Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Yeremia Nwoma 1

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Yeremia Nwoma 1 Bible text

ASCB: 1ASCB

Nsɛm a ɛfiri Yeremia nkyɛn nie. Yeremia yɛ Hilkia babarima a na ɔyɛ Anatot asɔfoɔ no mu baako wɔ Benyamin asase so.

ASCB: 2ASCB

Awurade asɛm baa ne nkyɛn wɔ Yosia a ɔyɛ Yuda ɔhene Amon babarima adedie afe a ɛtɔ so dumiɛnsa mu.

ASCB: 3ASCB

Ɛtoaa so wɔ Yuda ɔhene Yosia babarima Yehoiakim ɛberɛ so kɔsii Yuda ɔhene Yosia babarima Sedekia ɛberɛ so a nnipa a wɔte Yerusalem kɔɔ nkoasom mu wɔ adedie afe a ɛtɔ so dubaako no bosome a ɛtɔ so enum.

ASCB: 4ASCB

Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ,

ASCB: 5ASCB

“Ansa na merebɔ wo wɔ awotwaa mu no, na menim wo;ansa na wɔrebɛwo wo no, meyii wo sii nkyɛn;meyɛɛ wo sɛ odiyifoɔ maa aman no.”

ASCB: 6ASCB

Mekaa sɛ, “Aa, Otumfoɔ Awurade mennim kasa; meyɛ abɔfra.”

ASCB: 7ASCB

Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Nka sɛ ‘meyɛ abɔfra.’ Ɛsɛ sɛ wokɔ obiara a mɛsoma wo ne nkyɛn na woka asɛm biara a mɛhyɛ wo sɛ ka no.

ASCB: 8ASCB

Nsuro wɔn, ɛfiri sɛ meka wo ho, na magye wo,” deɛ Awurade seɛ nie.

ASCB: 9ASCB

Na Awurade tenee ne nsa de kaa mʼano na ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Seesei mede me nsɛm ahyɛ wʼanomu.

ASCB: 10ASCB

Hwɛ, ɛnnɛ mede wo asi aman ne ahennie so sɛ, tutu na dwiri gu, sɛe na tu gu, kyekyere na dua.”

ASCB: 11ASCB

Na Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, “Ɛdeɛn na wohunu yi, Yeremia?”Na mebuaa sɛ, “Mehunu sorɔno dubaa.”

ASCB: 12ASCB

Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Wahunu no yie, na merehwɛ anim sɛ mʼasɛm bɛba mu.”

ASCB: 13ASCB

Awurade asɛm baa me nkyɛn bio sɛ, “Ɛdeɛn na wohunu yi?”Mebuaa sɛ, “Mehunu ɛsɛn a ɛrehuru sɛ ano rekyea akyerɛ yɛn firi atifi fam.”

ASCB: 14ASCB

Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Wɔbɛfiri atifi fam de amanehunu aba wɔn a wɔte asase no so nyinaa so.

ASCB: 15ASCB

Merebɛfrɛ atifi ahennie mu nnipa nyinaa,” deɛ Awurade seɛ nie.“Wɔn ahemfo de wɔn ahennwa bɛbaabɛsisi Yerusalem kuropɔn apono ano;wɔbɛto ahyɛ nʼafasuo a atwa ahyiane Yuda nkuro nyinaa so.

ASCB: 16ASCB

Mɛbu me nkurɔfoɔ atɛnwɔ wɔn amumuyɛ sɛ wɔagya me,sɛ wɔhye nnuhwam ma anyame foforɔna wɔkoto sɔre deɛ wɔde wɔn nsa ayɛ.

ASCB: 17ASCB

“Siesie wo ho! Sɔre na ka deɛ mɛka akyerɛ wo biara kyerɛ wɔn. Mma wɔmmmɔ wo hu, anyɛ saa a mɛma woabɔ hu wɔ wɔn anim.

ASCB: 18ASCB

Ɛnnɛ, mayɛ wo kuropɔn a ɛwɔ banbɔ, dadeɛ dum ne kɔbere ɔfasuo sɛ wobɛsɔre atia asase no nyinaa, Yuda ahemfo, nʼadwumayɛfoɔ, asɔfoɔ ne nnipa a wɔwɔ asase no so.

ASCB: 19ASCB

Wɔbɛko atia wo nanso wɔrentumi nni wo so nkonim, ɛfiri sɛ meka wo ho, na mɛgye wo,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.