Scripture
Odiyifoɔ Yeremia Nwoma 17
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifoɔ Yeremia Nwoma 17 Bible text
“Wɔde dadeɛ twerɛdua akrukyire Yuda bɔne,dadeɛ twerɛdua a ano te sɛ twerɛboɔ,wɔ wɔn akoma apono sone wɔn afɔrebukyia mmɛn so.
Mpo, wɔn mma kaewɔn afɔrebukyia ne Asera afɔrebukyiaa ɛwɔ nnua a adendan no nkyɛnne nkokoɔ atentene no so.
Me mmepɔ a ɛwɔ asase no sone mo ahonyadeɛ ne mo akoradeɛ nyinaa,mede bɛma sɛ afodeɛ,ɛne mo sorɔnsorɔmmea nso,ɛsiane mo ɔman no so bɔne enti.
Mo ankasa mfomsoɔ enti, mobɛhwereagyapadeɛ a mede maa mo no.Mede mo bɛyɛ nkoa ama mo atamfoɔwɔ asase a monnim soɔ so,ɛfiri sɛ moahwanyane mʼabufuo,na ɛbɛtena hɔ daa.”
Sei na Awurade seɛ,“Nnome nka deɛ ɔde ne ho to onipa so,deɛ ɔde ne ho to ɔhonam so pɛ nʼahoɔdenna nʼakoma dane firi Awurade ho.
Ɔbɛyɛ sɛ wira a ɛwɔ nsase tamaa so;sɛ yiedie ba a, ɔrenhunu,ɔbɛtena anweatam a awoɔ so,ne nkyene asase a obi nte soɔ so.
Ɔbɛyɛ sɛ dua a wɔadua no nsuo hona ne nhini tene kɔ nsuo no mu.Sɛ ahuhuro ba a, ɔnsuro;ne nhahan yɛ frɔmm mmerɛ nyinaa.Ɔnni ɔhaw biara wɔ afe a osuo ntɔ muna ɛkɔ so so aba daa.”
“Me Awurade, mepɛɛpɛɛ akoma muna mehwehwɛ adwene mu,gyina so de tua onipa ka sɛdeɛ nʼabrabɔ teɛ.”
Sɛdeɛ akokɔhwedeɛ a ɔhwane nkosua a ɛnyɛ ɔno na ɔtoeɛ no,saa ara na onipa a ɔnya sika a ɔmfa ɛkwan pa so teɛ.Sɛ wɔbu ne nkwa nna mu mmienu a wɔbɛgya no mu,na awieeɛ no, ne kwasea bɛda adi.
Ao, Awurade, Israel anidasoɔ,wɔn a wɔpa wʼakyi nyinaa ani bɛwu.Wɔn a wɔtwe wɔn ho firi wo ho no, wɔbɛsie wɔnɛfiri sɛ wɔagya Awuradea ɔyɛ nkwa asutire.
Sa me yadeɛ Ao, Awurade, na me ho bɛtɔ me;gye me na mɛnya nkwa,na wo ne ɔbaako a mekamfo wo.
Mennwane mfirii mʼadwuma sɛ wo dwanhwɛfoɔ;wonim sɛ mempɛɛ abasamutuo da.Deɛ ɛfiri mʼanom yɛ pefee wɔ wʼanim.
Ma wɔn a wɔtaa me anim nguase,na yi me firi ahohora mu.Ma wɔn mmɔ hu,nanso mma me bo ntu.Ma amanehunu da no mmra wɔn so;fa ɔhawprenu sɛe wɔn.
Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛɛ me, “Kɔ na kɔgyina nnipa no ɛpono a Yuda ahemfo di hɔ ahyɛnfirie no; kɔgyina Yerusalem apono a aka no nso ano.
Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Montie Awurade asɛm, Ao Yuda ahemfo ne Yudafoɔ nyinaa ne wɔn a wɔtete Yerusalem a wɔfa saa apono yi mu.
Yei ne deɛ Awurade seɛ: Monhwɛ yie na moansoa nnesoa Homeda anaa moamfa amfa Yerusalem apono mu.
Monnsoa adesoa mfiri mo afie mu na monnyɛ adwuma biara Homeda, na mmom monyɛ Homeda no kronkron, sɛdeɛ mehyɛɛ mo agyanom no.
Nanso sɛ mohwɛ yie na moyɛ ɔsetie ma me a, na moamfa nnesoa amfa saa kuropɔn yi apono mu Homeda, na sɛ moyɛ Homeda no kronkron a monnyɛ adwuma biara a,
ɛnneɛ ahemfo a wɔte Dawid ahennwa so ne wɔn adwumayɛfoɔ bɛfa saa apono yi mu. Wɔn nyinaa bɛba a wɔtete nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so, a Yuda mmarima ne wɔn a wɔtete Yerusalem ka ho, na nnipa bɛtena kuropɔn yi mu daa nyinaa.
Nnipa bɛfiri Yuda nkuro ne nkuraase a atwa Yerusalem ho ahyia no aba. Wɔbɛfiri Benyamin asase ne atɔeɛ fam nkokoɔ so. Wɔbɛfiri mmepɔ mantam ne Negeb aba a wɔde ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ne afɔrebɔ, aduane afɔrebɔdeɛ, nnuhwam ne aseda afɔrebɔdeɛ reba Awurade efie.
Nanso, sɛ moanyɛ ɔsetie amma me, anyɛ Homeda no kronkron, na sɛ mosoa adesoa biara fa Yerusalem apono mu Homeda a, ɛnneɛ mɛsɔ ogya a ɛrennum da wɔ Yerusalem apono mu na abɛhye nʼaban hodoɔ’, sei na Awurade seɛ.”