Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Yeremia Nwoma 2

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Yeremia Nwoma 2 Bible text

ASCB: 1ASCB

Awurade asɛm baa me so:

ASCB: 2ASCB

“Kɔpae mu ka ma Yerusalem nte:“Mekae sɛdeɛ wode wo ho maa me wo mmabunu berɛ mu,sɛdeɛ wo dɔɔ me wʼayeforɔ berɛ muna wodii mʼakyi wɔ ɛserɛ so,asase a wɔnnuaa so hwee.

ASCB: 3ASCB

Na Israel yɛ kronkron ma Awurade,ne twaberɛ mu abukan;wɔn a wɔdii nʼani no, wɔbuu wɔn fɔ,na amanehunu baa wɔn so,”sɛdeɛ Awurade, seɛ nie.

ASCB: 4ASCB

Montie Awurade asɛm, Ao Yakob fiefoɔ,mo Israel mmusuakuo nyinaa.

ASCB: 5ASCB

Yei ne deɛ Awurade seɛ:“Mfomsoɔ bɛn na mo agyanom hunuu wɔ me ho aɛma wɔtwee wɔn ho kɔɔ akyirikyiri sei?Wɔdii ahoni a wɔn ho nni mfasoɔ akyi,ma wɔn ankasa bɛyɛɛ ahuhufoɔ.

ASCB: 6ASCB

Wɔammisa sɛ, ‘Ɛhe na Awurade wɔ?Deɛ ɔyii yɛn firii Misraimna ɔde yɛn faa ɛserɛ wesee so,anweatam ne amenamena asasea awo na ayɛ owubɔn no.Na ɛyɛ asase a obiara mfa so na obiara nte soɔ no.’

ASCB: 7ASCB

Mede mo bɛduaa asase bereɛ sosɛ monni so nnuaba ne ɛso nnepa.Nanso mobɛguu mʼasase ho fina moyɛɛ mʼagyapadeɛ akyiwadeɛ.

ASCB: 8ASCB

Asɔfoɔ no ammisa sɛ,‘Ɛhe na Awurade wɔ?’Wɔn a wɔde mmara yɛ adwuma no anhwehwɛ me;ntuanofoɔ sɔre tiaa me.Adiyifoɔ no de Baal hyɛɛ nkɔm,na wɔdii ahoni huhuo akyi.

ASCB: 9ASCB

“Ɛno enti, merebɔ mo kwaadu bio,”deɛ Awurade seɛ nie.“Na mɛbɔ mo mma mma kwaadu.

ASCB: 10ASCB

Montwa nkɔ Kitim mpoano nkɔ hwɛ,monsoma nkɔ Kedar nkɔhwehwɛ mu yie;monhwɛ sɛ biribi a ɛte sei asi wɔ hɔ:

ASCB: 11ASCB

Ɔman bi asesa wɔn anyame pɛn anaa?Nso wɔnnyɛ anyame mpo.Nanso me nkurɔfoɔ de wɔn animuonyamasesa ahoni huhuo.

ASCB: 12ASCB

Ao ɔsorosoro, momma mo ho nnwiri mo yei ho,na mo ho nwoso akomatuo mu,”deɛ Awurade seɛ nie.

ASCB: 13ASCB

“Me nkurɔfoɔ ayɛ bɔne ahodoɔ mmienu:Wɔapa mʼakyi,me a meyɛ nkwa asutire no,na wɔatutu wɔn ankasa nsukora amena,amena a ɛho apaapae a ɛntumi nkora nsuo.

ASCB: 14ASCB

Israel yɛ akoa anaa ɔsomfoɔ firi awoɔ mu anaa?Adɛn enti na wayɛ afodeɛ yi?

ASCB: 15ASCB

Agyata abobɔ mu;wɔapɔ no so.Wɔasɛe nʼasase;wɔahyehye ne nkuro ayɛ no amanfo.

ASCB: 16ASCB

Afei, Memfis ne Tapanhes mmarimaayi wo tiri so nwi.

ASCB: 17ASCB

Ɛnyɛ wo na woama yei aba wo sosɛ wopaa Awurade wo Onyankopɔn akyi,wɔ ɛberɛ a ɔrekyerɛ wo ɛkwan?

ASCB: 18ASCB

Afei adɛn enti na mokɔ Misraimkɔnom Sihor mu nsuo?Na adɛn enti na mokɔ Asiriakɔnom Asubɔnten no mu nsuo?

ASCB: 19ASCB

Wo amumuyɛ bɛtwe wʼaso;wʼakyirisane bɛka wʼanim.Enti dwene ho na hunu sɛ,sɛ wopa Awurade wo Onyankopɔn akyina woannya ne ho suro a,ɛyɛ bɔne ne ɔyea ma wo.”Awurade, Asafo Awurade na ɔseɛ.

ASCB: 20ASCB

“Mmerɛ bi atwam, wobubuu wo kɔnnua mu,na wotetee wo nkɔnsɔnkɔnsɔn mu;na wokaa sɛ, ‘Merensom wo!’Nokorɛm, wɔ kokoɔ biara sone dua biara a adendan asena wotena bɔɔ adwaman.

