Scripture
Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 65
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 65 Bible text
“Medaa me ho adi kyerɛɛ wɔn a wɔammisa mʼase;wɔn a wɔnhwehwɛ me no hunuu me.Ɔman a wɔnnsu mfrɛ me noMeka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Me nie, Me nie.’
Ɛda mu nyinaa, matrɛ me nsa mu amannipa a wɔyɛ asoɔden ne nyiyiano,a wɔnenam akwammɔne so,na wɔdi wɔn ankasa nsusuiɛ akyi.
Nnipa a daa no wɔyi me ahiwɔ mʼanim pɛɛ.Wɔbɔ afɔdeɛ wɔ nturo muna wɔhye nnuhwam wɔ ntayaa afɔrebukyia so;
Wɔtenana adamena sona anadwo wɔsiri pɛ nkokoam;wɔwe prakonamna wɔn nkwansɛn mu nso, wɔayɛ nkwan a wɔde ɛnam a ɛho nteɛ ayɛ;
wɔka sɛ, ‘Momfiri ha; mo mmɛn me,ɛfiri sɛ me ho te dodo ma mo!’Saa nnipa yi yɛ wisie wɔ me hwene mu,ogya a ɛkɔ so hyeɛ da mu nyinaa.
“Hwɛ, wɔatwerɛ ato hɔ wɔ mʼanim sɛ,merennyɛ komm, mɛtua so ka pɛpɛɛpɛ;mɛtua so ka agu wɔn asrɛ so,
mo ne mo agyanom bɔne nti,”sei na Awurade seɛ.“Esiane sɛ wɔhyee afɔrebɔdeɛ wɔ mmepɔ sona wɔtwirii me wɔ nkokoɔ so entimɛsusu bɔne a wɔyɛɛ kane no so akatua pɛpɛɛpɛagu wɔn asrɛ so.”
Yei ne deɛ Awurade seɛ:“Sɛdeɛ wɔnya nsuo firi bobe dontwo muna nnipa ka sɛ, ‘Monnsɛe no,ɛfiri sɛ adepa bi da so wɔ mu’ nosaa ara na mʼasomfoɔ no enti mɛyɛ.Merensɛe wɔn nyinaa.
Mede Yakob asefoɔ bɛba,na me mmepɔ no sodifoɔ afiri Yuda aba;me nkurɔfoɔ a mapa wɔn no bɛdi wɔn adeɛ,na ɛhɔ na mʼasomfoɔ bɛtena.
Saron bɛyɛ nnwankuo adidibea,na Akɔr bɔnhwa no ayɛ anantwikuo homebea,ama me nkurɔfoɔ a wɔhwehwɛ me.
“Na mo a mogya Awuradena mo werɛ firi ne bepɔ kronkron no,mo a moto ɛpono ma Ahonya bosom nona mohyɛ afransa wɔ nkuruwa mu ma Nkrabea bosom no,
mede mo bɛto akofena ano,na mo nyinaa akoto ama wɔakum mo;ɛfiri sɛ mefrɛeɛ nanso moannye so,mekasaeɛ nanso moantie.Moyɛɛ deɛ ɛyɛ mʼani so bɔnena moyɛɛ deɛ mempɛ.”
Enti yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:“Mʼasomfoɔ bɛdidi,nanso ɛkɔm bɛde wɔn,mʼasomfoɔ bɛnom,nanso osukɔm bɛde wɔn;mʼasomfoɔ ani bɛgye,nanso wɔn anim bɛgu ase.
Mʼasomfoɔ bɛto nnwomafiri akoma mu anigyeɛ muna wɔbɛteam asuafiri wɔn akoma ahoyera muna wɔbɛtwa adwo afiri honhom a ayɛ mmrɛ mu.
Mo din bɛyɛ mmusuoama wɔn a mapa wɔn;Otumfoɔ Awurade bɛkum mona nʼasomfoɔ deɛ, ɔbɛma wɔn edin foforɔ.
Obiara a ɔsrɛ nhyira wɔ asase no sobɛyɛ wɔ nokorɛ Onyankopɔn mu;obiara a ɔka ntam wɔ asase no sobɛka no wɔ nokorɛ Onyankopɔn mu.Na ɔhaw a atwam no, wɔn werɛ bɛfirina me nso, me werɛ bɛfiri.
“Hwɛ! Mɛbɔɔsorosoro foforɔ ne asase foforɔ.Wɔrenkae nneɛma a atwam no bio,na ɛremma adwene mu nso.
Nanso momma mo ani nnye na monni ahurisie afebɔɔwɔ deɛ merebɛbɔ ho,ɛfiri sɛ mɛbɔ Yerusalem ama ayɛ anikana emu nnipa ayɛ anigyeɛ farebae.
Mɛsɛpɛ me ho wɔ Yerusalem mu,na madi ahurisie wɔ me nkurɔfoɔ ho.Na wɔrente agyaadwoɔ ne osu nnyegyeeɛwɔ mu bio.
“Ɛrensi bio wɔ mu.Abɔfra a ne nkwa nna yɛ kakraa bi,anaa akɔkoraa a ɔnni ne mfeɛ nwieeɛ,deɛ ɔdi mfeɛ ɔha na ɔwu nowɔbɛfa no sɛ ɔbabunu bi kɛkɛ;na deɛ wannya mfeɛ ɔha nowɔbɛfa no sɛ wɔadome no.
Wɔrensisi afie mma afoforɔ mmɛtena mu bio,na wɔrennua mma afoforɔ mmɛdi.Na nna a nnua di no,saa ara na me nkurɔfoɔ nna bɛyɛ;me nkurɔfoɔ a mapa wɔn no bɛdiwɔn nsa ano adwuma so aba akyɛre.
Wɔremmrɛ nnwuna wɔrenwo mma a wɔn hyɛberɛ nnyɛ;ɛfiri sɛ wɔbɛyɛ nnipa a Awurade ahyira wɔn,wɔne wɔn asefoɔ.
Pataku ne odwammaa bɛdidi abɔ mu;gyata bɛwe ɛserɛ sɛ ɔnantwie,nanso mfuturo bɛyɛ ɔwɔ aduane.Wɔrempira obi anaa wɔrensɛe obiwɔ me bepɔ kronkron so nyinaa,”sɛdeɛ Awurade seɛ nie.