Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Yeremia Nwoma 14

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Yeremia Nwoma 14 Bible text

ASCB: 1ASCB

Yei ne Awurade asɛm a ɔde maa Yeremia a ɛfa nsuweɛ ho:

ASCB: 2ASCB

“Yuda di awerɛhoɔne nkuropɔn hunu amane.Wɔbɔ asase no ho abubuo,na wɔsu wɔ Yerusalem.

ASCB: 3ASCB

Mmapɔmma soma wɔn asomfoɔ ma wɔkɔpɛ nsuo;wɔkɔhwɛ ankorɛ munanso wɔnnya nsuo.Wɔde wɔn nsuhina sane ba a hwee nni mu;wɔkatakata wɔn tiri sowɔ abotuo ne abasamutuo mu.

ASCB: 4ASCB

Asase no apaapaeɛfiri sɛ osuo ntɔ wɔ asase no so;akuafoɔ no bo atuna wɔkata wɔn tiri so.

ASCB: 5ASCB

Mpo ɔforotebereɛ a ɔwɔ ɛserɛ sogya ne ba a wawo no foforɔɛfiri sɛ ɛserɛ biara nni hɔ.

ASCB: 6ASCB

Ɛsrɛ so mfunumu gyinagyina nkokoɔ wesee no sohome sɛ sakraman;wɔkenakena wɔn ani hwehwɛ adidibeananso wɔnhunu bi.”

ASCB: 7ASCB

Ɛwom sɛ yɛn amumuyɛ di adanseɛ tia yɛn deɛ,nanso Ao Awurade, wo din enti yɛ ho biribi.Yɛn akyirisane dɔɔso;na yɛayɛ bɔne atia wo.

ASCB: 8ASCB

Ao, Israel Anidasoɔ,yɛn Agyenkwa wɔ amanehunu mmerɛ mu,adɛn enti na woayɛ sɛ ɔhɔhoɔ wɔ asase no so,te sɛ ɔkwantuni a ɔsoɛ anadwo pɛ?

ASCB: 9ASCB

Adɛn enti na woayɛ sɛ obi a adeɛ afu ne mu yi,te sɛ ɔkofoɔ a ɔnni ahoɔden a ɔde boa?Wowɔ yɛn ntam, Ao Awuradena wo din da yɛn so;nnya yɛn mu!

ASCB: 10ASCB

Yei ne deɛ Awurade ka fa saa nnipa yi ho:“Wɔn ani gye akyinkyinakyinkyini ho bebree;wɔmma wɔn nan nhome.Ɛno enti Awurade nnye wɔn nto mu;afei ɔbɛkae wɔn amumuyɛsɛm nona watwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho.”

ASCB: 11ASCB

Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Mmɔ yieyɛ ho mpaeɛ mma saa nnipa yi.

ASCB: 12ASCB

Mmom ɛwom sɛ wɔdi mmuada deɛ, nso merentie wɔn sufrɛ; ɛwom sɛ wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ deɛ, nso merennye. Mmom, mede akofena ɛkɔm ne ɔyaredɔm bɛsɛe wɔn.”

ASCB: 13ASCB

Nanso mekaa sɛ, “Ao, Otumfoɔ Awurade, adiyifoɔ no ka kyerɛ wɔn daa sɛ, ‘Monnhunu akofena na ɛkɔm remma. Nokorɛm mema mo asomdwoeɛ a ɛbɛtena hɔ daa wɔ ha.’ ”

ASCB: 14ASCB

Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Adiyifoɔ no hyɛ nkɔmtorɔ wɔ me din mu. Mensomaa wɔn mennyii wɔn, na menkasa nkyerɛɛ wɔn. Wɔrehyɛ nkɔm afa atorɔ anisoadehunu, nsumansɛm, abosonsom ne wɔn ankasa nnaadaa adwene ho.

ASCB: 15ASCB

Ɛno enti, deɛ Awurade ka fa adiyifoɔ a wɔde me din hyɛ nkɔm no ho nie: mensomaa wɔn nanso wɔka sɛ, ‘Akofena biara anaa ɛkɔm biara remma asase yi so.’ Saa adiyifoɔ no ara bɛtotɔ akofena ano ne ɛkɔm mu.

ASCB: 16ASCB

Na nnipa a wɔhyɛ nkɔm kyerɛ wɔn no, wɔbɛtoto wɔn agu Yerusalem mmɔntene so ɛsiane ɛkɔm ne akofena enti. Wɔrenya obiara nsie wɔn, wɔn yerenom, wɔn mmammarima anaa wɔn mmammaa. Mɛma amanehunu a ɛfata wɔn aba wɔn so.

ASCB: 17ASCB

“Ka saa asɛm yi kyerɛ wɔn:“ ‘ma nisuo nnware me anadwo ne awiaa ɛtoɔ ntwa daɛfiri sɛ me babaa bunu, me nkurɔfoɔanya apirakuro a ɛyɛ huna ɛyɛ ahodwirie mmorosoɔ.

ASCB: 18ASCB

Sɛ mekɔ ɔman no mu a,mehunu nnipa a wɔatotɔ akofena ano;sɛ mekɔ kuropɔn no mu amehunu ɛkɔm nsunsuansoɔ.Odiyifoɔ ne ɔsɔfoɔ nyinaakɔ asase a wɔnnim so so.’ ”

ASCB: 19ASCB

Woapo Yuda kora anaa?Wokyi Sion anaa?Adɛn enti na wode ɔhaw aba yɛn sona yɛnnya ayaresa?Yɛn ani daa asomdwoeɛ so,nanso ade papa biara mmaeɛ,yɛn ani daa ayaresaberɛ sonanso ehubɔ na ɛbaeɛ.

ASCB: 20ASCB

Ao, Awurade, yɛagye yɛn amumuyɛ ato mune yɛn agyanom afɔdie;nokorɛm yɛayɛ bɔne atia wo.

ASCB: 21ASCB

Na wo din enti mmu yɛn animtia;nhura wʼanimuonyam ahennwa no ho.Kae wo ne yɛn apam nona mmu so.

ASCB: 22ASCB

Na amanaman ahoni ahuhuo no mu bi ma osuo tɔ anaa?Anaasɛ ewiem bɛtumi ama obosuo apete?Dabi, ɛyɛ wo, Ao Awurade yɛn Onyankopɔn.Enti wo so na yɛn ani da,yɛretwɛn mmoa afiri wo hɔ.