ASCB: 21ASCB

Meduaa wo sɛ bobe amapaa ɛfiri bobe ase a ɛyɛ pa ara mu.Na ɛyɛɛ dɛn na wodanee wʼakyi kyerɛɛ mebɛyɛɛ bobe a anyini asɛeɛ wɔ wura mu yi?

ASCB: 22ASCB

Sɛ wode sodane samina bebree dware mpo a,wʼafɔdie nkekaawa da so wɔ hɔ ara,”sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie.

ASCB: 23ASCB

“Ɛbɛyɛ dɛn na woaka sɛ, ‘Meho nguu fi;mennii Baalnom akyi’?Hwɛ sɛdeɛ woyɛɛ wo ho wɔ bɔnhwa no mu;dwene deɛ woayɛ no ho.Woyɛ yoma bereɛ hoɔharefoɔa wotu mmirika kɔ ha ba ha,

ASCB: 24ASCB

wiram afunumu a anweatam so tena akokwa no,ɔhuahua ɛberɛ a ɔpɛ sɛ onini hyia no.Sɛ nʼakɔnnɔ no ano yɛ den a hwan na ɔbɛsianka no?Anini biara a wɔtaa no no nha wɔn ho bebree;ɛduru ɛberɛ a wɔhyia no a, wɔbɛnya no.

ASCB: 25ASCB

Ntu mmirika kɔsi sɛ wobɛyi wo mpaboana wo mene mu bɛwe.Nanso wokaa sɛ, ‘Ɛho nni mfasoɔ!Mepɛ ananafoɔ anyame,na ɛsɛ sɛ medi wɔn akyi.’

ASCB: 26ASCB

“Sɛdeɛ wɔkyere ɔkorɔmfoɔ a wɔgu nʼanim ase no,saa na wɔagu Israel efie anim ase,wɔn ankasa, wɔn ahemfo ne wɔn adwumayɛfoɔ,wɔn asɔfoɔ ne wɔn adiyifoɔ.

ASCB: 27ASCB

Wɔka kyerɛ dua sɛ, ‘Woyɛ mʼagya,’ne ɛboɔ sɛ, ‘Wo na wowoo me.’Wɔadane wɔn akyi akyerɛ mena ɛnyɛ wɔn anim;nanso sɛ amanehunu bi ba wɔn so a, wɔka sɛ,‘Bra bɛgye yɛn!’

ASCB: 28ASCB

Anyame a moyɛ maa mo ho no wɔ he?Momma wɔmmra sɛ wobɛtu agye moɛberɛ a mowɔ amanehunu mu!Ɛfiri sɛ mowɔ anyame bebreete sɛ deɛ mowɔ nkuro bebree no, Ao Yuda.

ASCB: 29ASCB

“Adɛn enti na mobɔ me soboɔ?Mo nyinaa ayɛ dɔm atia me,” Awurade na ɔseɛ.

ASCB: 30ASCB

“Metwee mo nkurɔfoɔ aso kwa;wɔamfa me ntenesoɔ.Wʼakofena akunkum wʼadiyifoɔte sɛ gyata a nʼani abereɛ.

ASCB: 31ASCB

“Mo nnɛmmafoɔ, monnwene Awurade asɛm ho:“Mayɛ sɛ anweatam ama Israel anaa?Anaasɛ asase a ɛso aduru sum kabii anaa?Adɛn enti na me nkurɔfoɔ ka sɛ, ‘Yɛwɔ ho ɛkwan sɛ yɛkyinkyin;yɛremma wo nkyɛn bio.’

ASCB: 32ASCB

Ɔbaabunu werɛ firi ne mpompranneɛ,ayeforɔyere werɛ bɛfiri nʼahyehyɛdeɛ anaa?Nanso me nkurɔfoɔ werɛ afiri me,nna a wɔntumi nkan.

ASCB: 33ASCB

Hwɛ nyansa a mowɔ de pɛ mo adɔfoɔ!Mmaa a wɔnsɛ hwee koraa tumi sua mo akwan.

ASCB: 34ASCB

Mo aduradeɛ mu, nnipa hunuahiafoɔ a wɔdi bem mogya,nanso moankyere wɔn sɛ wɔrebubu akɔ mo dan mu.Yeinom nyinaa akyi

ASCB: 35ASCB

woka sɛ, ‘Medi bem;ne bo mfuu me.’Nanso mɛbu wo atɛnɛfiri sɛ wo ka sɛ, ‘Menyɛɛ bɔne biara.’

ASCB: 36ASCB

Adɛn enti na wokyinkyini se,sesa wʼakwan?Misraim bɛdi wo hwammɔsɛdeɛ Asiria yɛeɛ no.

ASCB: 37ASCB

Afei wobɛfiri saa beaeɛ hɔa wo nsa gu wo tiri so.Ɛfiri sɛ Awurade apo wɔn a wode wo ho too wɔn so no;wɔremmoa wo.