Scripture
Odiyifoɔ Yeremia Nwoma 18
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifoɔ Yeremia Nwoma 18 Bible text
Nanso kukuo a na ɔde dɔteɛ no reyɛ ho adwuma no sɛeɛ wɔ ne nsa mu; ɛno enti ɔnwomfoɔ no yɛɛ kukuo foforɔ, sɛdeɛ ɛyɛ pa ara ma no.
“Ao, Israel fiefoɔ, merentumi nyɛ mo sɛdeɛ ɔnwomfoɔ yi yɛ anaa?” Awurade na ɔseɛ. “Sɛdeɛ dɔteɛ teɛ wɔ ɔnwomfoɔ nsa mu no, saa ara na moteɛ wɔ me nsa mu, Ao Israel fiefoɔ.
na sɛ ɔman a mebɔɔ no kɔkɔ no sakra firi ne bɔne ho a, mɛsesa mʼadwene na meremfa amanehunu a mesusuiɛ sɛ me de bɛba wɔn so mma bio.
na sɛ ɔyɛ bɔne wɔ mʼani so na wanyɛ ɔsetie amma me a, ɛnneɛ mesane adwene papa a mepɛɛ sɛ meyɛ noɔ no ho.
“Na afei ka kyerɛ Yudafoɔ ne wɔn a wɔtete Yerusalem sɛ, ‘Yei ne deɛ Awurade seɛ: Hwɛ! Mede amanehunu reba mo so, na mereyɛ nhyehyɛeɛ a ɛtia mo. Ɛno enti mo mu biara nnane mfiri nʼakwammɔne so na monsiesie mo akwan ne mo nneyɛɛ.’
Nanso wɔbɛbua sɛ, ‘Ɛho nni mfasoɔ. Yɛbɛkɔ so adi yɛn ara yɛn nhyehyɛeɛ so; yɛn mu biara bɛyɛ asoɔden a ɛfiri nʼakoma bɔne mu.’ ”
Ɛno enti deɛ Awurade seɛ nie,“Mommisa wɔ amanaman no mu sɛ,hwan na wate biribi sɛi pɛn?Ɔbaabunu Israel ayɛadeɛ bi a ɛyɛ hu yie.
Sukyerɛmma a ɛwɔ Lebanonnane firi nsaneɛ mu abotan no so anaa?Nsuo wiridudu a nʼatifi wɔ akyirikyirigyae sene anaa?
Nanso, me nkurɔfoɔ werɛ afiri me.Wɔhye nnuhwam ma ahoni huhuo,a ɛma wɔn suntisunti wɔ wɔn akwan sone tete atempɔn so.Wɔma wɔfa akwan nkyɛnne akwan a wɔmmɔeɛ so.
Wɔn asase bɛda mpan,na ayɛ adeɛ a wɔbɛbu no animtia daa;wɔn a wɔtwam hɔ no ho bɛdwiri wɔnna wɔbɛwosowoso wɔn ti.
Mɛbɔ wɔn ahwete wɔ wɔn atamfoɔ animte sɛ deɛ apueeɛ mframa yɛ no.Mɛdane mʼakyi akyerɛ wɔn, na ɛnyɛ mʼanim,wɔ wɔn amanehunu da no.”
Wɔkaa sɛ, “Mommra mma yɛmfa adwene ntia Yeremia; yɛremma asɔfoɔ no anaa anyansafoɔ no anaa adiyifoɔ no nkyerɛkyerɛ no nyera. Mommra na yɛntu yɛn ano ngu ne so a yɛnntie deɛ ɔbɛka biara.”
Ɛsɛ sɛ wɔde bɔne tua papa so ka anaa?Nanso wɔatu amena ama me.Kae sɛ megyinaa wʼanimna mekasa maa wɔnsɛdeɛ wobɛyi wʼabufuhyeɛ afiri wɔn so.
Ɛno enti, ma ɛkɔm nne wɔn mma;yi wɔn ma akofena.Ma wɔn yerenom nyɛ abonini ne akunafoɔ;ma wɔnkunkum wɔn mmarimana wɔmfa akofena nkunkum wɔn mmeranteɛ wɔ ɔko mu.
Ma wɔnte osu wɔ wɔn afie muɛberɛ a atamfoɔ atu wɔn so sa mpofirim,ɛfiri sɛ, wɔatu amena ama me,na wɔasumsum me nan mfidie.
Nanso wonim Ao, Awurade,ɛpɔ a wɔabɔ nyinaa sɛ wɔbɛkum me.Mfa wɔn nsɛmmɔne nkyɛ wɔn,na nyi wʼani mfiri wɔn bɔne so.Ma wɔnni nkoguo wɔ wʼanim;na wo ne wɔn nni wɔ wʼabofuo mu.