Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Yeremia Nwoma 15

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Yeremia Nwoma 15 Bible text

ASCB: 1ASCB

Afei, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Sɛ mpo, Mose ne Samuel bɛgyinaa mʼanim a, mʼakoma rentɔ nkɔ saa nnipa yi so. Ma wɔmfiri mʼani so! Ma wɔnkɔ!

ASCB: 2ASCB

Na sɛ wɔbisa wo sɛ, ‘Ɛhe na yɛnkorɔ’ a, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sei na Awurade seɛ:“ ‘Wɔn a wɔahyɛ owuo ama wɔn no bɛkɔ owuom;wɔn a wɔahyɛ akofena ama wɔn no bɛtotɔ akofena ano;wɔn a wɔahyɛ ɛkɔm ama wɔn no, ɛkɔm bɛde wɔn;wɔn a wɔahyɛ nnommumfa ama wɔn no bɛkɔ nnommumfa mu.’

ASCB: 3ASCB

“Mede adesɛefoɔ ahodoɔ ɛnan bɛba wɔn so,” Awurade na ɔseɛ: “akofena a ɛbɛkum wɔn, nkraman a ɛbɛtwe wɔn ase akɔ, ewiem nnomaa ne asase so mmoa a wɔbɛtete wɔn nam asɛe wɔn.

ASCB: 4ASCB

Mɛma wɔn ayɛ akyiwadeɛ ama asase so ahennie nyinaa ɛsiane deɛ Yudahene Hesekia babarima Manase yɛɛ wɔ Yerusalem enti.

ASCB: 5ASCB

“Hwan na ɔbɛhunu wo mmɔbɔ, Ao Yerusalem?Hwan na ɔbɛgyam wo?Hwan na ɔbɛgyina abisa sɛdeɛ wo ho teɛ?

ASCB: 6ASCB

Woapo me,” Awurade na ɔseɛ.“Wogu akyirisane so ara.Ɛno enti mɛtene me nsa wɔ wo so na masɛe wo.Me yam renhyehye me mma wo bio.

ASCB: 7ASCB

Mede huhusoɔ apaawa bɛhuhu wɔn sowɔ asase no kuropɔn apono ano.Mede owuo ne adesɛeɛ bɛba me nkurɔfoɔ so,ɛfiri sɛ wɔnsesaa wɔn akwan.

ASCB: 8ASCB

Mɛma wɔn akunafoɔ adɔɔsoasene mpoano anwea.Mede ɔsɛefoɔ bɛba owigyinaeɛabɛtia wɔn mmeranteɛ maamenom;mpofirim medeɔyea ne ehu bɛba wɔn so.

ASCB: 9ASCB

Ɔbaatan a wawo nson bɛtɔ baha,na wagyae mu.Nʼawia bɛtɔ ɛberɛ a adeɛ nsaeɛ;wɔbɛgu nʼanim ase abrɛ no ase.Mede nkaeɛfoɔ no bɛma akofenawɔ wɔn atamfoɔ anim,” Awurade na ɔseɛ.

ASCB: 10ASCB

Ao, me maame a wowoo me,anka mewuiɛ a, anka ɛyɛ.Asase sofoɔ nyinaa ne me ham, di apereapereɛ!Memfɛm obi adeɛ, na memmɔɔ obi hɔ bosea,nanso obiara dome me.

ASCB: 11ASCB

Awurade kaa sɛ,“Nokorɛm mɛgye wo ama botaeɛ pa bi;ampa ara mɛma wʼatamfoɔ apa wo kyɛwwɔ amanehunu ne ahohia mmerɛ mu.

ASCB: 12ASCB

“Onipa bɛtumi abu dadeɛ mudadeɛ a ɛfiri atifi fam, anaa kɔbere?

ASCB: 13ASCB

“Mede mo ahodeɛ ne mo akoradeɛbɛma sɛ wɔmfom a wɔrentua ka,ɛsiane mo nnebɔne nyinaawɔ mo ɔman no mu enti.

ASCB: 14ASCB

Mede mo bɛyɛ nkoa ama mo atamfoɔwɔ ɔman a monnim soɔ so,mʼabufuo bɛma ogya adɛrena ɛbɛhye mo.”

ASCB: 15ASCB

Wote aseɛ, Ao Awurade;kae me na hwɛ me so.Tɔ wɔn a wɔtaa me so awere.Wowɔ abodwokyerɛ, mma me nwu;hwɛ sɛdeɛ wo enti wɔbɔ me ahohora.

ASCB: 16ASCB

Wo nsɛm baeɛ no, mediiɛ;ɛyɛɛ mʼahosɛpɛ ne mʼakoma apɛdeɛ,na wo din da me so,Ao, Asafo Awurade Onyankopɔn.

ASCB: 17ASCB

Mantena wɔn a wɔgye wɔn ani fekuo mu.Me ne wɔn annye wɔn ani;metee me ho tenaeɛ, ɛfiri sɛ wo nsa daa me sona wʼabofuo hyɛɛ me ma.

ASCB: 18ASCB

Adɛn enti na me yea to ntwa dana mʼapirakuro ayɛ nkudaa a ano yɛ den?Wopɛ sɛ woyɛ sɛ nnaadaa asuwa ma me,sɛ asutire a ɛweɛ anaa?

ASCB: 19ASCB

Enti sei na Awurade seɛ,“Sɛ wosakyera wʼadwene a, mɛgye wo ato mu biona wasom me;sɛ nsɛm a ɛdi mu firi wʼanomu, na ɛnyɛ nsɛm huhuo a,wobɛyɛ me kasamafoɔ.Ma saa nnipa yi nnane mmra wo nkyɛn,na wo deɛ ɛnsɛ sɛ wodane kɔ wɔn nkyɛn.

ASCB: 20ASCB

Mede wo bɛyɛ ɔfasuo ama saa nnipa yi,banbɔ ɔfasuo a wɔde kɔbere ato;wɔ ne wo bɛdi asienanso wɔrenni wɔ so nkonim,ɛfiri sɛ me ne wo wɔ hɔsɛ mɛyi wo na magye wo nkwa,” Awurade, na ɔseɛ.

ASCB: 21ASCB

“Mɛgye wo nkwa afiri amumuyɛfoɔ nsamna mayi wo afiri atirimuɔdenfoɔ nsam.”