempɔn no nsoɛkwan a monam so ba.Sane wakyi, Ao ɔbabunu Israel,sane bra wo nkuro so.

ASCB: 22ASCB

Wobɛkyinkyini akɔsi da bɛn,Ao, ɔbabaa ɔsesafoɔ? Awurade bɛyɛ ade foforɔ wɔ asase so,ɔbaa bɛbɔ ɔbarima ho ban.”

ASCB: 23ASCB

Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn no seɛ: “Sɛ mesane de wɔn firi nnommumfa mu ba a, nnipa a wɔwɔ Yuda asase ne nkuro so bɛsane aka saa nsɛm yi bio sɛ, ‘Awurade nhyira wo, Ao, tenenee atenaeɛ, Ao, bepɔ kronkron.’

ASCB: 24ASCB

Nnipa bɛbom atena ase wɔ Yuda ne ne nkuro nyinaa so, akuafoɔ ne wɔn a wɔde wɔn nnwankuo nenam.

ASCB: 25ASCB

Mɛma deɛ wabrɛ no anya ahoɔden foforɔ, na deɛ watɔ baha no nso mɛma no amee.”

ASCB: 26ASCB

Ɛha na menyaneeɛ, na mehwɛɛ me ho hyiaeɛ. Me nna no kɔɔ me yie.

ASCB: 27ASCB

“Nna bi reba,” Awurade na ɔseɛ, “a mede nnipa mma ne mmoa mma bɛdua Israel ne Yuda efie.

ASCB: 28ASCB

Sɛdeɛ mehwɛ ma wɔtutuiɛ, wɔdwiriiɛ, wɔbubuiɛ, wɔsɛeɛ na wɔde amanehunu baeɛ no, saa ara na mɛhwɛ ama wɔasi na wɔadua,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

ASCB: 29ASCB

Saa nna no mu, nnipa renka bio sɛ,“ ‘Agyanom adi bobe a ɛkeka,na mma se afem.’

ASCB: 30ASCB

Ɛno enti, obiara bɛwu wɔ ɔno ara bɔne ho; deɛ ɔbɛdi bobe a ɛkeka no, ɔno na ne se bɛfem.

ASCB: 31ASCB

“Ɛberɛ no reba,” Awurade na ɔseɛ,“a me ne Israel efiene Yuda efie bɛyɛ apam foforɔ.

ASCB: 32ASCB

Ɛrenyɛ sɛ apam ame ne wɔn agyanom yɛeɛ noɛberɛ a mesɔɔ wɔn nsa,dii wɔn anim firii Misraim no.Saa ɛberɛ no deɛ, wɔbuu mʼapam so,wɔ ɛberɛ a na meyɛ okunu ma wɔn,” Awurade na ɔseɛ.

ASCB: 33ASCB

“Nanso yei ne apam a me ne Israel efie bɛyɛ saa ɛberɛ no akyi,” Awurade na ɔseɛ.“Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwene mu,na matwerɛ wɔ wɔn akoma so.Mɛyɛ wɔn Onyankopɔn,na wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ.

ASCB: 34ASCB

Na obiara renkyerɛkyerɛ ne yɔnko bio,anaa ne nua sɛ, ‘Hunu Awurade,’Ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa bɛhunu me,ɛfiri wɔn mu akumaa so, kɔsi ɔkɛseɛ so,”Sɛdeɛ Awurade seɛ nie.“Na mede wɔn amumuyɛ bɛkyɛ wɔn,na merenkae wɔn bɔne bio.”

ASCB: 35ASCB

Yei ne deɛ Awurade seɛ,deɛ ɔma owia hyerɛn adekyeeɛ,na ɔhyɛ ɔsrane ne nsorommasɛ wɔnhyerɛn anadwo;deɛ ɔkanyane ɛpoma ɛbɔ asorɔkye,Asafo Awurade ne ne din.

ASCB: 36ASCB

“Saa ahyɛdeɛ yi twam mpo a,” Awurade na ɔseɛ,“merennyaa Israel da.”

ASCB: 37ASCB

Yei ne deɛ Awurade seɛ:“Sɛ wɔbɛtumi asusu ewiem ntrɛmuna wɔatumi ahwehwɛ asase ase fapem mpo a,ɛwom sɛ Israel ayɛ bɔne deɛ,nanso merempa Israel asefoɔ nyinaa da,” Awurade na ɔseɛ.

ASCB: 38ASCB

“Nna no reba,” Awurade na ɔseɛ, “a wɔbɛkyekyere kuropɔn yi bio ama me, firi Hananel abantenten kɔsi Twɛtwɛwaso Ɛpono.

ASCB: 39ASCB

Wɔbɛtwe susuhoma no mu, afiri hɔ de akɔsi Gareb kokoɔ so, na akontono akɔ Goa.

ASCB: 40ASCB

Bɔnhwa a wɔto afunu ne nsõ gu mu no nyinaa ne asase a ɛkɔ Kidron bɔnhwa wɔ apueeɛ fam, kɔsi apɔnkɔ ɛpono no twɛtwɛwaso bɛyɛ kronkron ama Awurade. Wɔrentutu na wɔrensɛe kuropɔn no da.”