Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Yeremia Nwoma 30

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Yeremia Nwoma 30 Bible text

ASCB: 1ASCB

Asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ nie:

ASCB: 2ASCB

“Yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ: ‘Twerɛ nsɛm a maka akyerɛ wo nyinaa gu nwoma mu.

ASCB: 3ASCB

Nna bi reba,’ sɛdeɛ Awurade seɛ, ‘a mede me nkurɔfoɔ Israelfoɔ ne Yudafoɔ bɛfiri nnommum mu asane aba na mede wɔn aba asase a mede me maa wɔn agyanom sɛ wɔmfa ntena so,’ Awurade na ɔseɛ.”

ASCB: 4ASCB

Yei ne nsɛm a Awurade ka faa Israel ne Yuda ho:

ASCB: 5ASCB

“Deɛ Awurade seɛ nie:“ ‘Akomatuo nteateam na mete,mete ehu, na ɛnyɛ asomdwoeɛ.

ASCB: 6ASCB

Mommisa na monhunu:Ɔbarima bɛtumi awo mma anaa?Afei, adɛn enti na mehunu ɔbarima ɔhoɔdenfoɔ biarasɛ ne nsa gu ne yafunu so te sɛ ɔbaa a ɔwɔ awokoɔ mu,na anim biara ayɛ bosaa saa?

ASCB: 7ASCB

Sɛdeɛ da no bɛyɛ hu afa!Ɛda biara renyɛ sɛ ɛno.Ɛbɛyɛ amanehunu berɛ ama Yakob,nanso, wɔbɛyi no afiri mu.

ASCB: 8ASCB

“ ‘Saa ɛda no,’ Asafo Awurade na ɔseɛ,‘Mɛbubu kɔnnua no afiri wɔn kɔn mu,na matete wɔn nkyehoma no mu;ananafoɔ remfa wɔn nyɛ nkoa bio.

ASCB: 9ASCB

Na mmom wɔbɛsom Awurade, wɔn Onyankopɔnne Dawid wɔn ɔhene,a mɛpagya no ama wɔn.

ASCB: 10ASCB

“ ‘Enti nsuro, Ao Yakob, me ɔsomfoɔ;mma wʼaba mu mmu, Ao Israel,’deɛ Awurade seɛ nie.‘Nokorɛm mɛgye wo afiri akyirikyiri,ne wʼasefoɔ afiri wɔn nnommumfa asase so.Yakob bɛsane anya asomdwoeɛ ne banbɔna obiara renhunahuna no bio.

ASCB: 11ASCB

Me ne wo wɔ hɔ na mɛgye wo nkwa,’ Awurade na ɔseɛ.‘Ɛwom sɛ mesɛe amanaman no nyinaa pasaa,wɔn a mebɔ mo hwete wɔ wɔn mu no,nanso merensɛe mo korakora.Mɛtenetene mo nanso mɛyɛ no tenenee ɛkwan so;meremma mo mfa mo ho nni koraa a merentwe mo aso.’

ASCB: 12ASCB

“Yei ne deɛ Awurade seɛ:“ ‘Wo apirakuro ayɛ koankorɔ,na ɛnni asaeɛ.

ASCB: 13ASCB

Obiara nni hɔ a ɔbɛka bi ama wo,wo kuro no rennya aduro,na worennya ayaresa.

ASCB: 14ASCB

Wʼapamfoɔ nyinaa werɛ afiri wo;wo ho biribiara mfa wɔn ho.Mabɔ wo sɛdeɛ wo ɔtamfoɔ bɛyɛna matwe wʼaso sɛdeɛ otirimuɔdenfoɔ bɛtwe,ɛfiri sɛ wʼafɔdie so dodona wʼamumuyɛ nso dɔɔso.

ASCB: 15ASCB

Adɛn enti na wosu denden wɔ wʼapirakuro ho,wo yeadie a ano nni aduro ho?Wʼafɔdie kɛseɛ ne wʼamumuyɛ bebrebe entina mede saa nneɛma yi ayɛ woɔ.

ASCB: 16ASCB

“ ‘Nanso wɔbɛsɛe wɔn a wɔsɛe mo;mo atamfoɔ nyinaa bɛkɔ nnommumfa mu.Wɔn a wɔfom mo no, wɔbɛfom wɔn.Wɔn a wɔto hyɛɛ mo so no, mɛto ahyɛ wɔn so.

ASCB: 17ASCB

Nanso mɛma wo ahoɔden biona masa wo apirakuro,’ Awurade na ɔseɛ,‘ɛfiri sɛ wɔfrɛ wo deɛ wɔapam noɔ,Sion a wo ho nhia obiara.’

ASCB: 18ASCB

“Yei ne deɛ Awurade seɛ:“ ‘Mɛsane de Yakob ntomadan mu ahonyadeɛ abana manya ayamhyehyeɛ ama nʼatenaeɛ ahodoɔ no;wɔbɛkyekyere kuropɔn no bio wɔ ne mmubuiɛ so,na ahemfie no bɛsi deɛ ɛsɛ sɛ ɛsie.

ASCB: 19ASCB

Wɔn mu na aseda nnwom bɛfiri abane ahosɛpɛ nnyegyeɛ.Mɛma wɔadɔɔso,na wɔn dodoɔ no so rente;mɛhyɛ wɔn animuonyam,na wɔremmu wɔn abomfiaa.

ASCB: 20ASCB

Wɔn mma bɛdi yie sɛ kane no,mɛma wɔn asafo atim wɔ mʼanim;wɔn a wɔhyɛ wɔn so nyinaa mɛtwe wɔn aso.

ASCB: 21ASCB

Wɔn adikanfoɔ bɛyɛ wɔn mu baako;na wɔn sodifoɔ bɛfiri wɔn mu.Mɛka no abata me ho na wabɛn me,na hwan na ɔno ankasa bɛtumi de ne ho amasɛ ɔbɛbɛn me?’ Awurade na ɔseɛ.

ASCB: 22ASCB

‘Enti mobɛyɛ me nkurɔfoɔ,na mayɛ mo Onyankopɔn.’ ”

ASCB: 23ASCB

Hwɛ, Awurade ahumbɛtu abufuhyeɛ mu,ntwahoframa bɛdi kyinhyia wɔamumuyɛfoɔ mpampam.

ASCB: 24ASCB

Awurade abufuo rennwokɔsi sɛ ɔbɛwienʼakoma mu nhyehyɛeɛ nyinaa.Nna a ɛreba no mu nomobɛte yei ase.